[1] Na nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakob ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so wɔ fa baabi.
[2] Na ɔsakrae wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntade yɛɛ fitaa sɛ hann.
[3] Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasae.
[4] Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, eye sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese abiɛsa wɔ ha, wo de biako, Mose de biako, na Elia de biako.
[5] Na ogu so kasa no, hwɛ, omununkum hyerɛnhyerɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!
[6] Na asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, na wosuroe yiye.
[7] Na Yesu bae besusoo wɔn mu sɛ: Monsɔre, na munnsuro!
[8] Na wɔmomaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara gye Yesu nko ara.
[9] Na wofi bepɔw no so resian no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka ade a moahu yi nnkyerɛ obiara kosi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afi awufo mu.
[10] Na asuafo no bisaa no sɛ: Adɛn nti na kyerɛwfo no ka sɛ ɛsɛ sɛ Elia ba ansa?
[11] Na Yesu bua see wɔn sɛ: Elia ba na wabɛsiesie nneɛma nyinaa de,
[12] nanso mise mo sɛ: Elia aba dedaw, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no nea wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebehu amane wɔn nsam.
[13] Ɛnna asuafo no tee ase sɛ Yohane suboni ho asɛm na ɔreka wɔn.
[14] Na woduu nkurɔfokuw no nkyɛn no, onipa bi baa ne nkyɛn bɛkotow no kae se:
[15] Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na otwa, na ɔrehu amane pii; ɔtaa tɔ ogya mu, na ɔtaa tɔ nsu mu.
[16] Na mede no mebrɛɛ w’asuafo no, nanso wɔantumi ansa no yare.
[17] Na Yesu kae sɛ: O nnɛ mma a wonni gyidi na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha!
[18] Na Yesu teɛteɛɛ no, na honhommɔne no fii ne mu, na efi dɔn no ara mu na abofra no yare no gyaee.
[19] Ɛnna asuafo no baa Yesu nkyɛn ɔfa baabi, na wɔkae sɛ: Adɛn nti na yɛantumi antu no?
[20] Na osee wɔn sɛ: Efisɛ mo gyidi sua; na nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Twiw fi ha kɔ noho, na ebetwiw, na biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.
[21] (Nanso saa ade yi ban de, entumi ntu, gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.)
[22] Na wɔrekyinkyin Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebeyi Onipa Ba no akɔhyɛ nnipa nsa,
[23] na wɔakum no, na ne nnansa so no, obenyan. Na ɛyɛɛ wɔn awerɛhow pii.
[24] Na woduu Kapernaum no, wɔn a wogyigye dwetɛbona fa tow no baa Petro nkyɛn sɛ: Mo kyerɛkyerɛfo no ntua tow no anaa?
[25] Ose: Otua. Na ɔbaa ofie no, Yesu dii kan bisaa no sɛ: Simon, wudwen ho dɛn? Ɛhefo hɔ na asase so ahemfo gyigye aguade anaa ɔtow? Wɔn mma hɔ anaa ananafo hɔ?
[26] Na obuae sɛ: ananafo hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnne na mma no de wɔn ho.
[27] Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn hintidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kan no, wubue n’anom a, wubehu dwetɛbona wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne wo.