Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:08

[1] Na ofi bepɔw no so sianee no, nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi.

[2] Na hwɛ, ɔkwatani bi bae bɛkotow no kae sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.

[3] Na ɔteɛɛ ne nsa kaa no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no gyaee.

[4] Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, na kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na kɔma ayɛyɛde a Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.

[5] Na Yesu kɔhyɛn Kapernaum no, asraafo ha so panyin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no

[6] sɛ: Owura, m’abofra da fie yare mmubui rehu amane dodo.

[7] Na Yesu see no sɛ: Mɛba mabɛsa no yare.

[8] Na asraafo ha so panyin no buae sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase, na ka asɛm nko, na m’abofra no ho bɛyɛ no den.

[9] Na me nso meyɛ onipa a mewɔ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na mise oyi sɛ: Kɔ a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo bi sɛ: Bra a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi a, ɔyɛ.

[10] Na Yesu tee no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wodi n’akyi no sɛ: Nokware mise mo sɛ, Israel mu mpo minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ pɛn.

[11] Na mise mo sɛ, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidii ɔsoro ahenni mu;

[12] na ahenni mma no de, wɔbɛtow wɔn akogu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.

[13] Na Yesu see asraafo ha so panyin no sɛ: Kɔ, na sɛnea woagye adi no, ɛnyɛ mma wo! Na ɛdɔn no ara mu n’abofra no ho tɔɔ no.

[14] Na Yesu baa Petro fi no, obehuu n’asebea sɛ ɔda hɔ yare atiridii.

[15] Na osoo ne nsa, na atiridii no gyaa no, na ɔsɔre som no.

[16] Na eduu anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’anom asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare.

[17] Na nea odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw, na ɔsoaa yɛn nyarewa.

[18] Na Yesu huu nkurɔfo akuwakuw pii wɔ ne ho no, ɔhyɛe sɛ wɔbɛkɔ asuogya noho.

[19] Na ɔkyerɛwfo bi bae bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi.

[20] Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.

[21] Na asuafo no mu ɔfoforo bi see no sɛ: Awurade, ma me kwan na minkosie m’agya ansa.

[22] Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufo nsie wɔn awufo!

[23] Na ɔtenaa ɔkorow no mu no, n’asuafo no dii n’akyi.

[24] Na hwɛ, ahum kɛse bi tui ɛpo no so, na ɛmaa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so; na ɔno de, na wada.

[25] Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera!

[26] Na osee wɔn sɛ: Mo a mo gyidi sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne ɛpo no, na ɛyɛɛ dinn.

[27] Na ɛyɛɛ nnipa no nwonwa, na wɔkae sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?

[28] Na oduu asuogya noho, Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn so fi aboda mu behyiaa no; wɔyɛ keka sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so.

[29] Na hwɛ, wɔteɛteɛɛm sɛ: Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ wobɛyɛ yɛn ayayade ansa na bere no adu anaa?

[30] Nanso na mprakokuw bi redidi akyirikyiri.

[31] Na ahonhommɔne no srɛɛ no sɛ: Sɛ wutu yɛn a, ma yɛn kwan na yɛnkɔ mprakokuw yi mu.

[32] Na osee wɔn sɛ: Monkɔ! Na wofii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuw no nyinaa bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu po no mu wuwui nsu no mu.

[33] Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no guanguanee, na wɔkɔɔ kurow no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so no ho asɛm kyerɛe.

[34] Na hwɛ, kurom hɔfo no nyinaa fii adi sɛ wɔrebehyia Yesu; na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ omfi wɔn hye so hɔ nkɔ.

Asɛmpa No Sɛneɛ Mateo Kyerɛw Maeɛ — Chapters