Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:08

[1] Na wɔbɛn Yerusalem na woduu Betfage, Ngo Bepɔw ho no, Yesu somaa asuafo baanu,

[2] see wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na ntɛm ara mubehu afurum a wɔasa no ne ne ba; monsan wɔn mfa wɔn mmrɛ me!

[3] Na sɛ obi bisa mo a, monka sɛ: Wɔn ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode wɔn aba.

[4] Na eyi nyinaa sii, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ:

[5] Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, odwo, na ɔte afurum ne afurum a ɔsoa nnesoa ba so.

[6] Na asuafo no kɔe kɔyɛɛ sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn no,

[7] de afurum no ne ne ba no bae, na wɔde ntama guguu wɔn so, na ɔtenaa so.

[8] Na nkurɔfokuw no mu pii de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no mu, na ebinom nso twitwaa nnubaa, na wɔde sesɛw ɔkwan no mu.

[9] Na nkurɔfo akuwakuw a wodi kan ne wɔn a wodi akyiri no teɛɛm sɛ: Hosiana nka Dawid ba no, Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no, Hosiana wɔ ɔsorosoro noho!

[10] Na oduu Yerusalem no, kurow mu no nyinaa bɔɔ twi bisae sɛ: Ɛhena ni?

[11] Na nkurɔfo akuwakuw no se: Oyi ne Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no.

[12] Na Yesu kɔɔ asɔrefi, na ɔkɔpam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ fii asɔrefi hɔ, na ɔkaa sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua butuwii.

[13] Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi, na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon.

[14] Na anifuraefo ne mpakye baa ne nkyɛn asɔrefi hɔ, na ɔsaa wɔn yare.

[15] Na asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no huu anwonwade a ɔyɛe, ne mmofra a wɔteɛteɛm asɔrefi sɛ: Hosiana Dawid ba no, anyɛ wɔn abodwo,

[16] na wobisaa no sɛ: Wote nea eyinom se yi? Na Yesu see wɔn sɛ: Yiw. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu ano na woasiesie ayeyi, anaa?

[17] Na ogyaw wɔn fii kurow no mu kɔɔ Betania kɔtenaa hɔ.

[18] Na anɔpa a ɔresan aba kurow no mu no, ɔkɔm dee no.

[19] Na ohuu borɔdɔma bi ɔkwan so no, otwiw bɛn ho, na wanhu hwee wɔ so sɛ nhaban nko. Na osee no sɛ: Worensow aba bio ara da! Amonom hɔ ara na borɔdɔma nhaban no poe.

[20] Na asuafo no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔkae sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na amonom ha yi ara borɔdɔma nhaban yi apo yi?

[21] Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi na munnye akyinnye a, ɛnyɛ borɔdɔma de yi nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! Na ɛbɛyɛ.

[22] Na biribiara a mubebisa mpaebɔ mu na mugye di no, mubenya.

[23] Na oduu asɔrefi na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi, na hena na ɔmaa wo tumi yi?

[24] Na Yesu bua see wɔn sɛ: Me nso mebisa mo asɛm biako na sɛ moka kyerɛ me a, me nso mɛka tumi ko a mede meyɛ nneɛma yi makyerɛ mo:

[25] Yohane asubɔ no, efi he? Efi soro anaasɛ efi nnipa? Na wosusuwii wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ efi soro a, obese yɛn sɛ: Adɛn nti na moannye no anni?

[26] Na sɛ yɛka sɛ efi nnipa a, yesuro nkurɔfokuw no; efisɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.

[27] Na wobuaa Yesu sɛ: Yennim. Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ eyinom menkyerɛ mo.

[28] Na mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ nea odi kan no nkyɛn sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turom adwuma!

[29] Na ɔba no buae sɛ: Merenkɔ! Na akyiri yi, ɔsesaa n'adwene na ɔkɔe.

[30] Na ɔkɔɔ nea ɔka ho no nkyɛn kɔkaa saa ara kyerɛɛ no. Na obuae sɛ: Owura mɛkɔ, nanso wankɔ.

[31] Wɔn baanu yi mu hena na ɔyɛɛ nea n’agya pɛ? Na wose: Nea odi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, towgyefo ne nguamanfo redi mo anim akɔ Onyankopɔn ahenni mu.

[32] Na Yohane nam trenee kwan mu baa mo nkyɛn, na moannye no anni; na towgyefo ne nguamanfo na egyee no dii, na mo nso muhui no, moannu mo ho akyiri yi annye no anni.

[33] Muntie bɛ foforo! Ofiwura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ogyee ho ban hyiae, na otuu mu nsa-kyi-amoa, na ɔtoo abantenten, na ɔde hyɛɛ ahwɛsofo bi nsa, na ogyaw hɔ kɔɔ baabi.

[34] Na aduaba bere dui no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ ahwɛsofo no nkyɛn sɛ wonkogye n’aduaba mmra.

[35] Na ahwɛsofo no faa ne nkoa no, na wɔhwee bi, na wokum bi, na wosiw bi abo.

[36] Bio ɔsomaa nkoa foforo a wɔdɔɔso sen kan de no; nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara.

[37] Na akyiri no, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn se: Wɔbɛfɛre me ba.

[38] Nanso ahwɛsofo no huu ɔba no, wɔkekae wɔn mu sɛ: Oyi ne ɔdedifo no; mommra mma yenkum no, na n'agyapade no nyɛ yɛn de!

[39] Na wɔfaa no twee no fii bobe turom hɔ kokum no.

[40] Enti da a bobe turo wura no bɛba no, ɛdɛn na ɔbɛyɛ ahwɛsofo no?

[41] Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɛsɛe nnipa bɔne no pasaa, na ɔde bobe turo no ama ahwɛsofo foforo a wɔde aduaba bɛbrɛ no ne bere mu.

[42] Yesu see wɔn sɛ: Monkenkan kyerɛw nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ twea tibo; eyi fi Awurade, na ɛyɛ nwonwa yɛn ani so?

[43] Eyi nti mise mo sɛ: Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.

[44] Na nea ɔbɛhwe ɔbo yi so no, bebubu, na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no.

[45] Na asɔfo mpanyimfo ne Farisifo tee ne mmɛbu no, wohui sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka.

[46] Na wɔhwehwɛe sɛ wɔkyere no nanso, wosuroo nkurɔfo akuwakuw no, efisɛ wobuu no sɛ odiyifo.

Asɛmpa No Sɛneɛ Mateo Kyerɛw Maeɛ — Chapters