[1] Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn.
[2] Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo; na ade koro a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo.
[3] Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani so, na w’ankasa ani so mpuran de, wunhu?
[4] Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma minyi dua no mfi w’ani so, na hwɛ, mpuran wɔ w’ani so?
[5] Nyaatwomni! Yi mpuran no fi w’ani so kan, ɛno ansa na wubehu ade yiye ayi dua no afi wo nua ani so.
[6] Mommfa nea ɛyɛ kronkron mmma akraman, na monntow mo nhene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so na wɔannan ammɛtetew mo.
[7] Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo.
[8] Na obiara a obisa no, onya, na nea ɔhwehwɛ no, ohu, na nea ɔpem no, wohiɛ no.
[9] Anaasɛ mo mu nipa bɛn na ɔwɔ hɔ, na sɛ ne ba bisa no abodoo a, ɔbɛma no ɔbo?
[10] Anaasɛ obisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ?
[11] Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, mpɛn ahe na mo agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wobisa no?
[12] Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara; na eyi ne mmara ne adiyifo no.
[13] Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii.
[14] Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.
[15] Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.
[16] Wɔn aba na mode behu wɔn. Wɔtetew obobe wɔ nsɔe so, anaasɛ wɔtetew borɔdɔma wɔ hwerɛmo so?
[17] Saa ara na dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne.
[18] Dua pa ntumi nsow aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nsow aba pa.
[19] Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu.
[20] Enti wɔn aba, na mode behu wɔn.
[21] Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no.
[22] Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumide pii anaa?
[23] Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minnim mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!
[24] Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no mɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban ɔbotan so no ho.
[25] Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; efisɛ wɔtoo ne fapem ɔbotan so.
[26] Na obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anwea so no ho.
[27] Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ebui, na ebubui pasapasa.
[28] Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn,
[29] efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn Akyerɛwfo no.