[1] Ɛnna wɔde ɔsoro ahenni bɛto mmabaa du bi a wɔtasee wɔn akanea fii adi sɛ wɔrekohyia ayeforokunu no ho.
[2] Na wɔn mu baanum yɛ mmadwemma, na baanum nso nyɛ mmadwemma.
[3] Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no faa wɔn akanea no, wɔamfa ngo ankura;
[4] na mmadwemma no faa ngo guu ntoaa mu kaa wɔn akanea ho.
[5] Na ayeforokunu no kyɛe no, wɔn nyinaa ani kumii na wɔdedae.
[6] Na ɔdasu mu no, wɔtee nteɛm sɛ: Hwɛ, ayeforokunu ni oo! Mumfi nkohyia no!
[7] Ɛnna mmabaa no nyinaa sɔre kekaa wɔn akanea.
[8] Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ: Momma yɛn mo ngo no bi, na yɛn akanea redunnum.
[9] Na mmadwemma no buae sɛ: Dabi, ɛrenso yɛne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn no mmom nkyɛn nkɔtɔ mo de!
[10] Na wɔrekɔ akɔtɔ no, ayeforokunu no bae; na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforohyia no ase, na wɔtoo pon no mu.
[11] Na akyiri no, mmabaa a aka no nso bae bɛkae sɛ: Owura, owura, bue yɛn!
[12] Na obuae sɛ: Nokware mise mo sɛ, minnim mo.
[13] Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.)
[14] Na ɛte sɛ onipa bi a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ ɔno ara ne nkoa, na ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa.
[15] Na ɔmaa obiako talente anum, na obiako abien, na obiako nso biako, sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na otuu kwan.
[16] Na ntɛm ara nea onyaa talente anum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma, na onyaa ho talente anum.
[17] Saa ara na nea onyaa abien no nso konyaa abien kaa ho.
[18] Na nea onyaa biako no de, ɔkɔe kotutuu fam, na ɔde ne wura sika no siei.
[19] Na ɛkyɛe no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bebuu akontaa.
[20] Na nea onyaa talente anum no bae de talente anum kaa ho bae sɛ: Owura, talente anum na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforo anum maka ho.
[21] Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi ade pii so; kɔ wo wura anigye mu!
[22] Na nea onyaa talente abien no nso bae sɛ: Owura, talente abien na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforo abien maka ho.
[23] Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so; kɔ wo wura anigye mu!
[24] Na nea onyaa talente biako no nso bae sɛ: Owura, minim wo sɛ woyɛ onipa a woyɛ den a wutwa faako a wunnuae ɛ, na woboaboa ano nea womfa mpetee hɔ ɛ;
[25] enti misuroe, na mede wo talente no mikosiee fam. Hwɛ, w’ade ni!
[26] Ɛnna ne wura no bua see no sɛ: Akoa bɔne ne onihawfo, wunim sɛ mitwa faako a minnuae ɛ, na meboaboa ano nea memfa mempetee?
[27] Ɛnne anka ɛsɛ wo sɛ wode me sika kɔhyɛ sikasesafo nsa, na meba a, mabegye m’ade ne ɛho mfɛntom.
[28] Enti munnye ne nsam talente no, na momfa nkɔma nea ɔwɔ talente du no!
[29] Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no na wanya aboro so; na nea onni bi no de, nea ɔwɔ po, wobegye ne nsam.
[30] Na akoa a ne ho nni mfaso no, momfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.
[31] Na Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so.
[32] Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mmirekyi mu.
[33] Na ɔde nguanten no begyina ne nifa, na ɔde mmirekyi no agyina benkum.
[34] Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase mfiase no nni!
[35] Na ɔkɔm dee me, na momaa me biribi midii, osukɔm dee me, na momaa me nsu nomee, meyɛɛ ɔhɔho, na mofaa me kɔɔ mo fi;
[36] medaa adagyaw, na mufuraa me ntama, meyaree, na mobɛhwɛɛ me, medaa afiase, na mobaa me nkyɛn.
[37] Ɛnna nnipa trenee no bebua no sɛ: Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, na yɛmaa wo aduan, anaasɛ osukɔm dee wo, na yɛmaa wo nsu nomee?
[38] Afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyɛɛ ɔhɔho na yɛfaa wo kɔɔ ofie, anaasɛ wodaa adagyaw na yefuraa wo ntama?
[39] Afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛbaa wo nkyɛn?
[40] Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moyɛ maa me.
[41] Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu!
[42] Na ɔkɔm dee me, na moamma me biribi manni, osukɔm dee me, na moamma me nsu annom;
[43] meyɛɛ ɔhɔho, na moamfa me ankɔ mo fi, medaa adagyaw, na moamfura me ntama; meyaree na medaa afiase, na moammɛhwɛ me.
[44] Ɛnna wɔn nso bebua sɛ: Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaa wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammɛsom wo?
[45] Ɛnna obebua wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewaa yi mu biako yi, moanyɛ amma me.
[46] Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.