[1] Ɛbere no mu no, ɔmansinhene Herode tee Yesu nka,
[2] na osee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyan afi awufo mu, na ɛno nti na tumide yi yɛ ne mu adwuma yi.
[3] Na Herode aso Yohane mu akyere no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.
[4] Efisɛ Yohane aka akyerɛ no sɛ: Wunni ho kwan sɛ woware no.
[5] Na ɔpɛe sɛ okum no, nanso na osuro nkurɔfo no, efisɛ na wobu no sɛ odiyifo.
[6] Na wodii Herode awoda no, Herodia babea bɛsawee wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ.
[7] Ɛno nti Herode kaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a obebisa.
[8] Na ne na tuu no fo bɔne ma ɔbɛkae sɛ: Fa osuboni Yohane ti to prɛte mu ma me ha yi ara!
[9] Na ɛyɛɛ ɔhene no yaw, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidii no nti, ɔhyɛe sɛ wɔmfa mma no.
[10] Na ɔsoma ma wokotwaa Yohane ti wɔ afiase.
[11] Na wɔde ne ti no too prɛte mu bae, na wɔde maa ababaa no, na ɔde kɔmaa ne na.
[12] Na n’asuafo bae bɛfaa amu no kosiei, na wɔbɛka kyerɛɛ Yesu.
[13] Na Yesu tee no, ɔtenaa ɔkorow mu fii hɔ kɔɔ sare so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfo akuwakuw no tee no, wofii nkurow so nam fam tiw no.
[14] Na osii fam behuu nkurɔfo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefo yare.
[15] Na onwini dwoe no, n’asuafo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Ɛha yi yɛ sare so na onwini nso adwo, gya nkurɔfo akuwakuw no kwan na wɔnkɔ nkuraa nkɔtɔ aduan nni.
[16] Na Yesu see wɔn sɛ: Enhia sɛ wɔkɔ, mo ara momma wɔn biribi nni!
[17] Na wosee no sɛ: Yenni biribi ha yi sɛ abodoo anum ne mpataa abien.
[18] Ɛnna ose: Momfa mmrɛ me ha!
[19] Na ɔhyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ wɔntenatena sare no so, na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na obubuu mu de abodoo no maa n’asuafo no, na asuafo no nso de maa nkurɔfo akuwakuw no.
[20] Na wɔn nyinaa didi mee, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn dumien mama.
[21] Na wɔn a wodii no bɛyɛ mmarima mpemnum; wɔankan mmea ne mmofra anka ho.
[22] Na ntɛm ara na Yesu hyɛɛ asuafo no sɛ wɔnkɔ ɔkorow mu nni kan ntwa nkɔ asuogya noho, na onnya nkurɔfo akuwakuw no kwan ansa.
[23] Na owiee nkurɔfo akuwakuw no kwan gya no, ɔkɔɔ bepɔw so fa baabi mpaebɔ. Na onwini dwoe no, na aka ne nko wɔ hɔ.
[24] Na ɔkorow no adu ɛpo no mfinimfini, na asorɔkye rehaw no, efisɛ na mframa no rehyia wɔn.
[25] Na ahemadakye nnɔnabiɛsa rekɔ no, Yesu nam po so kɔɔ wɔn nkyɛn.
[26] Na asuafo no huu no sɛ ɔnam po no so no, wɔn koma tui, na wɔkae sɛ: Ɛyɛ ɔsaman! Na wɔde ehu teɛteɛɛm.
[27] Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, munnsuro!
[28] Na Petro buaa no sɛ: Awurade, sɛ ɛyɛ wo de a, ka ma memmra wo nkyɛn nsu no ani!
[29] Na ose: Bra! Na Petro fii ɔkorow no mu si faa nsu no ani sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.
[30] Na ohuu mframa no, osuroe; na ofii ase sɛ ɔremem no, ɔteɛɛm sɛ: Awurade, gye me!
[31] Na ntɛm ara Yesu teɛɛ ne nsa soo no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo a wo gyidi sua! Adɛn nti na wugyee akyinnye?
[32] Na woduu ɔkorow no mu no, mframa no gyaee.
[33] Na wɔn a wɔwɔ ɔkorow no mu no ba bɛkotow sɔree no sɛ: Onyankopɔn ba ne wo ampa.
[34] Na wotwae no, woduu Genesaret asase so.
[35] Na nnipa a wɔwɔ hɔ no huu no no, wɔsoma kɔɔ asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wɔde wɔn a wɔyare nyinaa brɛɛ no,
[36] na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atade ano nnwow nko ara. Na dodow a wɔde wɔn nsa kaa n'atade ano no ho yɛɛ wɔn den.