[1] Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ofii Galilea, na ɔbaa Yudea ahye so Yordan agya.
[2] Na nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi; na ɔsaa wɔn yare wɔ hɔ.
[3] Na Farisifo baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ogyaa ne yere anaa?
[4] Na obua see wɔn sɛ: Monkanee sɛ efi mfiase no, nea ɔbɔɔ nnipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn,
[5] na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro?
[6] Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!
[7] Wobisaa no sɛ: Na adɛn nti na Mose hyɛe sɛ wɔmma awaregyae nhoma, na wonnyaa no no?
[8] Osee wɔn sɛ: Mo komaden nti na Mose maa mo kwan sɛ munnyaa mo yerenom; na efi mfiase de, anka ɛnte sa.
[9] Enti mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware; (Na nea ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware.)
[10] Asuafo no see no sɛ: Sɛ ɔbarima ne ne yere ntam asɛm te saa de a, na enye sɛ wɔware.
[11] Na osee wɔn sɛ: Ɛnyɛ nnipa nyinaa na ebetumi agye asɛm yi, gye wɔn a wɔde ama wɔn.
[12] Nnipa bi wɔ hɔ a wɔwoo wɔn sɛ asigyafo fi wɔn na yam, na asigyafo bi nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na asigyafo bi nso wɔ hɔ a ɔsoro ahenni nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Nea obetumi agye asɛm a maka no, ma onnye.
[13] Ɛno na wɔde mmofra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpae mma wɔn; na asuafo no kaa nnipa a wɔde wɔn bae no anim.
[14] Nanso Yesu kae sɛ: Momma mmofra no kwan, na munnsiw wɔn me nkyɛn ba ho kwan; na eyinom sɛɛ na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.
[15] Na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn na ofii hɔ kɔe.
[16] Na hwɛ, obi baa hɔ bebisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?
[17] Na osee no sɛ: Adɛn na wubisa me papa ho asɛm? Obiako na oye. Na sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, di mmara nsɛm no so!
[18] Obisaa Yesu se: Nea ɛwɔ he? Na Yesu se: Nea ese: Nni awu! Nsɛe aware! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum!
[19] Di w’agya ne wo na ni! Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!
[20] Aberante no ka kyerɛɛ no sɛ: Madi eyinom nyinaa so. Ɛdɛn na aka me bio?
[21] Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na woanya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi m’akyi!
[22] Aberante no tee asɛm no no, ɔde awerɛhow kɔe; efisɛ ɔwɔ ahonyade bebree.
[23] Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Nokware mise mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu.
[24] Na bio mise mo sɛ, ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane tokuru mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.
[25] Na n’asuafo no tee no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw pii na wɔkae sɛ: Ɛnne na hena na wobetumi agye no nkwa?
[26] Na Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ.
[27] Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi. Dɛn ara na yebenya?
[28] Na Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ mo a moabedi m’akyi yi, wiase foforo no mu no, da a Onipa Ba no bɛtena n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.
[29] Na obiara a me din nti wagyaw ofi, nuammarima anaa nuammea, agya anaa ɛna anaa mma anaa nsaase no, obenya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa.
[30] Na adikanfo pii bedi akyiri, na akyikafo abedi kan.