Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:55

[1] Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no san fii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ sare so.

[2] Na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe adaduanan. Nso nna no mu no, wanni hwee; na owiee no, ɔkɔm dee no.

[3] Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, hyɛ ɔbo yi na ɛnnan abodoo.

[4] Na Yesu buaa no sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase.

[5] Na ɔde no kɔɔ baabi a ɛkorɔn kɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa prɛko pɛ.

[6] Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Wo na mede tumi yi nyinaa ne emu anuonyam mɛma wo; na wɔde ahyɛ me nsa, na obiara a mepɛ no, mede ma no;

[7] enti sɛ wokotow sɔre me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea.

[8] Na Yesu buaa no sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!

[9] Na ɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɔde no kogyinaa asɔrefi atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, tow wo ho fi ha yi kyene fam!

[10] Na wɔakyerɛw sɛ: Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfo sɛ wɔmmɛhwɛ wo.

[11] Na: Wɔbɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem ɔbo.

[12] Na Yesu bua see no sɛ: Wɔaka sɛ: Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ!

[13] Na ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ogyaw no hɔ kɔe kakra.

[14] Na Yesu nam Honhom Kronkron no ahoɔden mu san baa Galilea, na ne ho asɛm trɛwee asase a atwa ahyia no so nyinaa.

[15] Na ɔkyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na wɔn nyinaa hyɛɛ no anuonyam.

[16] Na ɔbaa Nasaret a wɔtetew no wɔ hɔ no, na homeda, sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.

[17] Na wɔde odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa; na ɔtrɛw nhoma no mu huu faako a wɔakyerɛw sɛ:

[18] Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo; wasoma me sɛ memmɛka ogye menkyerɛ nnommum ne adehu menkyerɛ anifuraefo, na memmrɛ wɔn a wɔapɛtɛw wɔn no fawohodi,

[19] na memmɛda afe a Awurade anisɔ bɛba ne nkurofo so no adi.

[20] Na ɔbobɔw nhoma no de maa ɔsomfo no tenaa ase; na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn.

[21] Na ofii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm yi aba mu mo asom.

[22] Na wɔn nyinaa dii no adanse, na adom nsɛm a efi n’anom no yɛɛ wɔn nwonwa, na wobisae sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa?

[23] Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ampa ara, mode bɛ yi bebu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yare! Nneɛma a yɛate sɛ woyɛe Kapernaum no, yɛ bi w’agya kurom ha nso!

[24] Ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, wɔmpɛ odiyifo biara agye no n’agya kurom.

[25] Na meka no nokwarem, Elia bere so a ɔsoro mu toe mfirihyia abiɛsa ne asram asia na ɔkɔm kɛse baa asase no nyinaa so no, akunafo pii wɔ Israel de,

[26] nanso wɔansoma Elia ankɔ wɔn mu biara nkyɛn sɛ Sidon kurow Sarepta mu ɔbea kunafo bi nkyɛn.

[27] Na odiyifo Elisa bere so no akwatafo pii wɔ Israel de, nanso wɔamma wɔn mu biara ho amfi sɛ Siriani Naaman.

[28] Na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa tee saa no, abufuw hyɛɛ wɔn ma.

[29] Na wɔsɔre sunsum no fii kurow no mu hɔ de no kɔɔ bepɔw a wɔn kurow no da so no ano sɛ wɔkɔwɔ no akɔmfo.

[30] Nanso ɔfaa wɔn mfinimfini kɔe.

[31] Na ɔbaa Galilea kurow bi a ɛde Kapernaum mu; na daa homeda ɔkyerɛkyerɛ wɔn.

[32] Na ne nkyerɛkyerɛ yɛɛ wɔn ahodwiriw, efisɛ n’asɛm no mu wɔ tumi.

[33] Na onipa bi wɔ hyiadan mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne a ɛyɛ honhom fi, na ɔde nne kɛse teɛɛm

[34] sɛ: Mmɛhaw yɛn! Ɛdɛn na yɛne wo Nasareni Yesu wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ko, wone Onyankopɔn kronkronni no.

[35] Na Yesu teɛteɛɛ no sɛ: Mua w’ano, na fi no mu kɔ! Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfinimfini hɔ fii no mu kɔe, na wanyɛ no hwee.

[36] Na wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Asɛm bɛn ni, sɛ ɔde ahoɔden ne tumi hyɛ ahonhom fi ma wofi adi yi?

[37] Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ asase a atwa ahyia no nkurow nyinaa mu.

[38] Na ɔsɔre fii hyiadan no mu hɔ baa Simon fi. Na atiridii dennen bi abɔ Simon n’asebea, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmmɛhwɛ no.

[39] Na obegyinaa n’atifi teɛteɛɛ atiridii no, na egyaa no. Na amonom hɔ ara ɔsɔre bɛsom wɔn.

[40] Na owia retɔ no, wɔn a wɔwɔ ayarefo a nyarewa horow haw wɔn nyinaa de wɔn brɛɛ no; na ɔde ne nsa guu wɔn nyinaa so mmiako mmiako saa wɔn yare.

[41] Na ahonhommɔne nso fii nnipa pii mu kɔe, na wɔteɛɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteɛteɛɛ wɔn, wamma wɔankasa, efisɛ wonim sɛ ɔne Kristo no.

[42] Na ade kyee no, ofi kɔɔ sare so baabi. Na nkurɔfo akuwakuw no hwehwɛɛ no, na wobeduu ne nkyɛn, na wosiankaa no sɛ ommfi wɔn nkyɛn nnkɔ.

[43] Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mekyerɛ nkurow foforo nso; efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.

[44] Na ɔkaa asɛm Yudea hyia adan mu.

Asɛmpa No Sɛnea Luka Kyerɛw Mae — Chapters