[1] Na ɔka kyerɛɛ asuafo no nso sɛ: Ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔwɔ ofiepanyin bi, na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ ɔresɛe n’ade.
[2] Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdɛn na mete wɔ wo ho yi! Bebu wo panyinni ho akontaa, na worenni panyin bio.
[3] Na ofiepanyin no kae ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn, efisɛ me wura rebegye me panyinni afi me nsam? Minni ahoɔden a mede betutu, na ahua nso yɛ me aniwu.
[4] Yiw, mahu nea mɛyɛ, na wotu me fi me panyinni so a, wɔagye me akɔ wɔn afi.
[5] Na ɔfrɛɛ ne wura adefirifo nyinaa mmiako mmiako baa ne nkyɛn see nea odi kan no sɛ: Wode me wura ka ahe?
[6] Na ose: Ngohina ɔha. Na osee no sɛ: Gye wo nhoma, na tena ase ntɛm kyerɛw aduonum!
[7] Ɛnna osee ɔfoforo sɛ: Na wo nso, ahe na wode? Na ose: Mede awi nkotoku ɔha. Na osee no sɛ: Fa wo nhoma, na kyerɛw aduɔwɔtwe!
[8] Na owura no kamfoo ofiepanyin nitewfo no sɛ wadi no nyansam, eyi mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sen hann mma wɔn mfɛfo mu.
[9] Na me nso mise mo sɛ: Momfa ahonyade a ɛnteɛ no bi so nya nnamfo, na sɛ ehia mo a, wɔagye mo akɔ daa afi no mu.
[10] Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware; na nea ɔnteɛ ade ketewaa mu no, na ɔnteɛ bebree mu nso.
[11] Na enti sɛ moanni ahonyade a ɛnteɛ no mu nokware a, hena na ɔde ahode pa no bɛhyɛ mo nsa?
[12] Na sɛ moanni obi ade mu nokware a, hena na ɔde mo de nso bɛma mo?
[13] Akoa biara ntumi nsom awuranom baanu. Na ɔbɛtan obiako, na wadɔ obiako no anaasɛ ɔbɛbata obiako ho, na wabu obiako no animtiaa. Muntumi nsom Nyankopɔn ne ahonyade.
[14] Na Farisifo a wɔyɛ sikapɛfo tee eyinom nyinaa; na wɔserew no.
[15] Na osee wɔn sɛ: Moyɛ nnipa a wobu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn de, onim mo koma mu. Na nea ɛyɛ kɛse nnipa mu no yɛ akyide Onyankopɔn anim.
[16] Mmara ne adiyifo no bɛpem Yohane so; na efi ɛno so no, wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa, na obiara nam anibere so kɔ mu.
[17] Na ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase betwam sen sɛ mmara no ho nsensanee ketewa biako bɛtɔ.
[18] Obiara a ogyaa ne yere na ɔware ɔfoforo no sɛe aware; na obiara a ɔware nea ne kunu agyaa no no sɛe aware.
[19] Na ɔdefo bi tenaa ase a ɔhyɛ ntade papa a ne bo yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gye n’ani daa.
[20] Na ohiani bi a watutu akuru nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’abobow ano.
[21] Na ne kɔn dɔe sɛ odi mporoporowa a efi ɔdefo no pon so agu fam no bi mee; nanso akraman bae bɛtaforoo n’akuru mu.
[22] Na ɛbae sɛ ohiani no wui, na abɔfo bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefo no nso wui, na wosiee no.
[23] Na ɔmaa n’ani so wɔ asaman no, na ɔwɔ aninyanne kɛse mu, na ohuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ otweri ne kokom.
[24] Na ɔteɛɛm sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro na ɔmfa ne nsatea ano nkɔbɔ nsu mu, na ɔmfa mmedwudwo me tɛkrɛma; na merehu amane ogyaframa yi mu.
[25] Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote ase no, wunyaa ahotɔ na Lasaro de, ohuu amane; na afei ne werɛ akyekye, na wo nso, worehu amane.
[26] Na eyi nyinaa nna nkyɛn, oku kɛse da yɛne mo ntam a wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha yi ba mo nkyɛn no ntumi mma, na wɔn nso a wɔwɔ noho ntumi ntra mma yɛn nkyɛn.
[27] Na ose: Ɛnne, agya, mesrɛ wo sɛ soma no ma ɔnkɔ m’agya fi;
[28] na mewɔ nuammarima baanum, na onkodi adanse nkyerɛ wɔn, na wɔn nso amma aninyanne mu ha yi bi.
[29] Na Abraham kae sɛ: Wɔwɔ Mose ne adiyifo no; ma wontie wɔn!
[30] Na ose: Dabi, agya Abraham, na sɛ obi fi awufo mu kɔ wɔn nkyɛn a, ɛnna wɔbɛsakra wɔn adwene.
[31] Na osee no sɛ: Sɛ wɔantie Mose ne adiyifo no a, obi fi awufo mu sɔre mpo a, wɔrennye no nni.