[1] Saa bere no ara na nnipa bi a ɛwɔ hɔ kaa Galileafo a Pilato de wɔn mogya frafraa wɔn afɔre mu no ho asɛm kyerɛɛ no.
[2] Na obua see wɔn sɛ: Mususuw sɛ Galileafo yi huu saa amane yi nti na wɔyɛ nnebɔneyɛfo sen Galileafo nyinaa?
[3] Mise mo sɛ: Ɛnte sa, na mmom sɛ moansakra mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.
[4] Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ekum wɔn no, mususuw sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfo sen nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?
[5] Mise mo sɛ: Ɛnte sa, na mmom sɛ moansakra mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.
[6] Na obuu wɔn bɛ yi sɛ: Obi wɔ borɔdɔma a wadua wɔ ne bobe turom; na ɔbae bɛhwehwɛɛ so aba, na wannya bi.
[7] Na ɔka kyerɛɛ turomhwɛfo no sɛ: Hwɛ, mfirihyia abiɛsa ni a maba mabɛhwehwɛ borɔdɔma yi so aba, na mannya bi. Twa kyene! Adɛn nti na agye asase no akɛntɛn so?
[8] Na obua see no sɛ: Owura, ma ensi hɔ afe yi nso nkosi sɛ mefunufunu ho magugu ase sumina.
[9] Na ebia ɛbɛsow; na sɛ ansow ansa a, woatwa akyene.
[10] Na ɔkyerɛkyerɛe hyiadan bi mu homeda.
[11] Na hwɛ, ɔbea bi wɔ hɔ a ɔwɔ ahoɔmmerɛw honhom mfirihyia dunwɔtwe, na wapono a ontumi nteɛ ne mu koraa po.
[12] Na Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no, na osee no sɛ: Ɔbea, wɔasan wo afi wo ahoɔmmerɛw mu.
[13] Na ɔde ne nsa guu no so, na amonom hɔ ara na ɔteɛe ne mu, na oyii Nyankopɔn ayɛ.
[14] Na hyiadan no mu panyin a ɛyɛɛ no ahi sɛ Yesu asa ɔyare homeda bua see nkurɔfokuw no sɛ: Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ mu adwuma; emu na mommra na wɔnsa mo yare, na ɛnyɛ homeda.
[15] Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfo! So mo mu biara nsan ne nantwi anaa n’afurum mfi n’adididaka ho mma ɔnkɔnom nsu homeda?
[16] Na hwɛ, ɔbea yi a ɔyɛ Abraham babea a Satan akyekyere no mfirihyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsan no fi ɔhaw yi mu homeda?
[17] Na ɔkaa saa no, n’atamfo no nyinaa ani wui, na nkurɔfokuw no nyinaa ani gyei anuonyanne a ɔyɛe no nyinaa nti.
[18] Na ɔkae sɛ: Ade bɛn na Onyankopɔn ahenni sɛ no anaasɛ dɛn ho na mede mɛto?
[19] Ɛte sɛ sinapi fua a onipa fa koduaa ne turom; na enyinii, na ɛyɛɛ dua, na wim nnomaa besisii mman so.
[20] Na ɔkae bio sɛ: Dɛn ho na mede Nyankopɔn ahenni bɛto?
[21] Ɛte sɛ mmɔkaw a ɔbea bi fae kɔfɔtɔw asikresam korokuma abiɛsa mu de kosii sɛ ne nyinaa kawee.
[22] Na ɔnenam nkurow mu ne nkuraa ase rekyerɛkyerɛ, a na ɔnam so rekɔ Yerusalem.
[23] Na obi bisaa no sɛ: Awurade, wɔn a wobegye wɔn yɛ kakraa bi anaa?
[24] Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu! Na mise mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi.
[25] Efi bere a ofiwura no bɛsɔre ato pon mu no ara na mubefi ase agyina akyiri, na moabɔ ɔpon akyi sɛ: Owura, hiɛ yɛn! Na obebua mo sɛ: Mo de, minnim nea mufi.
[26] Ɛnna mubefi ase aka sɛ: Yɛadidi na yɛanom w’anim, na woakyerɛkyerɛ wɔ yɛn mmɔnten so pɛn.
[27] Na obese mo sɛ: Mo de, minnim nea mufi. Mumfi me so, mo a moyɛ nea ɛnteɛ nyinaa!
[28] Ɛhɔ na mubesu atwɛre mo se sɛ muhu Abraham, Isak ne Yakob ne adiyifo no nyinaa Onyankopɔn ahenni mu, na mo de, wɔapam mo afi mu.
[29] Na wobefi apuei ne atɔe, atifi ne anafo aba abɛtena adidii Onyankopɔn ahenni mu.
[30] Na hwɛ, akyikafo bi wɔ hɔ a wobedi kan, na adikanfo bi wɔ hɔ a wɔbɛka akyiri.
[31] Ɛdɔn no ara mu na Farisifo bi bae besee no sɛ: Fi ha kɔ! Na Herode pɛ wo akum wo.
[32] Na osee wɔn sɛ: Monkɔka nkyerɛ saa sakraman no sɛ: Hwɛ, mitu ahonhommɔne, na mesa yare nnɛ ne ɔkyena, na n'adekyee na mawie.
[33] Nanso ɛsɛ me sɛ menantew nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyee; na enni ho kwan sɛ odiyifo bi bɛtɔ baabi, gye Yerusalem.
[34] O! Yerusalem, Yerusalem a wukum adiyifo na wusiw wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no abo! Mpɛn ahe ni a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase, nanso moampɛ.
[35] Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo. Na mise mo sɛ: Morenhu me, gye da a ɛbɛba sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne nea ɔnam Awurade din so reba no!