[1] Eyinom akyi no, Awurade yii nnipa aduɔsɔn bio,
[2] na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Otwa adwuma no so, na adwumayɛfo no de, wosua; enti monsrɛ otwa wura no, na ontu adwumayɛfo mmra ne twa no mu.
[3] Monkɔ! Hwɛ, meresoma mo sɛ nguanten akɔ mpataku mu.
[4] Mommfa sika kotoku anaa akwantu bɔtɔwa anaa mpaboa; na munnkyia obi ɔkwan mu!
[5] Na ofi biara a mobɛkɔ mu no, munse kan sɛ: Asomdwoe mmra ofie ha!
[6] Na sɛ asomdwoe ba wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛtena no so; na sɛ ɛnte saa a, ɛbɛsan aba mo so.
[7] Na ofie hɔ ara na montena, na munni na monnom nea ɛwɔ wɔn nsam; na odwumayɛfo akatua sɛ no. Mummfi ofi biako mu nnkɔ ofi foforo mu!
[8] Na kurow biara a mobɛkɔ mu no, wogye mo a, munni nea wɔde besi mo anim!
[9] Na monsa emu ayarefo yare, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni abɛn mo.
[10] Na kurow biara a mobɛkɔ mu na wɔrennye mo no, mumfi adi nkɔ kurow no abɔnten so, na monka sɛ:
[11] Mfuturu a efi mo kurow mu a ahura yɛn anan ho po, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, munhu eyi sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn mo.
[12] Na mise mo sɛ, ɛda no, ɛbɛfanim Sodom asen kurow no.
[13] Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ ahoɔdenne a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔfurafuraa ayitam tenatenaa nso mu sakraa wɔn adwene ntɛm ara.
[14] Nso atemmu mu no, ɛbɛfanim Tiro ne Sidon asen mo.
[15] Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ ɔsoro anaa? Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ asamando.
[16] Nea otie mo no, watie me; na nea ɔpa mo no, wapa me. Na nea ɔpa me no, wapa nea ɔsomaa me no.
[17] Na aduɔsɔn no de anigye san bae bɛkae sɛ: Awurade, wo din nti ahonhommɔne po abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.
[18] Na osee wɔn sɛ: Mihuu Satan sɛ ofi soro hwee ase sɛ anyinam.
[19] Hwɛ, mema mo tumi sɛ muntiatia awɔ ne nkekantwɛre ne ɔtamfo no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee.
[20] Nanso eyi mu de, mommma mo ani nnnye sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom momma mo ani nnye sɛ wɔakyerɛw mo din ɔsoro.
[21] Ɛdɔn no ara mu ne ho san no honhom mu, na ɔkae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa. Yiw, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim.
[22] M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim nea Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim nea Agya no yɛ, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.
[23] Na ɔdan ne ho kyerɛɛ asuafo no ka kyerɛɛ wɔn nko sɛ: Nhyira ne aniwa a ehu nea muhu yi;
[24] na mise mo sɛ, adiyifo ne ahene bebree pɛe sɛ anka wohu nneɛma a muhu yi, na wɔanhu, na wɔte nneɛma a mote yi, na wɔante.
[25] Na hwɛ, mmarakyerɛfo bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya daa nkwa?
[26] Na Yesu ka kyerɛɛ no se: Dɛn na wɔakyerɛw mmara no mu? Wokan no dɛn?
[27] Na obuae sɛ: Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.
[28] Na osee no sɛ: Woabua no yiye; yɛ eyi, na wubenya nkwa.
[29] Na ɔno de, ɔpɛe sɛ obu ne ho bem, nti obisaa Yesu sɛ: Na hena ne me yɔnko?
[30] Na Yesu yii ano sɛ: Onipa bi fi Yerusalem sian kɔɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwamukafo mu, na wɔpaa ne ho ntama bobɔɔ no, gyaw no hɔ kɔe a watɔ berɛw.
[31] Na ɛbae sɛ ɔsɔfo bi bɛfaa ɔkwan no so; na obehuu no no, otwaa ne ho kɔe.
[32] Saa ara nso na Lewini bi a ɔbaa hɔnom, na obehuu no no, otwaa ne ho kɔe.
[33] Na Samariani bi a ɔnam ne kwan baa nea ɔwɔ hɔ, na ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.
[34] Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkyekyeree n’akuru no de ngo ne nsa guguu mu, na ɔde no tenaa n’ankasa aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no.
[35] Na ade kyee no, oyii denare abien de maa ahɔhodan mu panyin no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ no, na biribiara a wobɛhwere aka ho no, mesan meba a, mɛhyɛ wo anan mu.
[36] Afei wɔn baasa yi mu hena na wususuw sɛ wayɛ nea ɔkɔtɔɔ akwamukafo mu yi yɔnko?
[37] Na ose: Nea ohuu no mmɔbɔ no. Ɛnna Yesu see no sɛ: Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara!
[38] Na ɛbae sɛ wɔrekɔ no, ɔkɔɔ akuraa bi ase. Na ɔbea bi a wɔfrɛ no Marta faa no kɔɔ ne fi.
[39] Na ɔwɔ onuabea bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm.
[40] Na Marta de, ɔbrɛɛ ne ho ɔsom pii ho; na obegyinaa hɔ kae sɛ: Awurade, wonhwɛ sɛ me nua agyaw me nko hɔ na meresom? Enti ka kyerɛ no, na ommeso me mu abia.
[41] Na Awurade bua see no sɛ: Marta, Marta, wudwinnwen na wohaw wo ho nneɛma pii ho;
[42] na ade biako na ehia: Maria de, wayi nea eye no, ɛno na wɔrennye ne nsam.