Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:13

[1] Na Yesu kɔhyɛn Yeriko sɛ ɔretwam.

[2] Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo a ɔyɛ towgyefo panyin na ɔyɛ ɔdefo.

[3] Na ɔhwehwɛ Yesu ahu ne nipaban, nanso nkurɔfokuw no nti ontumi, efisɛ ɔyɛ akwatia.

[4] Na otutuu mmirika dii kan kɔforoo ankye dua bi sɛ ɔrekɔhwɛ no; efisɛ ɛhɔ na ɔrebɛfa.

[5] Na Yesu duu hɔ no, ɔmaa n’ani so huu no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sakeo, yɛ ntɛm si fam; na wo fi na ɛsɛ sɛ metena nnɛ.

[6] Na ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ogyee Yesu ɔfɛw so.

[7] Na nkurɔfokuw no hui no, wɔn nyinaa nwiinwii kae sɛ: Ɔkɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.

[8] Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao! Awurade, hwɛ, mede m’ahode fa mɛkyɛ ahiafo, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mɛbɔ ho mpɛn anan matua ka.

[9] Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ampa ara, ɛnnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.

[10] Na Onipa Ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabegye nea ayera.

[11] Na wɔretie eyinom no, ɔtoaa so buu bɛ bi, efisɛ na wabɛn Yerusalem, na nkurɔfokuw no susuwii sɛ Onyankopɔn ahenni rebeyi ne ho adi amonom hɔ ara. Enti Yesu kae sɛ:

[12] Ɔdehye bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye n’ahenni na wasan aba.

[13] Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaa du maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkosi sɛ mɛba.

[14] Na ne manfo tan no, na wɔsomaa abɔfo dii n’akyi sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.

[15] Na ɛbae sɛ onyaa ahenni no na ɔsan bae no, ɔhyɛe sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na onhu nea obiara adi gua anya.

[16] Na nea odi kan no bae bɛkae sɛ: Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa du aka ho.

[17] Na osee no sɛ: Wiɛ, akoa pa, sɛ woadi ketewaa mu nokware nti, di nkurow du so tumi!

[18] Na nea ɔto so abien no bae bɛkae sɛ: Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa anum.

[19] Na osee oyi nso sɛ: Wo nso di nkurow anum so!

[20] Na ɔfoforo bae bɛkae sɛ: Owura, hwɛ, wo bɛnnaa a wode maa me no mede mehyɛɛ dukuu mu

[21] Na misuroo wo, efisɛ woyɛ onipa a woyɛ den, wofa nea womfa ntoo hɔ ɛ, na wutwa nea wungui ɛ.

[22] Na owura no see no sɛ: Akoa bɔne, w’ankasa anom asɛm so na menam mebu wo atɛn. Wunim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa nea memfa mentoo hɔ, na mitwa nea mingui ɛ,

[23] na adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea, na meba a, mabegye m’ade ne ɛho nsiho?

[24] Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyina nkyɛn no sɛ: Munnye ne nsam bɛnnaa no, na momfa nkɔma nea ɔwɔ mmɛnnaa du no.

[25] (Na wosee no sɛ: Owura, ɔwɔ mmɛnnaa du!)

[26] Na mise mo sɛ: Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no; na nea onni no, nea ɔwɔ po, wobegye ne nsam.

[27] Na m’atamfo a wɔmpɛ sɛ midi wɔn so hene de, momfa wɔn mmra ha, na mummekum wɔn m’anim!

[28] Na owiee eyinom ka no, ɔsen dii kan sɛ ɔrekɔ Yerusalem.

[29] Na ɛbae sɛ ɔbɛn Betfage ne Betania bepɔw a wɔfrɛ no Ngo Bepɔw ho no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu

[30] sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na mohyɛn hɔ a, mubehu afurum ba a wɔasa no a onipa biara ntenaa no so da; monsan no mmra ha!

[31] Na sɛ obi bisa mo sɛ: Adɛn nti na mosan no a, nea monka ne sɛ: Ne ho hia Awurade.

[32] Na wɔn a wɔsomaa wɔn no kɔe kohui sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no ara.

[33] Na wɔresan afurum ba no no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ: Adɛn na mosan afurum ba no?

[34] Na wɔkae sɛ: Ne ho hia Awurade.

[35] Na wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu; na wɔde wɔn ntama guu no so, na wɔde Yesu tenaa so.

[36] Na ɔrekɔ no, wɔde wɔn ntama sesɛw ɔkwan mu.

[37] Na ɔbɛn nea wɔrebesian Ngo Bepɔw no, asuafo dɔm no nyinaa ani fii ase gyei, na wɔde nne kɛse yii Nyankopɔn ayɛ wɔ ahoɔdenne a wɔahu nyinaa nti

[38] sɛ: Nhyira ne ɔhene a ɔnam Awurade din mu reba no! Asomdwoe wɔ ɔsoro, na anuonyam wɔ sorosoro noho.

[39] Na Farisifo no mu bi a wɔwɔ nkurɔfokuw no mu ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, ka w’asuafo no anim!

[40] Na obua see wɔn sɛ: Mise mo sɛ: Eyinom mua wɔn ano a, anka abo mpo bɛteɛm.

[41] Na ɔbɛn no, ɔhwɛɛ kurow no sui wɔ so se:

[42] Wo ara nso mpo, ɛnnɛ sɛ wo ankasa wunim nea ɛfa asomdwoe ho a anka eye. Nanso afei, wɔde ahintaw wo.

[43] Na nna bi bɛba wo so a w’atamfo betwa wo ho ka, na wɔatwa wo ho kɔntɔnkrɔn, na wɔaka wo ahyɛ mu baabiara,

[44] na wɔadwiriw wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennyaw wo mu bo ɔbo so, efisɛ woanhu bere a wɔdom bɛhwɛɛ wo no.

[45] Na Yesu kɔɔ asɔrefi no, ofii ase pam wɔn a wɔtɔn ade wɔ hɔ no

[46] osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Me fi yɛ mpaebɔ fi; na mo de, mode ayɛ adwowtwafo tu.

[47] Na daa ɔkyerɛkyerɛe asɔrefi hɔ; na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne ɔman no mu atitiriw rehwehwɛ no akum no.

[48] Na wɔanhu nea wɔbɛyɛ; efisɛ ɔman no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.

Asɛmpa No Sɛnea Luka Kyerɛw Mae — Chapters