Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 7:35

[1] Esiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntam no nnidiso nnidiso,

[2] sɛnea wɔn a wofi mfiase de wɔn aniwa hui na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfo no de abrɛ yɛn no enti,

[3] Onuonyamfo kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, eye sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fi mfiase no, mekyerɛw no nnidiso nnidiso mebrɛ wo,

[4] na woahu sɛ nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ wo no yɛ nokware.

[5] Yuda hene Herode bere so no, ɔsɔfo bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ofi Abia asɔfokuw mu, na ne yere yɛ Aaron mmabea no mu bi a wɔfrɛ no Elisabet.

[6] Na wɔn baanu nyinaa teɛ Onyankopɔn anim di Awurade ahyɛde ne treneede nyinaa so a ɛho nni asɛm,

[7] nanso na wonni ba, efisɛ na Elisabet yɛ obonin, na wɔn baanu nyinaa anyinnyin pa ara.

[8] Na ɛbae sɛ eduu n’asɔfokuw so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma Onyankopɔn anim no,

[9] sɛnea asɔfodwuma no te no, eduu no so sɛ ɔkɔ Awurade asɔredan mu kɔhyew ohuam.

[10] Na ɔrehyew no, na nnipakuw no nyinaa gyina adiwo rebɔ mpae.

[11] Na Awurade bɔfo bi beyii ne ho adi kyerɛɛ no, na obegyinaa ohuam afɔremuka no nifa.

[12] Na Sakaria huu no no, ne koma tui, na ehu kaa no.

[13] Na ɔbɔfo no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.

[14] Na ɛbɛyɛ wo anigye ne ahosan, na n’awo nti nnipa bebree ani begye.

[15] Efisɛ ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afi ne na yam po.

[16] Na ɔbɛdan Israel mma mu bebree aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.

[17] Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bedi n’anim akɔdan agyanom koma aba wɔn mma so, ne asoɔdenfo akɔ treneefo adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.

[18] Na Sakaria see ɔbɔfo no sɛ: Dɛn na mede mehu eyi? Efisɛ mabɔ akora, na me yere nso abɔ aberewa.

[19] Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛm pa yi.

[20] Na hwɛ, wobɛtɔ mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akosi da a eyinom bɛba mu, efisɛ woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne bere mu no anni.

[21] Na nkurɔfo no retwɛn Sakaria; na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wakyɛ asɔredan mu hɔ saa.

[22] Na ofii adi no, wantumi ankasa ankyerɛ wɔn; na wohui sɛ wanya anisoadehu bi asɔredan mu hɔ; na ɔno de, ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne, na wantumi ankasa.

[23] Na ɛbae sɛ ne som nna wiee du no, ofii hɔ kɔɔ ne fi.

[24] Na nna yi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee na ɔde ne ho siei asram anum kae sɛ:

[25] Sɛnea Awurade ayɛ me, nna a wabɛhwɛ me sɛ obeyi m’ahohora afi nnipa mu no, ni.

[26] Na ɔsram a ɛto so asia no mu no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu,

[27] kɔɔ ababaa bi a wɔde no ama ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ofi Dawid abusua mu aware nkyɛn; na ababaa no din de Maria.

[28] Na ɔbɔfo no baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Ei, ma w’ani nnye, wo a wɔadom wo! Awurade ka wo ho.

[29] Na ne koma tui n’asɛm no ho, na ɔdwenee ho sɛ: Nkyia bɛn ni?

[30] Na ɔbɔfo no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Onyankopɔn hɔ adom.

[31] Na hwɛ, wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu.

[32] Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea Ɔwɔ Sorosoro no Ba; na Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no.

[33] Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.

[34] Na Maria see ɔbɔfo no sɛ: Eyi bɛyɛ dɛn na aba, efisɛ minnim ɔbarima biara?

[35] Na ɔbɔfo no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Nea Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba.

[36] Na hwɛ, wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima ne mmerewabere mu; na nea wɔfrɛ no obonin no, eyi ne ne sram a ɛto so asia;

[37] efisɛ Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ.

[38] Ɛnna Maria se: Hwɛ, Awurade afenaa ne me; ɛnyɛ mma me sɛnea w’asɛm se. Na ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe.

[39] Na nna no mu ara, Maria de ahoɔhare sɔre kɔɔ mmepɔw so Yuda kurow no mu,

[40] na ɔkɔɔ Sakaria fi kokyiaa Elisabet.

[41] Na ɛbae sɛ Elisabet tee Maria nkyia no, akokoaa no huruwii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma,

[42] na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Wɔahyira wo mmea mu, na wɔahyira wo yam ade!

[43] Na eyi fi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi?

[44] Na hwɛ, wo nkyia twaa m’asom ara pɛ, akokoaa no de ahosan huruwii me yam.

[45] Na nhyira ne nea wagye adi, efisɛ nsɛm a Awurade ama wɔabɛka akyerɛ no no bɛba mu.

[46] Na Maria kae sɛ: Me kra, kamfo Awurade,

[47] na m’agyenkwa Onyankopɔn ho na me honhom ho asan no;

[48] efisɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetena. Na hwɛ, efi nnɛ awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nhyira;

[49] efisɛ Otumfo no ayɛ ade kɛse ama me; na ne din ne kronkron,

[50] na ne mmɔborohunu wɔ wɔn a wosuro no so, awo ntoatoaso a edidi so nyinaa mu.

[51] Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenne; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn koma nsusuwii mu.

[52] Watu atumfo afi wɔn nhengua so, na wapagyaw ahiafo

[53] Ɔde nnepa ahyɛ wɔn a ɔkɔm de wɔn ma, na wagya ahonyafo kwan yafumpan.

[54] Waso n’akoa Israel mu, sɛ ɔde bɛkae ne mmɔborohunu,

[55] sɛnea ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom no, ama Abraham ne n’asefo daa.

[56] Na Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa; na ɔsan kɔɔ ne fi.

[57] Elisabet awo duu so, na ɔwoo ɔbabarima.

[58] Na n’afipamfo ne n’abusuafo tee sɛnea Awurade ayɛ no adɔe kɛse no, wɔne no ani gyei.

[59] Na ɛbae sɛ ne nnawɔtwe so no, wɔbae sɛ wɔrebetwa abofra no twetia. Na anka wɔde no reto n’agya Sakaria,

[60] nanso ne na kae sɛ: Daabi, wɔmfrɛ no Yohane.

[61] Na wosee no sɛ: Obiara nni w’abusua mu a wɔfrɛ no saa.

[62] Na wɔde nsɛnkyerɛnne bisaa n’agya edin a ɔpɛ sɛ wɔde to no.

[63] Na ogyee kyerɛwpon ketewa bi kyerɛw so sɛ: Ne din ne Yohane. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa.

[64] Na n’ano buei na ne tɛkrɛma hama sanee amonom hɔ ara, na ɔkasa yii Nyankopɔn ayɛ.

[65] Na ehu kaa wɔn a atwa wɔn ho ahyia nyinaa, na wɔkekaa nsɛm yi nyinaa Yudea mmepɔw so nkurow nyinaa mu.

[66] Na wɔn a wɔtee nyinaa de siee wɔn komam kae sɛ: Ɛdɛn ara na abofra yi rebɛyɛ? Hwɛ, Awurade nsa wɔ no so.

[67] Na n’agya Sakaria de, Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ:

[68] Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, efisɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;

[69] na wama nkwagye abɛn so ama yɛn, n’akoa Dawid fi,

[70] sɛnea ɔde n’adiyifo kronkron a wɔwɔ hɔ fi teteete no ano kae no,

[71] sɛ wonnye yɛn mfi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn nyinaa nsam;

[72] sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ, na wakae n’apam kronkron no:

[73] Ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham sɛ

[74] ɔbɛma wɔayi yɛn afi yɛn atamfo nsam, na yɛasom no a ehu nni mu,

[75] ahotew ne trenee mu wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa.

[76] Na wo, abofra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifo; efisɛ wubedi Awurade anim akosiesie n’akwan,

[77] na wode nkwagye ho nimdeɛ ama ne man, wɔ wɔn bɔnefakyɛ a

[78] efi yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyee a efi soro abepue yɛn so,

[79] sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owu sunsuma ase, na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoe kwan so.

[80] Na abofra no nyinii, na onyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa sare so de koduu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.

Asɛmpa No Sɛnea Luka Kyerɛw Mae — Chapters