Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 8:15

[1] Nna no mu no, mmara bi fi Kaesare Augusto nkyɛn bae sɛ wɔnkan wiasefo nyinaa nkyerɛw wɔn din.

[2] Eyi ne ɔkan a edi kan bere a Kirenio yɛ Siria amrado no.

[3] Na nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔkyerɛw wɔn din.

[4] Na Yosef nso fi Nasaret a ɛwɔ Galilea siim kɔɔ Yudea, Dawid kurow a wɔfrɛ no Betlehem mu, efisɛ ofi Dawid fi ne n'abusua mu,

[5] kɔkyerɛw ɔne ne siyere Maria a n'awo abɛn no din.

[6] Na ɛbae sɛ wɔwɔ hɔ no, n’awo duu so,

[7] na ɔwoo n’abakan barima, de ntama kyekyeree no, de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya ɔkwan ahɔhodan no mu.

[8] Na nguanhwɛfo bi wɔ saa asase no so da wuram rewɛn wɔn nguankuw anadwo.

[9] Na Awurade bɔfo begyinaa wɔn nkyɛn, na Awurade anuonyam haran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛse kaa wɔn.

[10] Na ɔbɔfo no see wɔn sɛ: Munnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo,

[11] sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.

[12] Na eyi ne mo sɛnkyerɛnne: Mubehu akokoaa a wɔde ntama akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.

[13] Na mpofirim ara ɔsoro asafo bebree bɛkaa ɔbɔfo no ho yii Nyankopɔn ayɛ sɛ:

[14] Anuonyam nka Onyankopɔn, wɔ sorosoro na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so.

[15] Na ɛbae sɛ abɔfo no fii wɔn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ nea aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ!

[16] Na wɔkɔɔ ntɛm so, na wokohuu Maria ne Yosef ne akokoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka no mu.

[17] Na wohuu no no, wɔkaa abofra no ho asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no.

[18] Na nea nguanhwɛfo no kae no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa.

[19] Na Maria de, ɔde nsɛm yi nyinaa siei dwennwen ho ne koma mu.

[20] Na nguanhwɛfo no san kɔe kɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na woyii no ayɛ wɔ nea wɔtee na wokohui sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no nyinaa nti.

[21] Na odii nnawɔtwe a wɔrebetwa no twetia no, wɔtoo ne din Yesu sɛnea ɔbɔfo no kyerɛe ansa na wɔrenyinsɛn no no.

[22] Na wɔn ahodwira nna dui sɛnea Mose mmara se no, wɔde no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔma Awurade

[23] (sɛnea wɔakyerɛw Awurade mmara mu sɛ: Ɔbarima biara a obebue ɔyafunu ano no, wɔbɛfrɛ no kronkron ama Awurade,)

[24] na wɔakɔbɔ afɔre sɛnea ɛte Awurade mmara mu no: Nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien.

[25] Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi teɛ, osuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekye no, na Honhom Kronkron wɔ no so.

[26] Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhu owu, gye sɛ wahu Kristo a ɔyɛ Awurade no ansa.

[27] Na Honhom no ma ɔkɔɔ asɔrefi hɔ; na abofra Yesu no awofo de no bae sɛ wɔrebɛyɛ sɛnea mmara no te ama no no,

[28] ɔfaa no too n’abasa so, yii Onyankopɔn ayɛ na afei ɔkae sɛ:

[29] Awurade, afei woregya w’akoa kwan asomdwoe mu sɛnea w’asɛm se;

[30] efisɛ m’ani ahu wo nkwagye

[31] a woasiesie aman nyinaa anim,

[32] ɔkanea a ɛbɛma amanaman so atew na ɛbɛhyɛ wo man Israel anuonyam.

[33] Na nea wɔkae ne ho no yɛɛ n’agya ne ne na nwonwa.

[34] Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ: Hwɛ, abofra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel mu nnipa bebree asehwe ne sɔre ne sɛnkyerɛnne a wɔbɛkasa atia no,

[35] na wo nso, afoa behwirew w’ankasa kra mu, na koma bebree mu adwene ayi adi.

[36] Na odiyifo bea bi a wɔfrɛ no Hana wɔ hɔ. Ɔyɛ Fanuel ba a ofi Aser abusuakuw mu. Wanyin, na ɔwaree ne mmabaabere mu ne ne kunu tenae mfirihyia asɔn.

[37] Na ɔyɛ okunafo a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia aduɔwɔtwe anan, na ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee.

[38] Na dɔn no ara mu, ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Nyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a wobegye Yerusalem no nyinaa.

[39] Na wowiee amanne nyinaa yɛ sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurow Nasaret a ɛwɔ Galilea mu.

[40] Na abofra no nyinii, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Onyankopɔn adom wɔ no so.

[41] Na n’awofo kɔ Yerusalem daa afirihyia Twam afahyɛ ase.

[42] Na odii mfirihyia dumien no, wɔkɔe sɛnea afahyɛ no ho amanne te.

[43] Na wodii nna no wiei, na wɔresan aba no, abofra Yesu no kaa akyiri wɔ Yerusalem, nanso na n’awofo nnim.

[44] Na wosusuwii sɛ wafra nnipakuw no mu nti, wɔkɔɔ da koro kwan, na wɔhwehwɛɛ no wɔn abusuafo ne amannifo mu.

[45] Na wɔanhu no no, wɔsan baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no.

[46] Na ɛbae sɛ ne nnansa so no, wokohuu no wɔ asɔrefi sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm.

[47] Na wɔn a wotiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuae yɛɛ wɔn nwonwa.

[48] Na wohuu no no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na ne na see no sɛ: Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyeraw na ahwehwɛ wo.

[49] Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fi?

[50] Na wɔn de, wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

[51] Na ɔne wɔn siim san kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee ne komam.

[52] Na Yesu nyinii, nyansa ne kɛseyɛ, ne ɔsɔɔ Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu.

Asɛmpa No Sɛnea Luka Kyerɛw Mae — Chapters