Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:11

[1] Na obuu wɔn bɛ bi de kyerɛe sɛ etwa sɛ nnipa bɔ mpae daa a wɔmmrɛ ho

[2] sɛ: Ɔtemmufo bi tenaa kurow bi mu a onsuro Onyankopɔn, nanso ɔmfɛre nnipa.

[3] Na okunafo bi nso tenaa kurow no mu, na ɔbaa ne nkyɛn sɛ: Bu ntɛn gye me me tamfo nsam!

[4] Na wampene ma ɛkyɛe kakra. Na akyiri yi ɔkae ne tirim sɛ: Minsuro Onyankopɔn na memfɛre nnipa de,

[5] nanso okunafo yi haw me nti, mebu ntɛn mama no, na wamfa ne ba a ɔba daa no ammɛyeraw me ho.

[6] Na Awurade se: Muntie nea ɔtemmufo a ɔnteɛ yi ka!

[7] Na sɛ Onyankopɔn, tɔ ne bo ase kyɛ wɔn ho nso a, ɔremmu ntɛn nnye wɔn a wapaw wɔn a wosu frɛ no awia ne anadwo no anaa?

[8] Mise mo sɛ, obebu ntɛn agye wɔn ntɛm. Nanso onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi asase so?

[9] Na obuu binom a wɔde wɔn ho too wɔn ho so sɛ wɔteɛ na wommu wɔn a aka no bɛ yi sɛ:

[10] Nnipa baanu kɔɔ asɔrefi mpaebɔ; obiako yɛ Farisini, na obiako nso yɛ ɔtowgyeni.

[11] Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpae ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛnea nnipa a aka no te: Amimfo, nkontompofo, ayerefafo anaa mpo ɔtowgyeni yi mpo.

[12] Midi mmuada nnawɔtwe mu mpɛn abien, mede nea minya nyinaa so ntotoso du du mema.

[13] Na ɔtowgyeni no de ogyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ ɔsoro po, na mmom ɔbɔɔ ne koko kae sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛfo mmɔbɔ!

[14] Mise mo sɛ: Oyi de bem kɔɔ ne fi mmom sen obiako no; na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

[15] Na wɔde nkokoaa nso brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn; na asuafo no hui no, wɔkaa wɔn anim.

[16] Na Yesu frɛɛ mmofra no bae see asuafo no sɛ: Momma mmofra no mmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan! Na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea.

[17] Nokware mise mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni sɛ abofra no, ɔrenkɔ mu koraa.

[18] Na ɔpanyin bi bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?

[19] Na Yesu see no sɛ: Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako, ɔne Nyankopɔn.

[20] Wunim mmara nsɛm no: Nsɛe aware! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di w’agya ne wo na ni!

[21] Na ɔkae sɛ: Eyinom nyinaa, mifi me mmofraase na midii so.

[22] Na Yesu tee saa no, osee no sɛ: Ɛda so ka wo ade biako, kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro; na bra bedi m’akyi!

[23] Na ɔtee eyi no, ɛyɛɛ no awerɛhow sɛ; efisɛ ɔyɛ ɔdefo kɛse.

[24] Na Yesu hwɛɛ no kae sɛ: Sɛ moahu den a ɛyɛ ma asikafo ne adefo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu!

[25] Na ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.

[26] Na wɔn a wɔtee no kae sɛ: Ɛnne hena na wobetumi agye no nkwa?

[27] Na ɔkae sɛ: Nea entumi nyɛ hɔ nnipa fam no, Onyankopɔn fam de, ebetumi ayɛ hɔ.

[28] Na Petro se: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa na yɛabedi w’akyi.

[29] Na osee wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ: Obi nni hɔ a wagyaw ofi anaa ɔyere anaa anuanom anaa awofo anaa mma Onyankopɔn ahenni nti,

[30] na ɔrennya no mmɔho pii ɛbere yi mu, ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa.

[31] Na ɔfaa dumien no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na nneɛma a adiyifo no akyerɛw afa Onipa Ba no ho nyinaa bɛba mu.

[32] Na wobeyi no ahyɛ wiase aman sodifo nsa, na wɔagoru ne ho, na wɔabɔ no adapaa, na wɔatete ntasu agu no so,

[33] na wɔabɔ no mmaa, na wɔakum no, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre bio.

[34] Na wɔn de, wɔante eyinom biara ase, na asɛm yi ahintaw wɔn, na wɔanhu nea ɔkae no.

[35] Na ɛbae sɛ ɔrebɛn Yeriko no, na onifuraefo bi te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.

[36] Na ɔtee sɛ nkurɔfokuw bi retwam no, obisaa nea ɛrekɔ so.

[37] Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, Yesu Nasareni no na ɔretwam.

[38] Na ɔteɛɛm sɛ: Yesu, Dawid ba, hu me mmɔbɔ!

[39] Na wɔn a wodi kan no kaa n’anim sɛ ommua n’ano; nanso ɔkɔɔ so teɛteɛɛm dennen sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ!

[40] Na Yesu gyina hyɛe sɛ wɔmfa no mmrɛ no. Na ɔbɛnee no, obisaa no

[41] sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na ɔkae sɛ: Awurade, ma minhu ade.

[42] Na Yesu see no sɛ: Hu ade! Wo gyidi agye wo.

[43] Na amonom hɔ ara ohuu ade, na odii n’akyi de anuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa hui no, wɔde ayeyi maa Onyankopɔn.

Asɛmpa No Sɛnea Luka Kyerɛw Mae — Chapters