Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:22

[1] Na Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinhene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, Lisania di Abilene mansinhene,

[2] na Hana ne Kaiafa yɛ asɔfo mpanyin no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane nkyɛn sare so.

[3] Na ɔbaa Yordan ho, asase nyinaa so bɛkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔnefakyɛ mu,

[4] sɛnea wɔakyerɛw odiyifo Yesaia nsɛm nhoma no mu sɛ: Obi nne teɛm sare so sɛ: Munsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn nteɛ!

[5] Wɔbɛhyɛ abon nyinaa ma, na wɔabrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase; na nea akyea no bɛteɛ, na akwan abonkyiabonkyi ayɛ toromtorom.

[6] Na ɔhonam nyinaa behu Nyankopɔn nkwagye.

[7] Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw a wofi bae sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: Nhurutoa mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuw a ɛreba no ho?

[8] Na afei monsow aba a ɛfata adwensakra, na mummfi ase nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mise mo sɛ, Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham.

[9] Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw sɛ dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu.

[10] Na nkurɔfo akuwakuw no bisaa no sɛ: Na yɛnyɛ dɛn?

[11] Na obuaa wɔn sɛ: Nea ɔwɔ ntade abien no, ma no nkyɛ mu mma nea onni bi, na nea ɔwɔ aduan no, ɔnyɛ saa ara.

[12] Na towgyefo nso bae sɛ ɔmmɔ wɔn asu, na obisaa wɔn sɛ: Kyerɛkyerɛfo, dɛn na yɛnyɛ?

[13] Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnnye nkyɛn nea wɔatwa ato hɔ no.

[14] Na asraafo nso bisaa no sɛ: Yɛn nso yɛnyɛ dɛn? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnyɛ obiara haihai, nso mommfa asɛm nto obi so kwa, na momma mo akatua nsɔ mo ani.

[15] Na esiane sɛ ɔman no hwɛ kwan, na wɔn nyinaa susuw wɔn komam sɛ ebia Yohane ne Kristo no nti,

[16] Yohane ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me de, mede nsu mebɔ mo asu; na nea ne ho yɛ den sen me reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.

[17] Ɔno na ne nhuwso apaawa kita ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowee hɔ fitaa, na waboaboa awi no ano agu ne san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde gya a ennum da bɛhyew.

[18] Na nneɛma pii nso ka ho a ɔde tuu ɔman no fo kaa asɛmpa kyerɛɛ wɔn.

[19] Na ɔmansinhene Herode, ne nua yere Herodia ho bɔne a wayɛ a Yohane kaa n’anim nti,

[20] ɔde eyi kaa ne nyinaa ho de Yohane too afiase.

[21] Na ɛbae sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei,

[22] na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aborɔnoma baa no so, na ɛnne bi fi soro kae sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.

[23] Yesu fii n’adwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfirihyia aduasa, (na nkurɔfo dwen sɛ ɔyɛ Yosef ba), Eli ba,

[24] Mattat ba, Lewi ba, Melki ba, Yanai ba, Yosef ba,

[25] Matatia ba, Amos ba, Nahum ba, Hesli ba, Nagai ba,

[26] Mahat ba, Matatia ba, Semein ba, Yosek ba, Yoda ba,

[27] Yohanan ba, Resa ba, Serubabel ba, Sealtiel ba, Neri ba,

[28] Melki ba, Adi ba, Kosam ba, Elmadam ba, Er ba,

[29] Yesu ba, Eliesa ba, Yorim ba, Matat ba, Lewi ba,

[30] Simeon ba, Yuda ba, Yosef ba, Yonam ba, Eliakim ba,

[31] Melea ba, Mena ba, Matata ba, Natan ba, Dawid ba,

[32] Yese ba, Obed ba, Boas ba, Sala ba, Nahson ba,

[33] Aminadab ba, Admin ba, Arni ba, Hesron ba, Peres ba, Yuda ba,

[34] Yakob ba, Isak ba, Abraham ba, Tera ba, Nahor ba,

[35] Serug ba, Reu ba, Peleg ba, Eber ba, Sala ba,

[36] Kainan ba, Arfaksad ba, Sem ba, Noa ba, Lamek ba,

[37] Metusela ba, Enok ba, Yared ba, Mahalaleel ba, Kainan ba,

[38] Enos ba, Set ba, Adam ba, Onyankopɔn ba.

Asɛmpa No Sɛnea Luka Kyerɛw Mae — Chapters