[1] Ɛnna nnipakuw no nyinaa sɔre de no kɔɔ Pilato anim.
[2] Na wofii ase totoo n’ano sɛ: Yɛahu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabra sɛ wonnyi tow mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo no.
[3] Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na obuaa no sɛ: Woaka.
[4] Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Minhu afobusɛm biara onipa yi mu.
[5] Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ofii ase Galilea na ɔde abedu ha yi.
[6] Na Pilato tee Galilea din no, obisae sɛ onipa no yɛ Galileani anaa?
[7] Na ohui sɛ ofi Herode asase so no, ɔma wɔde no kɔmaa Herode; na nna no mu no, na ɔno ankasa nso wɔ Yerusalem.
[8] Herode huu Yesu no, n’ani gyei sɛ; efisɛ ɔpɛe sɛ ohu no akyɛ, na wate ne ho nsɛm ntia. Na n’ani da so sɛ ɔbɛyɛ sɛnkyerɛnne bi na wahu.
[9] Na obisabisaa no nsɛm bebree, nanso wammua no.
[10] Nso na asɔfo mpanyin ne Akyerɛwfo no gyina hɔ, na wɔtoto n’ano ara.
[11] Na Herode ne ne dɔm bɔɔ no adapaa, goruu ne ho, na ɔhyɛɛ no atade hanahana bi de no kɔmaa Pilato bio.
[12] Na da no ara na Pilato ne Herode faa adamfo; na kan no de, na anka wɔyɛ aka.
[13] Na Pilato frɛɛ asɔfo mpanyin ne mpanyimfo ne ɔman no boaa ano
[14] ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mode onipa yi abrɛ me sɛ obi a ɔsɛe ɔman; na hwɛ, mahwehwɛ no mu mo anim, na manhu nsɛm a mode totoo n’ano no mu afobusɛm biara onipa yi mu.
[15] Herode nso anhu; na ɔma wɔde no brɛɛ me, na hwɛ, ɔnyɛɛ nea ɛfata sɛ wokum no.
[16] Enti mɛhwe no, na magyaa no.
[17] [Nso ɛsɛ no sɛ daa, afahyɛ no mu, ogyaa ɔdeduani biako ma wɔn].
[18] Na wɔn nyinaa teɛɛm prɛko sɛ: Fa oyi kɔ, na gyaa Baraba ma yɛn!
[19] (Ɔno na sakasaka bi a ɔkɔyɛe kurow no mu hɔ ne awudi nti wɔde no akɔto afiase).
[20] Na Pilato pɛe sɛ ogyaa Yesu nti, ɔkasa kyerɛɛ wɔn bio.
[21] Na wɔteɛɛm sɛ: Bɔ no asɛnnua mu, bɔ no asɛnnua mu!
[22] Na ɔkaa nea ɛto so abiɛsa kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Manhu nea ɛfata sɛ wokum no, enti mɛhwe no, na magyaa no.
[23] Na wɔde nne kɛse kɔɔ so kae sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu; na wɔn nne boroo ne de so.
[24] Na Pilato buu atɛn sɛ ɛnyɛ sɛnea wobisae no.
[25] Na ogyaa nea sakasaka ne awudi nti wɔde no kɔtoo afiase a wɔsrɛɛ no no maa wɔn, na Yesu de, oyii no mae sɛnea wɔpɛ.
[26] Na wɔde no rekɔ no, wosoo Simon, ɔbarima bi a ofi Kirene a ofi n’afum reba no mu, na wɔde asɛnnua no too no so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi.
[27] Na ɔman no mu nnipakuw kɛse dii n’akyi, ne mmea a wɔredi no nkɔmmɔ na wɔresu no.
[28] Na Yesu dan n’ani kyerɛɛ wɔn kae sɛ: Yerusalem mmabea, munnsu me, na munsu mo ho ne mo mma!
[29] Na hwɛ, nna bi reba a wɔbɛka sɛ: Nhyira ne abonin ne ɔyafunu a ɛnwoe da ne nufu a wonnumii da.
[30] Ɛnna wobefi ase aka akyerɛ mmepɔw sɛ: Monhwe yɛn so! Ne nkoko sɛ: Monkata yɛn so!
[31] Na sɛ wɔde eyi reyɛ duamono a, dɛn na wɔde bɛyɛ duwui?
[32] Na wɔde nnebɔneyɛfo baanu nso kaa ne ho kɔe sɛ wonkokum wɔn.
[33] Na woduu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea no, ɛhɔ na wɔsɛn no ne nnebɔneyɛfo no, obiako wɔ ne nifa, na obiako wɔ benkum.
[34] Na Yesu kae sɛ: Agya, fa kyɛ wɔn, na wonnim nea wɔreyɛ! Na wɔtweee ntonto de kyɛɛ ne ntama mu.
[35] Na ɔman no gyina hɔ rehwɛ. Na mpanyimfo no nso yii no ahii sɛ: Ogyee binom; sɛ oyi ne Kristo no a Onyankopɔn ayi no no a, ma onnye ne ho ɛ!
[36] Na asraafo no nso goruu ne ho, na wɔbaa ne nkyɛn bɛmaa no nsa kekakeka,
[37] na wɔkae sɛ: Sɛ woyɛ Yudafo hene a, gye wo ho!
[38] Na nkyerɛwee bi nso wɔ n’atifi sɛ: Oyi ne Yudafo hene.
[39] Na nnebɔneyɛfo a wɔasɛn wɔn no mu biako yaw no sɛ: Ɛnyɛ wo ne Kristo no? Gye wo ho ne yɛn!
[40] Na obiako no buaa no kaa n’anim sɛ: Wo nso wunsuro Onyankopɔn sɛ wowɔ afobu koro yi ara mu yi?
[41] Na yɛn de de, ɛteɛ pɛpɛɛpɛ, na yɛanya nea ɛsɛ yɛn nneyɛe no; na oyi de, ɔnyɛɛ mfomso ade biara.
[42] Na ɔkae sɛ: Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a, kae me!
[43] Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokware mise wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho Paradise hɔ.
[44] Na ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so asia no, esum duruu asase nyinaa so de kosii dɔn a ɛto so akron.
[45] Na owia duruu sum; na asɔredan mu ntama a etwa mu no mfinimfini tewee.
[46] Na Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ. Na ɔkaa saa no, ogyaa mu.
[47] Na asraafo ha so panyin no huu nea aba no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa trenee.
[48] Na nkurɔfo akuwakuw a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ ade no nyinaa huu nea aba no, wɔbobɔɔ wɔn koko so san kɔe.
[49] Na n’amannifo nyinaa ne mmea a wodii n’akyi fii Galilea no abegyina akyirikyiri rehwɛ nneɛma yi.
[50] Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔyɛ baguani na ɔyɛ onipa pa na ɔteɛ,
[51] no de, wampene wɔn agyina ne wɔn nneyɛe no so. Ofi Yudafo kurow Arimatea mu, na ɔno ankasa nso retwɛn Nyankopɔn ahenni no.
[52] Ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ no Yesu amu no.
[53] Na okoyi kyekyee no nwera mu, na ɔde kɔtoo ɔda a wɔatwa no ɔbo mu a onipa bi nnaa mu da mu.
[54] Na ɛda no yɛ ahosiesie da, na homeda rebɛn.
[55] Na mmea no nso a wɔne no fi Galilea bae no dii akyi kɔhwɛɛ ɔda no ne sɛnea wɔde n’amu no too mu fae.
[56] Na wɔsan besiesiee nnuru ne ngo huamhuam; na homeda no wɔyɛɛ komm homee sɛnea mmara no te no.