Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:38

[1] Na ɔretwam no, ohuu onipa bi a n’ani afura fi n’awo mu.

[2] Na n’asuafo no bisaa no sɛ: Rabi, hena na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n’agya ne ne na, sɛ wɔwoo no onifuraefo yi?

[3] Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ oyi anaa n’agya ne ne na na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Onyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ no mu.

[4] Ɛsɛ yɛn sɛ adekyee wɔ hɔ yi, yɛyɛ nea ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.

[5] Mewɔ wiase yi, mene wiase hann.

[6] Ɔkaa saa no, ɔtow ntasu guu fam, na ɔde ntasu no fraa dɔte, na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so,

[7] na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so ɔtare Siloa (a ne nkyerɛase ne: Nea wɔasoma no) mu. Ɛnna osiim kɔe kɔhohoroo so, na ɔbae na ohu ade.

[8] Ɛnna afipamfo ne wɔn a kan wohuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfo no kae sɛ: Ɛnyɛ oyi na ɔte hɔ srɛsrɛ ade no?

[9] Ebinom se: Ɔno ni! Na afoforo se: Ɔte sɛ ɔno. Na n’ankasa se: Mene no.

[10] Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na w’ani buei?

[11] Obua kae sɛ: Onipa bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔfɔtɔw dɔte de sraa m’ani so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ ɔtare Siloa mu kɔhohoro so. Na mekɔ mekɔhohoroo so no, na mihuu ade.

[12] Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔwɔ he? Ose: Minnim.

[13] Wɔde nea anka ɔyɛ onifuraefo no kɔɔ Farisifo nkyɛn.

[14] Nso da a Yesu fɔtɔw dɔte na obuee n’ani no yɛ homeda.

[15] Ɛnna Farisifo no nso bisaa no bio sɛnea ɛyɛe na ohuu ade. Na osee wɔn sɛ: Dɔte na ɔde sraa m’ani so, na mekɔhohoroo so, na mihu ade yi.

[16] Ɛnna Farisifo no mu bi kae sɛ: Onipa yi mfi Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ onni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ɔdebɔneyɛfo betumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛɛ yi? Na mpaepaemu baa wɔn mu.

[17] Ɛnna wosee onifuraefo no bio sɛ: Wo nso, wabue w’ani yi, dɛn na woka wɔ ne ho? Na ose: Ɔyɛ odiyifo.

[18] Nso Yudafo no nnye ne ho nsɛm no nni, sɛ anka ɔyɛ onifuraefo na ohuu ade, de kosii sɛ wɔfrɛɛ nea ohuu ade no awofo,

[19] na wobisaa wɔn sɛ: Mo ba a moka sɛ wɔwoo no onifuraefo no ni anaa? Afei ɛyɛɛ dɛn na ohu ade yi?

[20] N’awofo buaa wɔn kae sɛ: Yenim sɛ yɛn ba ni, na wɔwoo no onifuraefo;

[21] na sɛ ɛyɛe na afei ohu ade yi de, yennim. Na bio nso onipa ko a obuee n’ani no, yɛn de, yennim; mummisa no, wanyin, na ɔno ara bɛkasa ama ne ho.

[22] N’awofo kaa eyi, efisɛ wosuro Yudafo no; na Yudafo no apam dedaw sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔne Kristo no a, wobetu no afi hyiadan mu.

[23] Eyi nti na n’awofo kae sɛ: Wanyin, mummisa no.

[24] Ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifuraefo no, mprenu so, na wosee no sɛ: Fa anuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn de, yenim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛfo.

[25] Ɛnna obua kae sɛ: Sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo a, minnim; ade biako na minim, sɛ anka meyɛ onifuraefo, na afei de, mihu ade.

[26] Na wosee no sɛ: Dɛn na ɔyɛɛ wo? Obuee w’ani no dɛn?

[27] Obuaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo dedaw, na moante? Dɛn na mopɛ sɛ mote bio? Mo nso mopɛ sɛ modan n’asuafo?

[28] Wɔyaw no, na wɔkae sɛ: Wo na woyɛ ne suani; yɛn de, Mose asuafo ne yɛn.

[29] Yenim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose; na oyi de, yennim faako a ofi.

[30] Onipa no bua see wɔn sɛ: Eyi na ɛyɛ nwonwa sɛ munnim nea ofi, nanso obuee m’ani.

[31] Na yenim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfo; na sɛ obi fɛre Onyankopɔn na ɔyɛ nea ɔpɛ a, ɔno na otie no.

[32] Efi wiase mfiase wɔntee sɛ obi abue nea wɔwoo no onifuraefo ani pɛn.

[33] Sɛ oyi mfi Nyankopɔn nkyɛn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee.

[34] Wobua see no sɛ: Wo de, bɔne mu koraa na wɔwoo wo, na wo na wokyerɛkyerɛ yɛn? Na wɔpam no fii adi.

[35] Yesu tee sɛ wɔapam no afi adi; na ohuu no no, ɔkae sɛ: Wugye Onipa Ba no di anaa?

[36] Obuae sɛ: Hena ne no, Owura, na minnye no minni?

[37] Na Yesu see no sɛ: Woahu no, na nea ɔne wo rekasa yi, ɔne no.

[38] Na ose: Migye midi, Awurade! Na ɔkotow sɔree no.

[39] Na Yesu kae sɛ: Atemmu nti na mebaa wiase, na wɔn a wonhu ade no ahu, na wɔn a wohu ade no adan anifuraefo.

[40] Na Farisifo no mu bi a wɔne no wɔ hɔ no tee nsɛm yi, na wosee no sɛ: Na yɛn nso yɛyɛ anifuraefo?

[41] Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ moyɛ anifuraefo a, anka munni bɔne; na afei muse: Yehu, enti na mo bɔne aka.

Asɛmpa No Sɛnea Yohane Kyerɛw Mae — Chapters