[1] Eyinom na maka makyerɛ mo na moanhintiw.
[2] Wobetu mo afi hyiadan mu; mpo ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn.
[3] Na wɔbɛyɛ eyinom, efisɛ wonhuu Agya no ne me ɛ.
[4] Na maka eyinom makyerɛ mo, na sɛ bere no du a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo eyinom mamfi mfiase, efisɛ me ne mo wɔ hɔ.
[5] Na afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekɔ?
[6] Na sɛ maka eyinom makyerɛ mo nti, awerɛhow ahyɛ mo koma ma.
[7] Na meka mo nokware, eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.
[8] Na ɔno de, sɛ ɔba a, obeyi wiase ntɛn bɔne ne trenee ne atemmu ho!
[9] Bɔne ho, efisɛ wonnye me nni;
[10] ne trenee ho, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na munhu me bio;
[11] ne atemmu ho, efisɛ wɔabu wiase sodifo no atɛn.
[12] Mewɔ nsɛm pii bio meka mekyerɛ mo, nanso muntumi nsoa mprempren.
[13] Na sɛ ɔno, nokware Honhom no nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu. Na emfi n’ankasa mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛte no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma a ɛreba.
[14] Ɔno na ɔbɛhyɛ me anuonyam; efisɛ ɔbɛfa me de bi na ɔde abɛkyerɛ mo.
[15] Nneɛma a m’Agya wɔ nyinaa yɛ me dea; eyi nti na mekae sɛ: Ɔbɛfa me de bi na ɔde abɛkyerɛ mo.
[16] Aka kakraa na munhu me; na bio aka kakraa mubehu me.
[17] Ɛnna n’asuafo no mu binom kekae wɔn mu sɛ: Dɛn na ose yɛn sɛ: Aka kakraa na munhu me, na bio aka kakraa mubehu me, ɛne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi?
[18] Ɛnna wose: Dɛn ne nea ɔka yi sɛ: Aka kakraa? Yenhu nea ɔka yi.
[19] Ɛnna Yesu hui sɛ wɔpɛ abisa no, na osee wɔn sɛ: Eyi ho na mubisabisa wɔ mo mu, sɛ mekae sɛ: Aka kakraa na munhu me, na bio aka kakraa mubehu me.
[20] Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mubesu na moatwa adwo, na wiasefo ani begye; na mo de, mo werɛ bɛhow; nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye.
[21] Ɔbea, sɛ ɔrewo a, ɔte yaw, efisɛ ne dɔn adu; na sɛ onya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigye a wanya sɛ wawo onipa aba wiase no nti.
[22] Na mo nso, afei de, mowɔ awerɛhow; na mehu mo bio, na mo koma bɛtɔ mo yam, na mo anigye no, obi rennye mo nsam.
[23] Na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.
[24] Ɛde bedu sesɛɛ de, monsrɛɛ biribi me din mu ɛ; monsrɛ, na mubenya, na mo anigye awie pɛyɛ.
[25] Eyinom na maka mo mmebu mu; na bere no reba a merenkasa menkyerɛ mo mmebu mu bio, na mɛka Agya no ho asɛm makyerɛ mo pefee.
[26] Da no na mobɛsrɛ me din mu, na menka menkyerɛ mo sɛ mebisa Agya no mama mo;
[27] na Agya no ankasa dɔ mo, efisɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mifi Nyankopɔn nkyɛn na mebae.
[28] Mifii Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefi wiase na makɔ Agya no nkyɛn.
[29] N’asuafo no see no sɛ: Hwɛ, afei de, wokasa pefee, na wummu bɛ biara.
[30] Afei yɛahu sɛ wunim nneɛma nyinaa, na enhia wo sɛ obi bisa wo; eyi mu na yegye di sɛ wufii Nyankopɔn nkyɛn na ɛbae.
[31] Yesu bisaa wɔn sɛ: Afei de, mugye di anaa?
[32] Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkurow mu, na moagyaw me nko; nanso ɛnkaa me nko ɛ, efisɛ Agya no ka me ho.
[33] Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.