Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:02

[1] Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.

[2] Ɔno ara na mfiase no ɔne Nyankopɔn wɔ hɔ.

[3] Ɛnam no so na wɔyɛɛ ade nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛe.

[4] Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann;

[5] na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni so.

[6] Onipa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn somaa no a ne din de Yohane.

[7] Ɔno na ɔbaa adansedi sɛ ɔrebedi hann no ho adanse, na nnipa nyinaa nam no so agye adi.

[8] Ɛnyɛ ɔno ne hann no, na mmom ɔbae sɛ ɔrebedi hann no ho adanse.

[9] Nokware hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no wɔ hɔ, na ɛno na ɛreba wiase yi.

[10] Ɔwɔ wiase dedaw, na wɔnam no so na ɛyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no.

[11] Ɔbaa n’ankasa ne de mu, na wɔn a wɔyɛ n’ankasa de no annye no.

[12] Na dodow a wogyee no no, wɔn a wogye ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma

[13] a emfi mogya anaasɛ nea ɔhonam pɛ anaa nea ɔbarima pɛ mu, na mmom efi Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.

[14] Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.

[15] (Yohane dii ne ho adanse, na ɔteɛɛm sɛ: Oyi ne nea mekae sɛ: Nea odi m’akyi reba no, wadi m'anim, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.)

[16] Na efi ne mayɛ mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom so.

[17] Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na adom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae.

[18] Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.

[19] Eyi ne Yohane adanse bere a Yudafo somaa asɔfo ne Lewifo fi Yerusalem sɛ wonkɔbisa no sɛ: Woyɛ hena no.

[20] Na ɔpaee mu kae, na wansan; na ɔpaee mu kae sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no.

[21] Na wobisaa no sɛ: Ɛnne na hena ne wo? Wone Elia? Na ose: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifo no? Na obuae sɛ: Dabi.

[22] Ɛnna wosee no sɛ: Ɛhena ne wo? Na yennya bi nkobua wɔn a wɔsomaa yɛn no; woka wo ho asɛm bɛn?

[23] Ose: Mene ɛnne a ɛteɛm sare so sɛ: Monteɛ Awurade kwan! Sɛnea Odiyifo Yesaia kae no.

[24] Nso na wɔn a wɔsomaa wɔn no fi Farisifo mu.

[25] Na wobisaa no sɛ: Sɛ wonyɛ Kristo no anaa Elia anaa odiyifo no a, ɛnne adɛn nti na wobɔ asu yi?

[26] Yohane buaa wɔn sɛ: Me de, mebɔ asu nsu mu, na obi a munnim no gyina mo mfinimfini.

[27] Ɔno ne nea odi m’akyi reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama mpo.

[28] Eyinom bae wɔ Betania, Yordan agya noho, faako a Yohane rebɔ asu hɔ.

[29] Ade kyee no, Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ose: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.

[30] Oyi ne nea mekae wɔ ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m’akyi reba a ɔsen me mpo, efisɛ odii m'anim kan.

[31] Na me de, anka minnim no; na sɛ wobeyi no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsu mu.

[32] Na Yohane dii adanse sɛ: Mihuu Honhom no sɛ ofi soro resian sɛ aborɔnoma, na ɔbɛtenaa no so.

[33] Na me de, anka minnim no, na nea ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsu mu no, ɔno ara na osee me sɛ: Nea wubehu sɛ Honhom no resian abɛtena no so no, ɔno ne nea ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu.

[34] Na mahu na madi adanse sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.

[35] Ade kyee bio no, na Yohane ne n’asuafo mu baanu gyina hɔ.

[36] Na ohuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkae sɛ: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa no ni.

[37] Na asuafo baanu no tee sɛ ɔrekasa, na wokodii Yesu akyi.

[38] Na Yesu dan ne ho na ohuu wɔn sɛ wodi n’akyi no, obisaa wɔn sɛ: Mohwehwɛ dɛn? Na wosee no sɛ: Rabi (a ne nkyerɛase ne kyerɛkyerɛfo), ɛhe na wote?

[39] Osee wɔn sɛ: Mommra mmɛhwɛ! Enti wɔkɔe, na wokohuu nea ɔte; na wɔtenaa ne nkyɛn ɛda no; na ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so du.

[40] Andrea, Simon Petro ne nua, yɛ baanu no a wɔtee sɛ Yohane rekasa na wodii n’akyi no mu biako.

[41] Ɔno na ohuu n’ankasa ne nua Simon kan, na osee no sɛ: Yɛahu Mesaia (a ne nkyerɛase ne Kristo) no.

[42] Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu huu no no, ɔkae sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛase ne Petro.)

[43] Ade kyee no, Yesu pɛe sɛ ofi hɔ kɔ Galilea; na ohuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi!

[44] Nso Filipo fi Betsaida, Andrea ne Petro kurom.

[45] Filipo huu Natanael, na osee no sɛ: Nea Mose, wɔ mmara no mu, ne adiyifo no kyerɛw ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ofi Nasaret no.

[46] Na Natanael see no sɛ: So biribi pa bi betumi afi Nasaret da? Filipo see no sɛ: Bra bɛhwɛ!

[47] Yesu huu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkae wɔ ne ho sɛ: Hwɛ, nokware Israelni a nnaadaa nni ne mu ni!

[48] Natanael see no sɛ: Ɛdɛn na wode huu me? Yesu bua see no sɛ: Filipo nnya mfrɛɛ wo na wowɔ borɔdɔma no ase no na mihuu wo.

[49] Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Nyankopɔn ba, wone Israel hene.

[50] Yesu bua see no sɛ: Esiane sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ mihuu wo borɔdɔma no ase nti na ɛma wugye di yi? Wubehu nneɛma akɛse a ɛsen eyinom.

[51] Na osee no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokwarem pa ara sɛ, mubehu ɔsoro sɛ abue, na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian Onipa Ba no so.

Asɛmpa No Sɛnea Yohane Kyerɛw Mae — Chapters