Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:31

[1] Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, nea ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu, na ɔforo fa baabi no, yɛ owifo ne odwowtwafo;

[2] na nea ɔfa ɔpon ano kɔ mu no, ne nguan no hwɛfo.

[3] Ɔno na ɔponanohwɛfo hiɛ ma no, na nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi.

[4] Na ɔma n’ankasa nguan fi adi a, odi wɔn anim; na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne.

[5] Na ɔhɔho de, wɔrenni n’akyi, wobeguan no, efisɛ wonnim ananafo nne.

[6] Yesu de bɛ yi buu wɔn; na wɔn de, wɔanhu asɛm ko a ɔkaa wɔn no.

[7] Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mene nguan no pon no.

[8] Wɔn a wodii me kan bae no nyinaa yɛ awifo ne adwowtwafo; na nguan no antie wɔn.

[9] Mene ɔpon no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wobegye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na obefi adi, na obenya adidibea.

[10] Owifo mma, gye sɛ ɔrebewia, na wakum, na wasɛe; na me de, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmoroso.

[11] Mene guanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan no;

[12] na ɔpaani a ɔnyɛ oguanhwɛfo na nguan no nyɛ ne dea no hu pataku sɛ ɔreba a, ogyaw nguan no guan; na pataku no bɛkyere wɔn bɔ wɔn hwete.

[13] Na ɔpaani guan, efisɛ ɔyɛ ɔpaani, na onnwen nguan no ho.

[14] Mene guanhwɛfo pa no; na minim me de, na me de nso nim me,

[15] sɛnea Agya no nim me, na me nso minim Agya no. Na mede me kra meto hɔ mema nguan no.

[16] Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.

[17] Eyi nti na agya no dɔ me, efisɛ mede me nkwa meto hɔ, na mafa bio.

[18] Obi nnye me nsam, na m’ankasa na mede meto hɔ; mewɔ ho kwan sɛ mede meto hɔ, na mewɔ ho kwan sɛ mefa bio; ahyɛde yi na minyae m’Agya nkyɛn.

[19] Ɛnna nsɛm yi nti mpaepaemu baa Yudafo no mu bio.

[20] Na wɔn mu bebree kae sɛ: Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam; adɛn nti na mutie no?

[21] Ebinom se: Nsɛm yi nyɛ nea ɔwɔ honhommɔne nsɛm. Honhommɔne betumi abue anifuraefo ani anaa?

[22] Na Asɔrefidwira afahyɛ adu wɔ Yerusalem, na awɔw bere aba.

[23] Na Yesu nenam asɔrefi Solomon abrannaa so.

[24] Ɛnna Yudafo betwaa ne ho hyiae, na wosee no sɛ: Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee.

[25] Yesu buaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo, na munnye nni; nnwuma a meyɛ m’agya din mu no, ɛno na edi me adanse.

[26] Na mo de, munnye nni; efisɛ mumfi me nguan no mu.

[27] Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi;

[28] na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhuam wɔn mfi me nsam da.

[29] M’agya a ɔde wɔn maa me no so sen nneɛma nyinaa; na obi rentumi nhuam wɔn m’agya nsam.

[30] Me ne agya no yɛ baako.

[31] Ɛnna Yudafo no tasee abo bio sɛ wɔde rebesiw no.

[32] Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a efi Agya no nkyɛn; emu nea ɛwɔ he nti na morebesiw me abo yi?

[33] Yudafo no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebesiw wo abo, na abususɛm nti, efisɛ wo a woyɛ onipa yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn.

[34] Yesu buaa wɔn sɛ: Wɔnkyerɛw mo mmara mu sɛ: Mekae sɛ: Moyɛ anyame?

[35] Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wontumi nsan kyerɛw no a,

[36] adɛn nti na moka nea Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, sɛ mekae sɛ: Onyankopɔn Ba ne me nti?

[37] Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnne munnnye me nnni;

[38] na sɛ meyɛ, na me de munnye me nni a, munnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahu sɛ Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ no mu.

[39] Ɛnna wɔhwehwɛe bio sɛ wɔkyere no, na ofii wɔn nsa kɔe.

[40] Na osiim kɔɔ Yordan agya noho bio wɔ faako a Yohane bɔɔ asu kan no, na ɔkɔtenaa hɔ.

[41] Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yohane anyɛ sɛnkyerɛnne bi de, nanso nneɛma a Yohane kae wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokware.

[42] Na nnipa pii gyee no dii wɔ hɔ.

Asɛmpa No Sɛnea Yohane Kyerɛw Mae — Chapters