[1] Mommma mo koma nntutu! Munnye Onyankopɔn nni, na me nso, munnye me nni.
[2] Tenabea pii wɔ m’agya ofi; sɛ ɛnte saa a, anka mɛka makyerɛ mo sɛ merekɔ makosiesie baabi mama mo anaa?
[3] Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.
[4] Na faako a merekɔ no, munim hɔ kwan nso.
[5] Toma see no sɛ: Awurade, yennim faako a worekɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yebetumi ahu kwan?
[6] Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.
[7] Sɛ munim me a, anka moahu m’agya no nso; na efi nnɛ munim no, na moahu no.
[8] Filipo see no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara dɔɔso ma yɛn.
[9] Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dedaadaw yi, munhuu me anaa, Filipo? Nea wahu me no ahu Agya no, na adɛn nti na wuse: Kyerɛ yɛn Agya no?
[10] Wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, emfi m’ankasa me tirim ne meka, na Agya a ɔte me mu no, ɔno na ɔyɛ nnwuma no.
[11] Munnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti munnye me nni!
[12] Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m’Agya no nkyɛn.
[13] Na biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya anuonyam ɔba no mu.
[14] Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me de, mɛyɛ.
[15] Sɛ modɔ me a, munni m’ahyɛde so!
[16] Na me de, mebisa agya no, na wama mo Okyigyinafo foforo, na ɔne mo abɛtena daa:
[17] nokware honhom a wiase ntumi nnye no no, efisɛ enhu no, nanso ennim no; na mo de, munim no, efisɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu.
[18] Merennyaw mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn.
[19] Ate kakraa na wiase nhu me bio; na mo de, muhu me, efisɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase.
[20] Da no ara mubehu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu.
[21] Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.
[22] Yuda (ɛnyɛ Iskariot no) see no sɛ: Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebeyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase?
[23] Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.
[24] Nea ɔnnɔ me no nni me nsɛm so; na asɛm a mote no nyɛ me dea, na ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea.
[25] Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka mo eyinom;
[26] na okyigyinafo a ɔne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.
[27] Asomdwoe na mede migyaw mo, m’asomdwoe na mede mema mo; ɛnyɛ sɛnea wiase ma na mema mo. Mommma mo koma nntutu, nanso mommma no mmɔ mo hu!
[28] Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani begye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, efisɛ m’Agya no yɛ kɛse sen me.
[29] Afei maka makyerɛ mo ansa na aba, na sɛ enya ba a, moagye adi.
[30] Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifo no reba, nanso ɔrennya me hɔ hwee.
[31] Nanso meyɛ sɛnea Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yemfi ha nkɔ!