Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:31

[1] Na Twam afahyɛ no rebedu no, Yesu nim sɛ ne dɔn adu sɛ ɔrebefi wiase akɔ agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase.

[2] Na wɔrebedidi no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, komam sɛ onkoyi no mma,

[3] na Yesu nim sɛ Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ofii Nyankopɔn nkyɛn na ɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn nti,

[4] ɔsɔre fii adidii, na oyii n’atade guu hɔ, na ɔfaa mpopaho de kyekyeree ne ho.

[5] Na afei ohwiee nsu guu bokiti no mu, na ofii ase hohoroo asuafo no anan ho, na ɔde mpopaho a ɔde kyekyeree ne ho no popaa ho.

[6] Ɛnna obeduu Simon Petro so; na ɔno de, osee no sɛ: Awurade, wo na worehohoro m’anan ho yi?

[7] Yesu bua see no sɛ: Nea mereyɛ yi, worente ase seisei, na akyiri no na wobɛte.

[8] Petro see no sɛ: Meremma wonhohoro me nan ho da! Yesu see no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wunni m’afa.

[9] Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ho ne me tirim nso bi.

[10] Yesu see no sɛ: Nea waguare no, enhia no aguare, gye ne nan ho hohoro, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa.

[11] Na onim nea obeyi no ama; eyi nti na ɔkae sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afi, no.

[12] Ɛnna owiee wɔn nan ho hohoro na ɔfaa n’atade na ɔtenaa ase bio no, osee wɔn sɛ: Moahu nea mayɛ mo yi?

[13] Mo de, mofrɛ me kyerɛkyerɛfo ne Awurade, na moka nokware; na meyɛ.

[14] Afei sɛ me, Awurade ne kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ mo nso sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho.

[15] Na mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.

[16] Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Akoa nsen ne wura, na ɔsomafo nsen nea ɔsomaa no.

[17] Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo.

[18] Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me de, minim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu sɛ: Nea odi m’abodoo no na wama ne nantin so atia me.

[19] Afei mise mo ansa na aba, na sɛ enya ba a, moagye adi sɛ mene no.

[20] Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye obi a mesomaa no no, ogye me; na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no.

[21] Yesu kaa saa no, ne ho yeraw no honhom mu, na odii adanse sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, mo mu biako beyi me ama.

[22] Ɛnna asuafo no hwehwɛɛ wɔn ho anim, wonhu onii ko a ɔde no.

[23] Na asuafo no mu biako a Yesu dɔ no tweri Yesu kokom;

[24] ɛnna Simon Petro buu no ani see no sɛ: Bisa no nea ɔka ne ho asɛm no.

[25] Enti ɔpa twerii Yesu kokom see no sɛ: Awurade, ɛyɛ hena?

[26] Yesu buae sɛ: Ɔno ne nea mede abodoo sin mɛbɔ mu mama no no. Na ɔde abodoo sin no bɔɔ mu maa Yuda Iskariot, Simon ba no.

[27] Na ogyee abodoo sin no akyi no, ɛno na Satan hyɛn no mu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm!

[28] Na eyi de, wɔn a wɔte adidii no mu biara anhu nea enti a ɔkaa saa kyerɛɛ no.

[29] Na ebinom susuwii sɛ Yuda kura kotoku no nti na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔtotɔ nea ehia yɛn sie afahyɛ no, anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafo.

[30] Ɛnna ogyee abodoo sin no no, ntɛm ara na ofii adi; na ɛyɛ anadwo.

[31] Ɛnna ofii adi no, Yesu kae sɛ: Afei wɔahyɛ Onipa Ba no anuonyam, na Onyankopɔn anya no mu anuonyam.

[32] Sɛ Onyankopɔn anya no mu anuonyam a, Onyankopɔn nso bɛhyɛ no anuonyam n’ankasa ne mu, na ɔbɛhyɛ no anuonyam ntɛm.

[33] Mma nkumaa, bere tiaa bi na aka a me ne mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛnea meka mekyerɛɛ Yudafo no sɛ: Faako a merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ no, saa ara na afei mise mo nso.

[34] Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!

[35] Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.

[36] Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛhe na worekɔ? Yesu buaa no sɛ: Faako a merekɔ no, wuntumi nni m’akyi mprempren; na akyiri no na wubedi m’akyi.

[37] Petro see no sɛ: Awurade, ɛdɛn nti na mintumi minni w’akyi mprempren? Mede me kra mɛto hɔ mama wo.

[38] Yesu buaa no sɛ: Wode wo kra bɛto hɔ ama me? Mereka akyerɛ wo nokware mu pa ara sɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa!

Asɛmpa No Sɛnea Yohane Kyerɛw Mae — Chapters