[1] Na ɔyarefo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ofi Betania, Maria ne ne nuabea Marta kurow mu.
[2] Na ɛyɛ Maria a ɔde ngo huamhuam sraa Awurade na ɔde ne ti nwi popaa ne nan ho no, na ne nua Lasaro yare no.
[3] Enti ne nuanom soma baa Yesu nkyɛn sɛ: Awurade, hwɛ, nea wodɔ no no yare.
[4] Na Yesu tee no, ɔkae sɛ: Ɔyare yi nyɛ owuyare, na Onyankopɔn anuonyam ntia, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Onyankopɔn ba no anuonyam.
[5] Nso Yesu dɔ Marta ne ne nuabea no ne Lasaro.
[6] Na afei ɔtee sɛ ɔyare no, ɔtenaa faako a ɔwɔ hɔ ara nnanu.
[7] Na ɛno akyi no, osee n’asuafo no sɛ: Momma yɛnkɔ Yudea bio!
[8] Asuafo no see no sɛ: Rabi, nnansa yi ara na Yudafo rehwehwɛ sɛ wosiw wo abo, na worekɔ hɔ bio yi?
[9] Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da biako mu? Sɛ obi nam awia a, onhintiw, efisɛ ohu wiase hann;
[10] na sɛ obi nam anadwo a, ohintiw, efisɛ hann nni no mu.
[11] Ɔkaa eyinom, na ɛno akyi no, osee wɔn sɛ: Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makonyan no.
[12] Ɛnna n’asuafo no kae sɛ: Awurade, sɛ wada de a, ɔbɛsɔre.
[13] Na Yesu de, ɔkaa ne wu ho asɛm; na wɔn de, wosusuwii sɛ nna pa ho asɛm na ɔreka.
[14] Ɛnna afei Yesu see wɔn pefee sɛ: Lasaro awu;
[15] na mo nti ɛyɛ me dɛ sɛ minni hɔ, na moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn!
[16] Ɛnna Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no sɛ: Yɛn nso, momma yɛnkɔ na yɛne no nkowu!
[17] Ɛnna Yesu duu hɔ no, obehui sɛ wadi ɔda mu nnanan dedaw.
[18] Nso Betania bɛn Yerusalem, ɛbɛyɛ sɛ akwansin abien,
[19] na Yudafo no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wobegyam wɔn, wɔn nua no nti.
[20] Ɛnna Marta tee sɛ Yesu reba no, okohyiaa no; na Maria de, ɔte fie.
[21] Ɛnna Marta see Yesu sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu.
[22] Na seisei po minim sɛ biribiara a wubebisa Onyankopɔn no, ɔde bɛma wo.
[23] Yesu see no sɛ: Wo nuabarima no bɛsɔre bio.
[24] Marta see no sɛ: Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.
[25] Yesu see no sɛ: Mene owusɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu mpo a, obenya nkwa.
[26] Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di anaa?
[27] Osee no sɛ: Yiw, Awurade, migye midi sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.
[28] Na ɔkaa saa no, osiim kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: Kyerɛkyerɛfo no aba na ɔrefrɛ wo.
[29] Ɔno nso tee no, ɔsɔree ntɛm baa ne nkyɛn.
[30] Nanso na Yesu nnya nhyɛn kurow no mu ɛ, na ɔwɔ nea Marta behyiaa no hɔ.
[31] Ɛnna Yudafo a wɔne no wɔ ofie hɔ regyam no no hui sɛ Maria asɔre ntɛmntɛm afi adi no, wodii n’akyi kae sɛ: Ɔrekɔ ɔda no so hɔ akosu.
[32] Ɛnna Maria duu faako a Yesu wɔ hɔ na ohuu no no, ɔkotow ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuammarima anwu.
[33] Ɛnna Yesu huu no sɛ ɔresu na Yudafo a wɔne no bae no nso resu no, oguu ahome honhom mu, na ne ho yeraw no,
[34] na ɔkae sɛ: Ɛhe na mode no toe? Wosee no sɛ: Awurade, bra bɛhwɛ!
[35] Yesu sui.
[36] Ɛnna Yudafo no kae sɛ: Hwɛ ɔdɔ a ɔdɔ no!
[37] Na wɔn mu binom se: Oyi a obuee onifuraefo no ani no, sɛ anka obetumi agye oyi afi owu mu?
[38] Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɔda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔbo hini ano.
[39] Yesu kae sɛ: Munyi ɔbo no! Nea wawu no nua Marta see no sɛ: Awurade, sesɛɛ de, wabɔn, na wadi nnanan.
[40] Yesu see no sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Nyankopɔn anuonyam?
[41] Ɛnna woyii ɔbo no. Na Yesu maa n’ani so kae sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.
[42] Na me de, minim sɛ wutie me daa; na nkurɔfokuw a wogyina ho no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.
[43] Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Lasaro, fi bra!
[44] Na nea wawu no fii adi, ɔda no mu, ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsan no, na momma ɔnkɔ!
[45] Ɛnna Yudafo no mu pii a wɔbaa Maria nkyɛn na wohuu ade a Yesu yɛe no gyee no dii.
[46] Na wɔn mu binom siim kɔɔ Farisifo no nkyɛn, na wɔkɔkaa wɔn nea Yesu yɛe no.
[47] Ɛnna asɔfo mpanyin ne Farisifo no ma wokohyiaa baguafo no, na wɔkae sɛ: Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii.
[48] Sɛ yegyaa no saa a, nnipa nyinaa begye no adi, na Romafo aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man.
[49] Na wɔn mu biako bi, Kaiafa a odi sɔfo panyin afe no mu no, see wɔn sɛ: Mo de, munnim hwee,
[50] nanso munnwen sɛ eye ma mo sɛ onipa biako bewu ama ɔman, na ɔman no nyinaa ansɛe.
[51] Na eyi de, emfi n’ankasa ne tirim na ɔkae, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin afe no ara mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebewu ama ɔman no,
[52] na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Onyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abom ayɛ wɔn biako.
[53] Ɛnna efi da no ara wotutuu agyina wɔn mu sɛ wobekum no.
[54] Enti Yesu anyi ne ho adi pefee annantew Yudafo no mu bio, na ofii hɔ kɔɔ asase bi a ɛbɛn sare so, kurow bi a wɔfrɛ no Efraim mu, na ɔne n’asuafo no tenaa hɔ.
[55] Na Yudafo Twam no abɛn; na nnipa pii fii asase no so kɔɔ Yerusalem ansa na Twam no dui, sɛ wokodwira wɔn ho.
[56] Ɛnna wɔhwehwɛɛ Yesu, na wogyina asɔrefi hɔ sisee wɔn ho sɛ: Dɛn na mususuw? Sesɛɛ ɔremma afahyɛ yi ase anaa?
[57] Na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ mmara nso sɛ, sɛ obi nim nea ɔwɔ a, ɔmmɛkyerɛ, na wɔnkɔkyere no.