Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:28

[1] Na da a ɛto so abiɛsa no, wohyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na Yesu ne na wɔ hɔ.

[2] Na wɔahyia Yesu ne n’asuafo no nso aba ayeforo no ase bi.

[3] Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wonni nsa.

[4] Yesu see no sɛ: Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnui.

[5] Na ne na see asomfo no sɛ: Biribiara a obese mo no, monyɛ!

[6] Nso abo nsuhina asia sisi hɔ, sɛnea Yudafo ahodwira te, biako betumi agye galɔn aduonu anaa aduasa.

[7] Yesu see wɔn sɛ: Momfa nsu nhyehyɛ nhina yi mama! Na wɔhyehyɛɛ no ma tɛntɛnn.

[8] Na osee wɔn sɛ: Afei monsesaw mfa nkɔma adidiihwɛfo no!

[9] Na wɔde kɔe. Na adidiihwɛfo no kaa nsu a adan nsa no hwɛe no, na onnim nea efi, (na asomfo a wɔsesaw nsu no de na wonim) na adidiihwɛfo no frɛɛ ayeforokunu no,

[10] na osee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ wɔbobow a, ɛno ansa na wɔde nea enye ba; na wo de, wode nsa pa no asie abedu sesɛɛ.

[11] Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.

[12] Eyi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔne ne na, ne nuanom, ne n’asuafo no, na wɔanni nna bebree wɔ hɔ.

[13] Na Yudafo Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem.

[14] Na okohuu wɔn a wɔtɔn anantwi ne nguan ne mmorɔnoma ne sikasesafo sɛ wɔtete asɔrefi.

[15] Na ɔde hama yɛɛ mpire pam wɔn nyinaa, nguan ne anantwi no fii asɔrefi hɔ, na ohwiee sikasesafo no sika gui, na ɔkaa apon no butubutuwii;

[16] na osee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa eyinom mfi ha, monnyɛ m’Agya fi aguadi fi!

[17] Na n’asuafo no kaee sɛ wɔakyerɛw sɛ: Wo fi ho mmɔdemmɔ amene me.

[18] Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Sɛnkyerɛnne bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ eyinom?

[19] Yesu bua see wɔn sɛ: Munnwiriw asɔredan yi, na mede nnansa mɛma so bio.

[20] Ɛnna Yudafo no se: Mfirihyia aduanan asia na wɔde sii asɔredan yi, na wo de, nnansa na wode bɛma so?

[21] Na ɔno de, ɔkae no, na ɔde ne nipadua asɔredan.

[22] Enti ɔsɔre fii awufo mu no, na n’asuafo no kaee sɛ waka eyi, na wogyee kyerɛw no ne nsɛm a Yesu kae no dii.

[23] Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ no ase no, afahyɛ no ase nnipa bebree huu ne nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, na wogyee ne din dii.

[24] Na Yesu ankasa de, wamfa ne ho anto wɔn so, efisɛ onim wɔn nyinaa,

[25] na enhia no sɛ obi di onipa ho adanse; na ɔno ankasa nim nea ɛwɔ onipa mu.

Asɛmpa No Sɛnea Yohane Kyerɛw Mae — Chapters