Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:59

[1] Eyinom akyi no, Yesu yii ne ho kyerɛɛ n’asuafo no bio Tiberia po ho. Na sɛnea oyii ne ho kyerɛe ni:

[2] Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n’asuafo no mu baanu nso wɔ hɔ.

[3] Simon Petro see wɔn sɛ: Merekɔ po. Wosee no sɛ: Yɛn nso, yɛne wo bɛkɔ. Wofii adi kɔɔ ɔkorow mu, na anadwo no, wɔanyi hwee.

[4] Na ade reyɛ akye no, Yesu begyinaa mpoano, nanso asuafo no nnim sɛ ɛyɛ Yesu.

[5] Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: Yaanom, moanya nam anaa? Wobuaa no sɛ: Dabi.

[6] Na osee wɔn sɛ: Momfa asawu no ngu ɔkorow no nifa, na mubenya bi. Ɛnna wogui, na mpataa no dodow nti, na wontumi ntwe asau no bio.

[7] Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atade kyekyeree ne ho so, efisɛ na ɔda adagyaw, na ɔtow ne ho hwee po no mu.

[8] Na asuafo a aka no nam ɔkorow kumaa no mu bae, na wɔne asase so nware, na ɛbɛyɛ sɛ basafa ɔha, na wɔtwee asawu no ne mpataa no.

[9] Na wosii fam no, wohuu nnyansramma a nam gu so, ne abodoo.

[10] Na Yesu see wɔn sɛ: Momfa nam a muyii mprempren no bi mmra!

[11] Simon Petro kɔe, na ɔkɔtwee asawu no baa asase so na mpataa akɛse ɔha aduonum abiɛsa ayɛ no ma; wɔdɔɔso sɛɛ de, nanso asawu no antetew.

[12] Yesu see wɔn sɛ: Mommra mmɛka mo ano. Nso asuafo no mu biara antumi ammisa no sɛ: Woyɛ hena? Na wonim sɛ ɛyɛ Awurade.

[13] Ɛnna Yesu bɛfaa abodoo no de maa wɔn, ɛne apataa no saa ara.

[14] Eyi ne ne mprɛnsa a Yesu nyan fii awufo mu no, oyii ne ho kyerɛɛ asuafo no.

[15] Ɛnna wodidi wiei no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom? Osee no sɛ: Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguammaa!

[16] Yesu see no ne mprenu so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Osee no sɛ: Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Hwɛ me nguan!

[17] Osee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛhow sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na obuaa no sɛ: Awurade, wunim ade nyinaa, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguan!

[18] Mereka akyerɛ wo nokware mu pa ara sɛ, woyɛ aberante no, wobɔɔ abɔso, na wokɔɔ faako a wopɛ; na wunya bɔ akora a, wobɛteɛ wo nsa, na obi abɔ wo abɔso, na ɔde wo akɔ nea wompɛ.

[19] (Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.) Na ɔkaa eyi no, osee no sɛ: Di m’akyi!

[20] Ɛnna Petro dan n’ani no, ohuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ odi wɔn akyi, ɔno na otwerii ne kokom adidi no ase a ɔkae sɛ: Awurade, hena ne nea obeyi wo ama no?

[21] Ɔno na Petro huu no no, osee Yesu sɛ: Awurade, na oyi ɛ?

[22] Yesu see no sɛ: Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo de, di m’akyi!

[23] Ɛnna asɛm yi trɛwee anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ose: Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?

[24] Oyi ne osuani a odi eyinom ho adanse na ɔkyerɛw eyinom no; na yenim sɛ n’adanse no yɛ nokware.

[25] Na nneɛma pii wɔ hɔ nso a Yesu yɛe, ɛno na sɛ wɔkyerɛw ne nyinaa mmiako mmiako a, anka misusuw sɛ nhoma a wɔbɛkyerɛw no rensen wiase mpo.

Asɛmpa No Sɛnea Yohane Kyerɛw Mae — Chapters