[1] Eyinom akyi no, Yesu siim kɔɔ Galilea po, a ɛno ara ne Tiberia po, no agya.
[2] Na nkurɔfokuw kɛse dii n’akyi, efisɛ wohuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe wɔn a wɔyare ho no.
[3] Na Yesu kɔɔ bepɔw no so, na ɔne n’asuafo no kɔtenaa hɔ.
[4] Nso Twam da, Yudafo afahyɛ no, abɛn.
[5] Afei Yesu maa n’ani so na ohui sɛ nkurɔfokuw kɛse reba ne nkyɛn no, osee Filipo sɛ: Ɛhe na yɛbɛtɔ abodoo ama eyinom adi?
[6] Na eyi de, ɔka de sɔɔ no hwɛe, efisɛ ɔno ankasa nim nea ɔrebɛyɛ.
[7] Filipo buaa no sɛ: Abodoo denare ahanu renso wɔn sɛ wɔn mu biara benya kakra.
[8] Na asuafo no mu biako, Andrea, Simon Petro ne nua, ka kyerɛɛ no sɛ:
[9] Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atoko abodoo anum ne mpataa nketewa abien; na eyi yɛ dɛn ma nnipa pii yi?
[10] Na Yesu kae sɛ: Momma nnipa no ntenatena ase! Nso sare pii wɔ hɔ. Ɛnna mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ mpemnum no tenatenaa ase.
[11] Na Yesu faa abodoo no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; ne mpataa no nso dodow a wɔpɛ.
[12] Na wɔmeemee no, osee n’asuafo no sɛ: Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera.
[13] Ɛnna wɔboaboaa ano, na wɔde atoko abodoo anum no mporoporowa a ɛka maa wɔn a wodii no hyehyɛɛ nkɛntɛn dumien mama.
[14] Afei nnipa no huu sɛnkyerɛnne a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni!
[15] Ɛnna Yesu hui sɛ wɔrebɛba abɛfa no ahyɛ no de no akosi hene nti, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔɔ bepɔw no so bio.
[16] Na eduu anwummere no, n’asuafo no kɔɔ mpoano,
[17] na wɔkɔɔ ɔkorow mu twaa po no sɛ wɔrekɔ Kapernaum. Na esum aduru dedaw, na Yesu mmaa wɔn nkyɛn ɛ,
[18] na mframa kɛse bɔe nti, ɛpo no sɔree.
[19] Na wɔharee bɛyɛ sɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu Yesu sɛ ɔnam po no so, na ɔretwiw abɛn ɔkorow no; na wosuroe.
[20] Na osee wɔn sɛ: Ɛyɛ me, munnsuro!
[21] Ɛnna wɔde anigye maa no baa ɔkorow no mu, na ntɛm ara na ɔkorow no duu asase a wɔrekɔ hɔ no so.
[22] Ade kyee no, na nkurɔfokuw a wogyina ɛpo no agya no hui sɛ ɔkorow biara nni hɔ sɛ biako a n’asuafo no kɔɔ mu no, nanso ɛnyɛ Yesu ne wɔn na ɛkɔɔ ɔkorow no mu, n’asuafo no nko na ɛkɔe.
[23] Na akorow foforo fii Tiberia baa faako a Awurade daa ase na wodii abodoo no hɔ;
[24] enti nkurɔfokuw no hui sɛ Yesu nni hɔ na n’asuafo no nso nni hɔ no, wɔn nso kɔɔ akorow no mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu.
[25] Na wohuu no ɛpo no agya no, wosee no sɛ: Rabi, da bɛn na wobaa ha?
[26] Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ muhuu nsɛnkyerɛnne nti na mohwehwɛ me, na sɛ mudii abodoo no bi na momee ntia.
[27] Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Onyankopɔn asɔ no ano.
[28] Ɛnna wosee no sɛ: Dɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Onyankopɔn nnwuma?
[29] Yesu bua see wɔn sɛ: Eyi ne Nyankopɔn adwuma, sɛ mubegye nea ɔsomaa no no adi.
[30] Ɛnna wosee no sɛ: Ɛnne sɛnkyerɛnne bɛn na woreyɛ, na yɛahu na yɛagye wo adi? Dɛn na woreyɛ?
[31] Yɛn agyanom dii mana sare so, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔmaa wɔn abodoo fi soro dii.
[32] Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo abodoo a efi soro no, na mmom m’Agya na ɔma mo nokware abodoo a efi soro no.
[33] Na Onyankopɔn abodoo ne nea osian fi soro ba na ɔma wiase nkwa no.
[34] Ɛnna wosee no sɛ: Awurade, ma yɛn abodoo yi daa!
[35] Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa abodoo no; nea ɔba me nkyɛn no, ɔkɔm renne no da, na nea ogye me di no, osukɔm renne no da.
[36] Na meka mekyerɛɛ mo sɛ moahu me, nanso moda so ara nnye nni.
[37] Wɔn a Agya no de ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na nea ɔba me nkyɛn no, mentow no menkyene da,
[38] efisɛ misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.
[39] Na eyi ne nea ɔsomaa me no apɛde, sɛ nea ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manya no ɛda a edi akyiri no.
[40] Na eyi ne m'Agya a ɔsomaa me no apɛde, sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa; na menyan no ɛda a edi akyiri no.
[41] Ɛnna Yudafo no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene abodoo a esian fii soro no,
[42] na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yenim n’agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei ose: Masian mafi soro maba?
[43] Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Munnnwiinwii mo mu!
[44] Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no.
[45] Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.
[46] Ɛnyɛ sɛ obi ahu Agya no, gye nea ɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahu Agya no.
[47] Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye di no wɔ daa nkwa.
[48] Mene nkwa abodoo.
[49] Mo agyanom dii mana sare so, na wowuwui;
[50] eyi ne abodoo a esian fi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu.
[51] Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na abodoo a mede bɛma wiase no ne me honam.
[52] Ɛnna Yudafo kasakasae wɔn mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na oyi betumi de ne honam ama yɛn na yɛadi?
[53] Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam na moannom ne mogya a, munni nkwa mo mu.
[54] Nea odi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no ɛda a edi akyiri no.
[55] Na me honam yɛ aduan ampa, na me mogya yɛ anonne ampa.
[56] Nea odi me honam na ɔnom me mogya no tena me mu, na me nso metena no mu.
[57] Sɛnea Agya a ɔte ase no somaa me na Agya no nti mete ase no, saa ara nso na nea odi me honam no nso, me nti ɔbɛtena ase.
[58] Eyi ne abodoo a efi soro sian bae no, ɛnte sɛ nea mo agyanom dii na wowuwui no; nea odi abodoo yi bɛtena ase daa.
[59] Ɔrekyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadan mu no na ɔkaa eyinom.
[60] Enti n’asuafo mu pii tee no, wɔkae sɛ: Asɛm yi yɛ den, hena na obetumi atie?
[61] Na Yesu tee nka ne mu sɛ n’asuafo renwiinwii eyi ho no, osee wɔn sɛ: Eyi to mo hintidua anaa?
[62] Na afei, sɛ muhu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ ɔsoro, faako a ɔwɔ kan no nso ɛ?
[63] Honhom ne nea ɛma nkwa, ɔhonam de, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.
[64] Na mo mu binom wɔ hɔ a wonnye nni. Na Yesu nim wɔn a wonnye nni no fi mfiase ne nea obeyi no ama no.
[65] Na ɔkae sɛ: Eyi nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ m’Agya de ama no ansa.
[66] Efi ɛno so no, n’asuafo mu pii san wɔn akyi, na wɔne no annantew bio.
[67] Ɛnna Yesu see dumien no sɛ: Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?
[68] Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;
[69] na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn kronkronni no.
[70] Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mapaw mo dumien yi anaa? Na mo mu biako yɛ ɔbonsam!
[71] Ɔde Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebeyi no ama, nso ɔyɛ dumien no mu biako.