Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 7:38

[1] Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mo a mogyina ha yi mu bi bɛtena ase akɔsi sɛ mobɛhunu sɛ, Onyankopɔn Ahennie no reba tumi mu!”

[2] Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi atifi. Saa berɛ no, na obiara nni hɔ ka wɔn ho. Amonom hɔ ara, Yesu sakrae animuonyam mu.

[3] Nʼatadeɛ hyerɛn yɛɛ fitafita sene sɛdeɛ obi betumi ahoro saa atade no ama ayɛ fitaa no.

[4] Afei Elia ne Mose bɛfirii hɔ. Na wɔne Yesu kasaeɛ!

[5] Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese mmiɛnsa wɔ ha, na mo mu biara anya baako.”

[6] Ɛsiane sɛ na wɔabɔ hu no nti na ɛma ɔkaa saa.

[7] Petro gu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi firii omununkum no mu kaa sɛ, “Oyi ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani. Montie no.”

[8] Prɛko pɛ, wɔtotoo wɔn ani no, na Mose ne Elia kɔ, ama aka wɔne Yesu nko ara.

[9] Wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka deɛ wɔahunu no nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ, ɔbɛsɔre afiri awufoɔ mu.

[10] Asuafoɔ no anka ankyerɛ obiara, na mmom, ɛyɛ a, na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, nʼasɛm a ɔkaɛ sɛ, “Mɛnyane afiri awufoɔ mu” no, na ɔkyerɛ sɛn?

[11] Afei, nʼasuafo no bisaa no deɛ enti a daa Yudafoɔ mpanin no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Elia sane ba ansa na Onipa Ba no aba no.

[12] Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nnoɔma nyinaa yie. Ɛnneɛ na adɛn nti na wɔatwerɛ sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane bebree na wɔapo no?

[13] Na mpo, Elia aba dada! Na wɔne no anni no yie sɛdeɛ adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm no. Afei, Yesu bisaa wɔn nkɔm a adiyifoɔ no hyɛɛ sɛ, Onipa Ba no bɛhunu amane, na wɔabu no animtia no ase.

[14] Berɛ a wɔsiane bɛduruu bepɔ no ase hɔ no, wɔhunuu sɛ nnipakuo atwa asuafoɔ a wɔaka no ho ahyia, na wɔne mmara no akyerɛkyerɛfoɔ no regye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ.

[15] Berɛ a Yesu reba nnipakuo no nkyɛn no, wɔde ahodwirie hwɛɛ no, tuu mmirika, kɔhyiaa no.

[16] Yesu bisaa wɔn sɛ, “Akyinnyeɛ a na moregye no fa ɛdeɛn ho?”

[17] Nnipa no mu baako kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mede me ba aba ha sɛ sa no yadeɛ. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so nti, ɔntumi nkasa.

[18] Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, ɛtwa no hwe fam, ma nʼano twa ahuro, ma ɔtwɛre ne se, ma ɔsensene. Ɛno nti, mesrɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔntu honhommɔne no mfiri ne mu, nanso wɔantumi.”

[19] Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “O, mo a mo gyidiɛ sua, me ne mo ntena nkɔsi da bɛn ansa na mo gyidie atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.”

[20] Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Berɛ a wɔde no duruu Yesu anim pɛ no, yadeɛ no baa dendeeden, twaa no hwee fam, ma ɔperee ara a nʼano retwa ahuro.

[21] Yesu bisaa abarimaa no papa sɛ, “Nna ahe ni a yadeɛ yi baa ne so?” Abarimaa no papa buaa Yesu sɛ, “Ɛfiri ne mmɔfraase pɛɛ;

[22] na ɛtɔ da bi koraa a, yadeɛno tumi twa no hwe egya anaa nsuo mu, pɛ sɛ ɛku no. Enti, sɛ wobɛtumi asa no yadeɛ deɛ a, hu yɛn mmɔbɔ, na sa no yadeɛ ma yɛn.”

[23] Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn nti na woka sɛ, sɛ mɛtumi a? Obiara a ɔwɔ gyidie no bɛtumi ayɛ biribiara.”

[24] Abarimaa no papa buaa sɛ, “Mewɔ gyidie no nanso ɛsua, enti boa me, na hyɛ me gyidie mu den!”

[25] Yesu hunuu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteaa honhommɔne no sɛ, “Honhommɔne sotifoɔ ne mumu, mehyɛ wo sɛ, firi abɔfra yi mu fi. Nkɔhyɛ ne mu bio!”

[26] Afei, yadeɛ no baa dendeenden ansa na ɛrefiri ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufoɔ. Enti, nnipakuo no kasaa huhuhuhu sɛ “Wawu.”

[27] Nanso, Yesu sɔɔ ne nsa, pagyaa no ma ɔgyinaa ne nan so a ne ho atɔ no.

[28] Yei akyi a Yesu ne nʼasuafoɔ no nko ara wɔ fie no, wɔbisaa no sɛ, “Adɛn nti na yɛn deɛ yɛantumi antu saa honhommɔne no?”

[29] Yesu buaa wɔn sɛ, “Mpaebɔ ho hia wɔ yadeɛ a ɛte sɛ yei sa mu.”

[30] Yesu firii hɔ no, ɔfaa Galilea, ɛfiri sɛ, na ɔmpɛ sɛ nnipa te ne nka.

[31] Na ɔpɛ sɛ ɔnya berɛ ma nʼasuafoɔ no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛyi me a meyɛ Onipa Ba no ama, na wɔaku me, na nnansa so, mɛsɔre aba nkwa mu bio.”

[32] Asuafoɔ no ante asɛm a ɔkaeɛ yi ase, nanso na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no aseɛ.

[33] Yesu ne nʼasuafoɔ no baa Kapernaum. Berɛ a wɔduruu efie a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Yɛreba no, ɛdeɛn akyinnyeɛ na na moregye wɔ kwan so no?”

[34] Asuafoɔ no antumi ammua ɛfiri sɛ, na wɔredwennwen deɛ ɔbɛyɛ wɔn mu kɛseɛ no ho.

[35] Ɔtenaa ase, frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanin wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ abɔfra anaa ɔsomfoɔ wɔ mo mu!”

[36] Afei, ɔde abɔfra ketewa bi bɛgyinaa wɔn mfinimfini. Ɔde abɔfra no kyɛrɛɛ wɔn kaa sɛ,

[37] “Mo mu biara a me nti ɔbɛgye abɔfra ketewa sɛ oyi no, agye me, na deɛ ɔbɛgye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no!”

[38] Yohane a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛhuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne nti yɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnnyae, efiri sɛ, ɔnka yɛn ho.”

[39] Yesu kaa sɛ, “Monnsi no kwan. Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwanwadeɛ wɔ me din mu na ɔbɛtwa ne ho atia me.

[40] Na obiara a ɔntia yɛn no wɔ yɛn afa.

[41] Obiara a ɛsiane sɛ, moyɛ Kristo dea no nti, ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom no, nʼakatua remmɔ no da.

[42] Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me di yi mu bi hintidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduro bɛsɛn ne kɔn mu, ato no atwene po mu.

[43] “Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode wo nipadua nyinaa bɛto ogyatannaa

[44] a ɛnnum da no mu.

[45] Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode nan mmienu bɛkɔ ogyatannaa

[46] a ɛnnum da no mu.

[47] “Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto ogyatannaa

[48] a ɛnnum da na ɛhɔ asonsono nso nwu da no mu.

[49] Na wɔde egya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene.

[50] “Nkyene yɛ dɛ. Nanso, sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛho nni mfasoɔ; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti, monnyera mo dɛ! Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe, mu.”

Marko Asɛmpa No — Chapters