Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 8:00

[1] Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no, mfitiaseɛ ni:

[2] Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu no, Onyankopɔn kaa sɛ, ɔbɛsoma ne Ba aba asase so. Nanso, ɔbɔfoɔ bi bɛdi nʼanim a, ɔno na ɔbɛsiesie kwan ama no.

[3] Saa ɔbɔfoɔ yi bɛtena ɛserɛ so, na wateam sɛ, “Monsiesie Awurade akwan. Obiara nsiesie ne ho mfa ntwɛn Awurade ba no.”

[4] Saa ɔbɔfoɔ no, ɔne Yohane Osuboni. Ɔtenaa ɛserɛ so, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho, na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, Onyankopɔn de wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.

[5] Nnipa fifiri Yerusalem ne Yudea nkuro so kɔhunuu Yohane, tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

[6] Na Yohane hyɛ atadeɛ a wɔde aboa nwoma na apam a aboa nwoma abɔsoɔ nso bɔ mu. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ.

[7] Ne nkyerɛkyerɛ no mu, ɔkaa sɛ, “Ɛrenkyɛ koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sene me a, ne mpaboa homa mpo, mensɛ sɛ mekoto mesane.

[8] Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Onyankopɔn Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”

[9] Da bi, Yesu firii Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu baeɛ maa Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔnten Yordan mu

[10] Yesu firi nsuo no mu sii konkɔn so ara pɛ, ɔhunuu sɛ ɛsoro abue, na Honhom Kronkron resiane sɛ aborɔnoma aba ne so. Saa berɛ no ara mu,

[11] ɛnne bi firi soro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”

[12] Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ ɛserɛ so.

[13] Ɔtenaa hɔ adaduanan a na obiara nka ne ho ka wiram mmoa nko ara. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛeɛ. Akyire yi, abɔfoɔ ba bɛsom no.

[14] Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galiilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ.

[15] Ɔkaa sɛ, “Ɛberɛ no awie du! Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Monsakra mo adwene na monnye asɛmpa no nni!”

[16] Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau.

[17] Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifoɔ.”

[18] Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu hɔ bɛdii nʼakyi.

[19] Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, ɛnna ɔbaako nso Yakobo, sɛ wɔte kodoɔ mu reyɔ wɔn asau ho adwuma.

[20] Ɔfrɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi. Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn papa Sebedeo ne nʼapaafoɔ hɔ wɔ kodoɔ no mu bɛdii nʼakyi.

[21] Yesu ne nʼakyidifoɔ yi bɛduruu Kapernaum. Na Homeda duruiɛ noɔ ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no.

[22] Nnipa no tee asɛm no no, wɔn ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ, ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no.

[23] Amonom hɔ ara, ɔbarima bi a hohommɔne bi hyɛ ne mu de nteateamu puee asɔredan mu hɔ sɛ,

[24] “Ɛdeɛn na wo Naseretni Yesu wɔ ne yɛn yɔ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no!”

[25] Yesu teateaa hohommɔne no sɛ, “Mua wʼano! Firi ne mu kɔ!”

[26] Hohommɔne no wosoo saa ɔbarima no, maa ɔteateaam den na ɛtu kɔeɛ.

[27] Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, maa wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Nkyerɛkyerɛ foforɔ bɛn ni? Ahohommɔne mpo tie ne nne!”

[28] Saa anwanwadeɛ a ɔyɔeɛ yi ho nsɛm trɛ faa Galileaman mu nyinaa.

[29] Wɔfirii asɔredan no mu no, ɔne nʼasuafoɔ no kɔɔ Simon ne Andrea fie.

[30] Wɔkɔtoo sɛ huraeɛ akyere Simon ase baa ma ɔda hɔ.

[31] Yesu kɔɔ baabi a ɔda hɔ, kɔsɔɔ ne nsa, maa ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn.

[32] Ɛduruu anwummerɛ no, nnipa no de ayarefoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahohommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ.

[33] Nnipa bebree bɛboaa wɔn ho ano wɔ efie no aboboano, hwɛɛ deɛ ɛrekɔ so.

[34] Saa anwummerɛ no ara, Yesu saa ayarefoɔ bebree yadeɛ. Ɔtuu ahohommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahohommɔne no ankasa, ɛfiri sɛ, na wɔnim no.

[35] Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Yesu nko ara kɔɔ ɛserɛ so kɔbɔɔ mpaeɛ.

[36] Akyire yi, Simon ne ebinom nso firii adi kɔhwehwɛɛ no,

[37] na wɔhunuu no no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo.”

[38] Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkuro a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ, ɛno nti na mebaeɛ.”

[39] Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no wɔ asɔredan mu, tuu ahohommɔne bebree nso.

[40] Ɔkwatani bi bɛkotoo no srɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, sa me yadeɛ.”

[41] Ɔkwatani no yɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kaa sɛ, “Mɛsa wo yadeɛ! Wo ho ntɔ wo!”

[42] Amonom hɔ ara, kwata no firii ne ho maa ne ho tɔɔ no!

[43] Yesu bɔɔ nʼano dendeenden sɛ,

[44] “Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ. Sɛ worekɔ a, fa wʼafɔrebɔdeɛ a Mose ahyɛ sɛ akwatafoɔ a wɔasa wɔn yadeɛ mfa nka wɔn ho nkɔ no, ka wo ho kɔ sɛdeɛ ɛbɛma obiara ahunu sɛ wo ho atɔ wo bio.”

[45] Nanso, ɔrekorɔ no nyinaa, na ɔde nteateamu rebɔ nʼayaresa no ho dawuro. Ɛsiane yei nti, sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm bɛtwa ne ho hyia. Ɛno nti, afei baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔnyi ne ho adi. Enti, ɔtenaa ɛserɛ so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn wɔ hɔ.

Marko Asɛmpa No — Chapters