[1] Afei, Yesu firii Galilea twa baa Yudea fam no hɔ wɔ Asubɔnten Yordan agya. Nnipakuo baa ne nkyɛn, na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.
[2] Farisifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Wopene awaregyaeɛ so anaa?” Wɔbisaa no yei de sɔɔ no hwɛɛ.
[3] Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na Mose ka faa awaregyaeɛ ho?”
[4] Wɔbuaa sɛ, “Mose kaa sɛ ɛyɛ sɛ wɔgyae awadeɛ. Nʼasɛm a ɔkaeɛ ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere awadeɛ a, ɔntwerɛ awaregyaeɛ krataa mfa mma ne yere no.”
[5] Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn nti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo deɛ nti a ɔkaa saa. Ɛsiane mo koma a apirim no nti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo.
[6] Nanso, yei mfiri Onyankopɔn. Ɛfiri adebɔ mfitiase na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa kaa wɔn bɔɔ mu.
[7] Yei nti na ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame,
[8] na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ honam korɔ.
[9] Na deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu.”
[10] Akyire yi a ɔne nʼasuafoɔ no wɔ fie no, asuafoɔ no bisaa no saa asɛm korɔ no ara bio.
[11] Ɔbuaa wɔn sɛ, “Sɛ obi gyaa ne yere awadeɛ na ɔsan ware obi foforɔ a, na wabɔ adwaman.
[12] Na sɛ ɔyere gyaa ne kunu awadeɛ, na ɔsan ware a, ɔno nso abɔ adwaman saa ara.”
[13] Da bi, awofoɔ bi de mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔnhyira wɔn, nanso nʼasuafoɔ no pampam wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnha no.
[14] Yesu hunuu deɛ nʼasuafoɔ no ayɛ no, anyɛ no dɛ ma ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mmɔfra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea.
[15] Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no sɛ abɔfra no, ɔrentumi nkɔ mu.”
[16] Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn.
[17] Na ɔsiim sɛ ɔrekɔ baabi foforo no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bɛbuu no nkotodwe, bisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ pa, Ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieɛ?”
[18] Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ onipa pa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn.
[19] Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wonim mmaransɛm no: Nni awu, nsɛe awadeɛ, mmɔ korɔno, nni atorɔ, nsisi, di wʼagya ne wo na ni.”
[20] Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yeinom nyinaa mefiri me mmɔfraase na medii so.”
[21] Yesu hwɛɛ aberanteɛ yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Aka wo adeɛ baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi mʼakyi.”
[22] Aberanteɛ no tee saa asɛm yi no, nʼanim sesaeɛ, na ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.
[23] Ɔrekɔ no, Yesu hwɛɛ no na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu!”
[24] Asɛm a Yesu kaeɛ no maa asuafoɔ no ho dwirii wɔn. Yesu san kaa bio sɛ, “Mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu?
[25] Na ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu.”
[26] Asuafoɔ no ho dwiri wɔn mmorosoɔ na wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ na hwan na wɔbegye no nkwa?”
[27] Yesu hwɛɛ wɔn dinn kaa sɛ, “Onipa fam deɛ, yei rentumi mma mu, na Onyankopɔn fam deɛ, biribiara bɛtumi aba mu.”
[28] Afei, Petro fitii aseɛ kenkanee nnoɔma a ɔne asuafoɔ no agya abɛdi Yesu akyi. Ɔkaa sɛ, “Yɛagya biribiara abɛdi wʼakyi.”
[29] Yesu nso buaa no sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obi nni hɔ a, me nti wagya ofie, nuammarimanom, nuammaanom, maame, papa ne mma anaasɛ agyapadeɛ a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no,
[30] na ɔrennya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maamenom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! Yeinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na wiase a ɛreba no mu deɛ, ɔbenya nkwa a ɛnni awieeɛ.
[31] Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.”
[32] Afei, wɔsiim sɛ wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn kan; na berɛ a asuafoɔ no di nʼakyi no, ehu ne suro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsane kaa nnoɔma a, sɛ wɔduru Yerusalem a, ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
[33] Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ yɛduru hɔ a, wɔbɛyi me, Onipa Ba no ama asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ, na wɔde me ahyɛ Roma aban nsa, na wɔaku me.
[34] Wɔbɛdi me ho fɛw, na wɔatete ntasuo agu me so, na wɔde mpire atwa me mmaa, na wɔaku me, na nnansa so no, masɔre bio.”
[35] Afei, Sebedeo mma Yokobo ne Yohane baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ woyɛ yɛn adɔeɛ bi.”
[36] Yesu bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”
[37] Wobuaa sɛ, “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa so, na ɔbaako nso ntena wo benkum so wɔ wʼahennie mu hɔ!”
[38] Nanso, Yesu maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Monnim deɛ mobisa no! Mobɛtumi anom awerɛhoɔ kuruwa nwononwono a ɛsɛ sɛ menom ano no anaa? Anaasɛ, mobɛtumi ama wɔde amanehunu asubɔ no abɔ mo asu?”
[39] Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛtumi!” Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mobɛtumi anom me kuruwa ano, na wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo;
[40] nanso menni tumi sɛ meyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so no. Onyankopɔn nko ara na ɔde saa afa no bɛma wɔn a wɔasiesie hɔ ama wɔn no.”
[41] Asuafoɔ a aka no tee deɛ Yakobo ne Yohane kɔbisaɛ no, anyɛ wɔn dɛ.
[42] Enti, Yesu frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim sɛ ahene ne atumfoɔ a wɔwɔ wiase no di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so,
[43] nanso mo deɛ, ɛnte saa wɔ mo ho. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfoɔ.
[44] Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne nuanom so panin no ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn nyinaa akoa.
[45] Me a meyɛ Onipa Ba no, mamma sɛ wɔnsom me na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛboa afoforɔ, na mede me kra ayɛ mpata ama nnipa pii.”
[46] Yesu ne nʼasuafoɔ no beduruu Yeriko. Wɔrefi kuro no mu no, nnipakuo tu dii wɔn akyi. Saa berɛ a Yesu retwam no, na Timoteo ba Bartimeo, onifirafoɔ no te kwankyɛn, resrɛsrɛ adeɛ.
[47] Berɛ a Bartimeo tee sɛ Yesu Nasaretni na ɔretwam no, ɔfitii aseɛ teateaam sɛ, “Dawid Ba Yesu, hu me mmɔbɔ!”
[48] Nnipa no bi teateaa no sɛ, “Mua wʼano!” Nanso ɔkɔɔ so teateaam denden sɛ, “Dawid ba, hu me mmɔbɔ!”
[49] Berɛ a Yesu tee ne nne no, ɔgyina kaa sɛ, “Momfrɛ no mma me.” Wɔfrɛɛ onifirafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!”
[50] Bartimeo to ne ntoma guiɛ, sɔre baa Yesu nkyɛn.
[51] Yesu bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo?” Onifirafoɔ no buaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mepɛ sɛ mehu adeɛ!”
[52] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ, na wo gyidie agye wo.” Na ntɛm ara onifiraɛfoɔ no hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi.