[1] Yesu ne nʼasuafoɔ bɛduruu ɛpo no fa baabi wɔ Gerasefoɔ asase so.
[2] Ɔresi afiri kodoɔ no mu no, ɔbarima bi a hohommɔne wɔ ne mu de mmirika firi amusieeɛ bɛhyiaa no.
[3] Na saa ɔbarima yi te amusieeɛ hɔ.
[4] Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yie nti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo gu ne nsa a, ɔtumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim.
[5] Awia ne anadwo nyinaa na ɔnenam amusieeɛ hɔ mmepɔ no mu a, ɔde aboɔ a ano yɛ nam twitwa ne ho.
[6] Ɔbarima yi hunuu Yesu wɔ akyirikyiri no, ɔtuu mmirika, bɛbuu no nkotodwe.
[7] Ɔteateaam sɛ; “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn no Ba, ɛdeɛn na wowɔ ne me yɔ? Mesrɛ wo, ɛnyɛ me ayayadeɛ biara!”
[8] Yesu teaa hohommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no sɛ, “Hohommɔne, firi ne mu fi!”
[9] Yesu bisaa no sɛ, “Wɔfrɛ wo sɛn?” Ɔbuaa Yesu sɛ, “Me din de ‘Ɛdɔm’ ɛfiri sɛ, yɛdɔɔso.”
[10] Afei, ɔsrɛɛ Yesu anibereɛ so sɛ ɔmmpam wɔn nnkɔ akyirikyiri.
[11] Saa berɛ no, na mprakokuo bi redidi wɔ bepɔ no nkyɛn baabi a ɛbɛn ɛpo no.
[12] Enti, ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu.”
[13] Yesu maa wɔn ho kwan maa wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprako no de ahoɔherɛ sianee bepɔ no kɔguu po no mu maa ɛfaa wɔn.
[14] Mprakohwɛfoɔ no dwane baa nkuro a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa deɛ wɔahunu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔteeɛ no kɔhwɛɛ deɛ asie no.
[15] Nnipakuo no duruu baabi a Yesu wɔ no, wɔhunuu ɔbarima a na hohommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwenem ate no. Yei maa wɔn ho dwirii wɔn.
[16] Wɔn a wɔhunuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforɔ,
[17] maa nnipakuo no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, na wɔn ho ntɔ wɔn!
[18] Enti, ɔsan foro kɔtenaa kodoɔ no mu. Ɔbarima a na hohommɔne wɔ ne mu no srɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔ
[19] Nanso, Yesu kaa sɛ, “Dabi, na kɔ na kɔka anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɔ ama wo yi ne nʼahummɔborɔ ho asɛm kyerɛ wo nnamfo.”
[20] Enti, ɔbarima no firi hɔ kɔɔ Dekapoli, “Nkuro Du” no a, ɛwɔ saa ɔmantam no mu, kɔkaa anwanwadeɛ a Yesu ayɔ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no no, wɔn ho dwirii wɔn.
[21] Yesu de kodoɔ no twa baa ɛpo no fa baabi no, nnipakuo bɛtwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ.
[22] Asafopanin bi a na ɔwɔ hɔ a wɔfrɛ no Yairo no, buu Yesu nkotodwe,
[23] srɛɛ no sɛ, ɔnsa ne babaa yadeɛ mma no. Ɔfiri ahoyera mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Abɔfra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na ɔnnya nkwa.”
[24] Yesu ne no kɔeɛ a nnipakuo no di wɔn akyi.
[25] Na ɔbaa bi a watu mogya mfeɛ dumienu ka nnipakuo no ho.
[26] Ɔde ne yadeɛ no akyini ayaresafoɔ bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara.
[27] Na wate anwanwadeɛ a Yesu ayɔ no nyinaa, na ɛno nti na ɔde ne ho fraa nnipakuo no, de ne nsa bɛsɔɔ Yesu atadeɛ mu no.
[28] Ɔdwenee ho kaa sɛ, “Sɛ metumi nya ne ho kwan, de me nsa sɔ nʼatadeɛ mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me.”
[29] Ampa ara, ɛsɔ a ɔsɔɔ nʼatadeɛ no mu pɛ, na mogya no twaeɛ maa ne ho tɔɔ no!
[30] Amonom hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afiri ne mu. Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nnipakuo no bisaa sɛ, “Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ mu no?”
[31] Nʼasuafoɔ no buaa sɛ, “Saa nnipakuo a obiara de ne ho twitwiri ne yɔnko yi na worebisa sɛ, hwan na ɔde ne nsa aka wʼatadeɛ?”
[32] Nanso, ɔpɛɛ sɛ ɔhunu onipa ko a ɔsɔɔ nʼatadeɛ mu no.
[33] Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu asɛm a asie no, ɔde ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe kaa deɛ ɔyɔeɛ no kyerɛɛ no.
[34] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoeɛ kɔ; wo yadeɛ no agyae.”
[35] Ɔgu so rekasa kyerɛ ɔbaa no no, abɔfoɔ firi Yairo fie bɛbɔɔ amanneɛ sɛ, Yairo babaa no awu, enti ɛho nhia sɛ Yesu bɛba bio.
[36] Yesu antie deɛ na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Nsuro, Gye me di.”
[37] Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, obiara nnni nʼakyi nnkɔ Yairo fie hɔ gye Petro, Yakobo ne Yohane.
[38] Ɛberɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ɛhɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwoɔ.
[39] Ɔkɔɔ fie no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn ne agyaadwotwa ne basabasayɔ yi? Abɔfra no nwuiɛ; nna na wada!”
[40] Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔseree no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ fie hɔ no sɛ, wɔn nyinaa mfiri adi. Ɔne abɔfra no papa ne ne maame ne nʼasuafoɔ baasa no kɔɔ deɛ abɔfra no da hɔ.
[41] Ɔsɔɔ abɔfra no nsa kaa sɛ, “Talita, kumm!” a aseɛ ne sɛ “Abaayewa, mese wo sɛ sɔre!”
[42] Amonom hɔ ara, abaayewa no sɔreeɛ, na ɔfiri aseɛ nanteeɛ. Na saa abaayewa no adi mfeɛ dumienu. Asɛm a ɛsiiɛ yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie.
[43] Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka asɛm a asie no nnkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abɔfra no aduane nni.