Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:14

[1] Adeɛ kyeeɛ a Homeda no twaam no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo maame Maria kɔtɔɔ nnuhwam sɛ wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no.

[2] Da a ɛdi nnawɔtwe no kan anɔpahema no, ansa na owia bɛpue no, wɔde nnuhwam no baa ɛda no so.

[3] Wɔnam kwan so rekɔ no, na wɔredwene deɛ ɛbɛyɛ a wɔbepire ɛboɔ no afiri ɛda no ano no ho.

[4] Nanso, wɔreyɛ aduru hɔ no, wɔmaa wɔn ani so hunuu sɛ, obi apire ɛboɔ kokuroko no afiri ɛda no ano.

[5] Wɔkɔɔ ɛda no mu kɔhunuu aberanteɛ bi sɛ ɔhyɛ atade fitaa te nifa so hɔ. Wɔhunuu no no, wɔbɔɔ birim.

[6] Nanso, aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro. Ɛnyɛ Nasaretni Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnuamu no na morehwehwɛ no no? Ɔnni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no toeɛ hɔ!

[7] Afei, monkɔ na monkɔka yei nkyerɛ nʼasuafoɔ no ne Petro sɛ, ‘Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mobehu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’ ”

[8] Mmaa no de ehu ne ahopopoɔ dwane firii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa.

[9] Kwasiada anɔpa na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Onipa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no kane ne Maria Magdalene, ɔbaa a ɔtuu ahohommɔne nson firii ne mu no.

[10] Maria Magdalene kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔhunuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahoɔ, na wɔresu.

[11] Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wahu Yesu na ɔte ase. Nanso, wɔannye no anni.

[12] Akyire yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam firi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wɔhunuu no no, mfitiaseɛ no, wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ ɔno, ɛfiri sɛ, na wasesa.

[13] Akyire yi a wɔhunuu onipa ko a ɔyɛ no, wɔtuu mmirika san baa Yerusalem, bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no, nanso obiara annye wɔn anni.

[14] Akyire no a asuafoɔ dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa wɔn anim wɔ gyidie a wɔnni ne gye a wɔannye wɔn a wɔbɛkaa sɛ wasɔre no anni no ho.

[15] Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa.

[16] Na obiara a ɔgye di na wɔbɔ no asu no, wɔbɛgye no nkwa. Na obiara a ɔnnye nni no, wɔbebu no fɔ.

[17] “Saa nsɛnkyerɛnne yi bɛdi wɔn a wɔgye me di no akyi. Wɔde me din bɛtu ahonhommɔne, na wɔakasa kasa foforɔ.

[18] Wɔbɛsɔ awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduro bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa bɛgu ayarefoɔ so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”

[19] Awurade Yesu ne wɔn kasa wieeɛ akyi no, wɔfaa no kɔɔ soro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so.

[20] Yei akyi no, asuafoɔ no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho maa wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ahodoɔ nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no mu den.

Marko Asɛmpa No — Chapters