Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 7:08

[1] Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Ɔduruu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ.

[2] Ankyɛ na nnipa bebree bɛhyɛɛ efie a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔfirii aseɛ kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.

[3] Mmarima baanan bi de obubuafoɔ bi a wɔso no baa hɔ.

[4] Ɛsiane sɛ na wɔntumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no nti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no, kɔtuu tokuro wɔ atifi. Wɔde obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim.

[5] Yesu hunuu wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”

[6] Nanso Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔwɔ hɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdwenee wɔ wɔn tirim

[7] sɛ, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Ɔdwene sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na ɔtumi de bɔne kyɛ.”

[8] Yesu hunuu wɔn adwene no, ɛhɔ ara, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moma asɛm a mekaeɛ yi ha mo?

[9] Me, Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase so sɛ mede bɔne kyɛ. Sɛ obi bɛka asɛm bi no, nyɛ den. Obiara bɛtumi aka asɛm a mekaeɛ yi.

[10] Nanso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ nti,” ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ,

[11] “Mese wo sɛ, sɔre gyina hɔ. Fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie na wo ho atɔ wo.”

[12] Obubuafoɔ yi sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, na ɔde anigyeɛ ne ahosɛpɛ faa nnipadɔm no mu kɔeɛ. Nnipa no ho dwirii wɔn, ma wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ, “Yɛnhunuu yei bi da!”

[13] Yesu san kɔɔ mpoano hɔ bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuo a wɔahyia wɔ hɔ no.

[14] Berɛ a ɔnam mpoano hɔ no, ɔhunuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte ɛtogyeeɛ. Ɔhunuu no no ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Lewi sɔre dii nʼakyi.

[15] Saa da no anadwofa, Lewi too pono, too nsa frɛɛ nʼafɛfoɔ togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bi sɛ wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne nʼasuafoɔ no nto nsa nnidi. Nnipa a wɔdii Yesu akyi no bi te sɛ Lewi ara pɛ.

[16] Farisifoɔ no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ne togyefoɔ ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Adɛn nti na ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ te sɛ yeinom to nsa didi?”

[17] Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ, “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no, na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ teneneefoɔ sɛ wɔnsakra wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfoɔ.”

[18] Da bi a Yohane Osubɔni akyidifoɔ ne Farisifoɔ no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Adɛn nti na Yohane ne Farisifoɔ no akyidifoɔ di mmuada na wʼakyidifoɔ deɛ, wɔnni mmuada?”

[19] Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Moahunu ayeforɔkunu nnamfo a wɔbɛba ayeforɔ ase a wɔbɛka sɛ, wɔredi mmuada nti wɔrennidi anaa? Mmerɛ dodoɔ a wɔne ayeforɔkunu no nam no deɛ, wɔrenni mmuada da.

[20] Nanso, da bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn. Saa berɛ no na wɔbɛdi mmuada.

[21] Ɛte sɛ wode ntoma foforɔ atare ntoma dada mu. Ɛdeɛn na ɛba? Ntaremu no bɛte ntoma dada no mu, na ayi afiri mu, na ama tokuro a ɛda hɔ no aso asene kane deɛ no.

[22] Monim sɛ, wɔmfa nsa foforɔ ngu aboa nwoma nkotokuo dada mu. Anyɛ saa a, ɛbɛpae. Nsa no bɛhwie agu, na nkotokuo a nsa no wɔ mu no nso bɛpaapae. Ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu.”

[23] Homeda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ nam aburoofuo bi mu no, asuafoɔ no pempan aburoo no bi weeɛ.

[24] Farisifoɔ no bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ saa! Yɛn mmara mma ho kwan sɛ wɔbu aburoo Homeda.”

[25] Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Monkenkan deɛ Ɔhene Dawid yɔeɛ, berɛ a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no,

[26] ne sɛdeɛ ɔkɔɔ Onyankopɔn fie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kɔdii abodoo a wɔde abɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn no a obiara nni ho kwan sɛ ɔdi, agye asɔfoɔ nko ara, no pɛn? Na ɛno nso tia mmara.

[27] Onipa nti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda nti na wɔbɔɔ onipa.

[28] Na Me, Onipa Ba no mpo, mewɔ tumi sɛ mekyerɛ deɛ ɛsɛ sɛ nnipa tumi yɔ Homeda!”

Marko Asɛmpa No — Chapters