[1] Ankyɛ na Yesu ne nʼasuafoɔ no firii deɛ wɔwɔ hɔ kɔɔ ne kurom Nasaret.
[2] Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, fitii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ, maa wɔn a wɔbɛtiee no no ho dwirii wɔn wɔ ne nyansa ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɔ no ho.
[3] Wɔkaa sɛ, “Ɔnsene yɛn wɔ hwee mu. Ɛnyɛ Maria ba kapentani a ne nuanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon no ni? Ɛnyɛ yɛne no ne ne nuammaanom na ɛte ha!” Anokwa, wɔn bo fuiɛ.
[4] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Odiyifoɔ wɔ animuonyam wɔ deɛ ɔwɔ biara, gye ne kurom ne ne fie ne nʼabusuafoɔ mu.”
[5] Na ɛsiane sɛ wɔannye no anni no nti, wantumi anyɔ anwanwandeɛ ahodoɔ wɔ hɔ, gye ayarefoɔ kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so, saa wɔn yadeɛ.
[6] Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwanwa deɛ, nanso ɔkɔɔ so kyinkyinii nkuraa a ɛwɔ mpɔtam hɔ no ase kyerɛkyerɛeɛ.
[7] Yesu frɛɛ nʼasufoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔsomaa wɔn baanu baanu, maa wɔn ahohommɔne so tumi.
[8] Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔmmfa biribiara nnkura gye wɔn poma nko ara; wɔmmfa aduane anaa kotokuo anaa sika.
[9] Bio, wɔmmfa mpaboa foforɔ anaa atadeɛ foforɔ nnka deɛ ɛhyɛ wɔn no ho.
[10] Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Baabiara a mobɛkɔ no, montena efie baako pɛ mu. Monnsesa mo atenaeɛ.
[11] Na sɛ morefiri kuro bi a wɔannye anaa wɔantie mo no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase tutuo, mfa nni adanseɛ.”
[12] Asuafoɔ no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wɔhyiaa no no sɛ ɔnsakra nʼadwene, ntwe ne ho mfiri ne bɔne ho.
[13] Na wɔtutuu ahohommɔne bebree, de ngo sraa ayarefoɔ pii saa wɔn yadeɛ.
[14] Ɔhene Herode tee yei, ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ. Ɛbinom kaa sɛ, “Yohane Osubɔni no na wasan aba nkwa mu bio, enti na ɔtumi yɛ anwanwadeɛ a ɔyɔ yi.”
[15] Ebinom nso susuu sɛ, Yesu yɛ Odiyifoɔ Elia na wasan aba. Afoforɔ nso kaa sɛ, odiyifoɔ foforɔ bi a ɔte sɛ tete adiyifoɔ akɛseɛ no bi na waba.
[16] Herode kaa sɛ, “Dabi, ɛyɛ Yohane Osuabɔni a metwaa ne ti no. Wanyane afiri owuo mu.”
[17] Saa berɛ no, na Herode asoma asraafoɔ ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, ɛfiri sɛ, na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no awadeɛ.
[18] Yohane Osubɔni ka kyerɛɛ Horode sɛ, “Wonni ho kwan sɛ woware wo nua yere.”
[19] Asɛm a Yohane kaeɛ no anyɛ Herodia nso dɛ, ma ɔnyaa ne ho menasepɔ kaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkum Yohane. Nanso, ɔrentumi nku no gye sɛ Herode ama no tumi.
[20] Na Herode de obuo ma Yohane, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee. Yei nti, ɔbɔɔ ne ho ban. Berɛ biara a Horode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yera no, nanso yei nyinaa akyi no, ɔde ntoboaseɛ tiee no.
[21] Deɛ Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɔ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, maa ɔtoo pono wɔ nʼahemfie maa ne mpanimfoɔ, nʼasafohene ne Galilea mpanimfoɔ.
[22] Herodia babaa bɛsa kyerɛɛ wɔn ma ɛyɛɛ wɔn nyinaa fɛ.
[23] Herode de ntam ka kyerɛɛ ababaawa no sɛ, “Bisa me biribiara a wopɛ; sɛ mʼahemman mu fa mpo na wopɛ koraa a, mede bɛma wo!”
[24] Ababaawa yi kɔɔ ne maame nkyɛn kɔbisaa no deɛ ɔmmisa, maa ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bisa no Yohane Osubɔni ti!”
[25] Ababaawa yi de ahoɔherɛ san baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mepɛ sɛ wode Yohane Osubɔni ti to prɛte mu ma me seesei ara!”
[26] Yei maa ɔhene no werɛ hoeɛ, nanso ɛsiane sɛ na waka ntam wɔ nnipa no anim no nti, wammu ɛbɔ a ɔhyɛɛ ne babaa no so.
[27] Herode somaa nʼasraafoɔ no mu baako sɛ ɔnkɔ afiase hɔ nkɔtwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kɔtwaa Yohane Osubɔni ti,
[28] na ɔde too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame.
[29] Ɛberɛ a Yohane asuafoɔ no tee deɛ asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kɔsiee no wɔ ɔboda bi mu.
[30] Asuafoɔ no san baa Yesu nkyɛn bɛkaa deɛ wɔyɔeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no.
[31] Yesu tiee wɔn amanneɛ no wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma yɛntwe yɛn ho mfiri nnipakuo yi ho, na yɛnkɔhome kakra.” Deɛ ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wɔnnya kwan mpo na wɔadidi.
[32] Yesu ne nʼasuafoɔ no tenaa kodoɔ mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ.
[33] Nanso, berɛ a wɔrekɔ no nnipa pii hunuu wɔn, na wɔtuu mmirika faa mpoano hɔ kɔhyiaa wɔn.
[34] Yei nti, ɛberɛ a Yesu sii fam no, na nnipakuo ahyia wɔ hɔ Ɔhunuu wɔn no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, na wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma bebree a ɛsɛ sɛ wɔhu.
[35] Onwunu reyɛ adwo no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn, bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ resa. Aduame biara nso nni ha.
[36] Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduane bi nni.”
[37] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma wɔn aduane nni.” Wɔbisaa no sɛ, “Aduane bɛn? Sɛ yɛse yɛbɛma wɔn aduane a, yɛrennya saa nnipakuo yi ho sika!”
[38] Yesu bisaa wɔn sɛ, “Abodoo ahe na yɛwɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.” Wɔsan ba bɛka kyerɛɛ no se, wɔwɔ abodoo num ne atidie mmienu.
[39] Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuakuo wɔ ɛserɛ no so.
[40] Enti, wɔtenatenaa ase akuakuo a ebi yɛ ɔha na ebi yɛ aduonum.
[41] Yesu faa abodoo num ne atidie mmienu no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpaeɛ, hyiraa so. Ɔbubuu abodoo no mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ atidie no nso maa wɔn.
[42] Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ!
[43] Nnipa a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima mpemnum;
[44] na wɔtasee aseɛ nkaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
[45] Adidie no akyi pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔnkɔtena kodoɔ no mu, na wɔnni kan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuo no kwan na wati wɔn.
[46] Akyire yi, ɔkɔɔ bepɔ no so kɔbɔɔ mpaeɛ.
[47] Anadwo no a asuafoɔ no te kodoɔ mu aduru nsuo no mfinimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano.
[48] Ɔhunuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dweradweraa kodoɔ no, enti na wɔrebrɛ ɔkodoɔ no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, ɔnantee nsuo no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho.
[49] Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi sɛ ɔnam nsuo no ani no, wɔde ehu teateaam ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman.
[50] Wɔn nyinaa hunuu no. Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Monnsuro!”
[51] Afei, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ kodoɔ no mu no, mframa no gyaeeɛ! Asuafoɔ no ho dwirii wɔn,
[52] ɛfiri sɛ, na wɔnnte aduanema no ase, na wɔapirim wɔn koma.
[53] Wɔtwaa asuo no baa Genesaret na wɔduruu hɔ no, wɔde kodoɔ no baa mpoano.
[54] Na wɔsi firii kodoɔ no mu no, nnipa a wɔgyina hɔ no hunuu no.
[55] Wɔtuu mmirika faa nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa so, kaa sɛ waba hɔ. Afei, wɔfitii aseɛ soaa nnipa a wɔyare da wɔn kɛtɛ so brɛɛ no sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ.
[56] Na nkuraa ase anaa nkuro so baabiara a ɔkɔeɛ no, wɔde ayarefoɔ bɛguu mmɔnten so, srɛɛ no sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den.