Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:18

[1] Yesu refiri asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛdeɛ wɔde aboɔ asiesie afasuo no.”

[2] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokore deɛ, nanso wɔbɛdwiri saa dan yi agu pasaa.”

[3] Berɛ a ɔte Ngo Bepɔ no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ,

[4] “Berɛ bɛn na deɛ woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnne bi bɛdi kan aba ansa anaa?”

[5] Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Monhwɛ yie na obi annaadaa mo.

[6] Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii.

[7] Akokoakoko bɛsisi mmaa nyinaa, nanso ɛnyɛ ɛnonom ne awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnne.

[8] “Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so na asasewosoɔ ne ɔkɔm bɛba mmeammea. Yeinom nyinaa bɛyɛ nnoɔma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ.

[9] Nanso, sɛ yeinom fiti aseɛ sɛ ɛreba a, monhwɛ yie! Mobɛkɔ ɔhaw akɛseɛ mu. Ɛsiane sɛ modi mʼakyi nti, wɔbɛtwe mo akɔ asɛnniɛ; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanimfoɔ anim. Saa berɛ no ne berɛ pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn.

[10] Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di kan duru ɔman biara so ansa na awieeɛ no aba.

[11] Na sɛ wɔkye mo de mo bɛgyina asɛnniɛ a, monnnwene deɛ mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka deɛ Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo deɛ monka.

[12] “Onua bɛyi onua ama sɛ wɔnku no; agyanom nso bɛyi wɔn mma ama; mma nso bɛyi wɔn awofoɔ ama sɛ wɔnku wɔn.

[13] Na ɛsiane sɛ moyɛ me deɛ nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, wɔn a wɔbɛgyina pintinn akɔduru awieeɛ no, wɔbɛgye wɔn nkwa.

[14] “Enti, sɛ mohu akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfoɔ, hwɛ yie! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nnwane nkɔ mmepɔ no so.

[15] Wɔn a wɔwɔ wɔn afie mu no nnwane a wɔnnsan nnkɔ fie hɔ bio nnkɔfa biribiara mmfiri hɔ.

[16] Wɔn a wɔwɔ mfuom no nso nnsan wɔn akyi mmmɛfa sika anaa ntoma wɔ fie.

[17] “Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa berɛ no mu no nnue.

[18] Na mommɔ mpaeɛ na berɛ a ɛsɛ sɛ modwane no anyɛ awɔberɛ.

[19] Na ahohia a ɛbɛba saa mmerɛ no mu no, ɛfiri berɛ a Onyankopɔn bɔɔ adeɛ no, ebi nsii da, na ebi nso rensi da.

[20] Gye sɛ Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a, ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso, ɛsiane wɔn a wɔayi wɔn no nti, ɔbɛtwa nna no so.

[21] “Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no ni’ a, mummmua.

[22] Atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre wɔ mo mu, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ, na sɛ ɛbetumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ara ankasa mma.

[23] Monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, maka biribiara akyerɛ mo!

[24] “Ahohia no akyi no, owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn,

[25] na nsoromma bɛtete ahwe, na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ wiem no.

[26] Na nnipa nyinaa bɛhu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne animuonyam nam omununkum mu reba.

[27] Na mɛsoma mʼabɔfoɔ akɔ wiase mmaa nyinaa, firi soro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano.

[28] “Afei, merebɛka asɛm bi a ɛfa ankaa dua ho a ɛbɛma mo osuahunu bi akyerɛ mo. Sɛ eyi mman foforɔ san yi nhaban foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ atue.

[29] Sɛ mohunu sɛ saa nnoɔma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn.

[30] “Afei, nokorɛ ni, wɔn a wɔte ase saa berɛ yi mu no nyinaa renwuwu kɔsi sɛ saa nsɛm yi bɛsisi.

[31] Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.

[32] “Nanso da anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne me ankasa mpo nnim. Agya no nko ara na ɔnim.

[33] Ɛsiane sɛ monnim berɛ ko a asɛm yi bɛsi nti, monsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no.

[34] “Me ba no te sɛ ɔbarima bi a ɔtuu kwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyerɛɛ adwuma a nʼapaafoɔ nyɛ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne wɛmfoɔ nso sɛ, ɔnwɛn hɔ yie nkɔsi sɛ ɔbɛba.

[35] “Enti, mo nso monwɛn, ɛfiri sɛ, monnim berɛ ko a efiewura no bɛba. Ɛbɛtumi aba sɛ ɔbɛba anwummerɛ, ɔdasuom, ahemadakye anaa awia.

[36] Sɛ ofu mu ba a, ɛnsɛ sɛ ɔbɛto mo sɛ moadeda.

[37] Asɛm a mede agya mo ne nnipa nyinaa ni. Monwɛn.”

Marko Asɛmpa No — Chapters