[1] Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu.
[2] Na saa da no yɛ Homeda enti na Yesu atamfoɔ no retetɛ no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yadeɛ anaa. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yadeɛ a, wɔbɛkye no!
[3] Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ ɔmmɛgyina nnipa no anim.
[4] Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nʼatamfoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ da a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ da a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no” Nanso, wɔammua no.
[5] Ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiaeɛ. Ɛhaa no sɛ wɔnni ahummɔborɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Tene wo nsa no mu.” Ɔtenee mu, na amonom hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yie.
[6] Ɛhɔ ara, Farisifoɔ no kɔhyiaa Herodefoɔ no ne wɔn susuu ɛkwan a wɔbɛfa so akum Yesu no ho.
[7] Yesu ne nʼasuafoɔ no firii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifiri Galilea, Yudea, Yerusalem,
[8] Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Ɛfiri sɛ, na nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ no atrɛ mmaa nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no.
[9] Ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔmpɛ kodoɔ bi nsi nkyɛn baabi, na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ.
[10] Ɛda no, na wasa nyarewa bebree. Nanso, na ayarefoɔ no ba ara na wɔreba a wɔpɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatadeɛ.
[11] Ɛberɛ biara a wɔn a wɔwɔ ahohommɔne no bi bɛhu no no, wɔtwa hwe fam, woso biribiri, ka sɛ, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.”
[12] Nanso, ɔbɔɔ wɔn ano sɛ, wɔnnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ.
[13] Akyire yi, ɔkɔɔ bepɔ so frɛɛ wɔn a wayi wɔn no baa ne nkyɛn.
[14] Ɔyii wɔn mu dumienu a daa wɔne no bɛnante, na wɔakɔka asɛmpa no,
[15] na wɔatu ahohommɔne nso.
[16] Dumienu a ɔyii wɔn no din ni: Simon a ɔtoo no din foforɔ Petro.
[17] Sebedeo mma Yakobo ne Yohane nso, ɔfrɛɛ wɔn Boanerges a, aseɛ ne aprannaa mma.
[18] Wɔn a wɔka ho nso ni: Andrea, Filipo, Bartolomeo, Mateo, Toma, Alfeo ba Yakobo, Tadeo ne Simon ɔmanyɔfoɔ,
[19] ɛnna Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no.
[20] Ɔsan baa efie a ɔte mu no mu no, nnipakuo bi san baa ne so bio. Ankyɛ koraa na ɛhɔ nyinaa yɛɛ ma a ɔnnya kwan koraa nnidie.
[21] Ne fiefoɔ tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn fie ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ, “Ne tiri mu ka no.”
[22] Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ, “Beelsebub a ɔyɛ ahohommɔne panin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na ɔtu ahohommɔne no.”
[23] Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan?
[24] Ahennie biara a ɛne ne ho di asie no bɛgu.
[25] Saa ara na efie biara a ɛne ne ho di asie no nnyina ara ne no.
[26] Na sɛ Satan twa ne ho ne ne ho di asie a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Ɔbɛdi nkoguo.
[27] Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie nkɔfa ne nnoɔma kwa, agye sɛ, onii no di kan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no, ansa na watumi afa ne nnoɔma.
[28] “Mereka akyerɛ mo sɛ, bɔne a onipa ayɛ biara no, wɔtumi de kyɛ no, na mpo obi ka abususɛm tia me a, wɔtumi de kyɛ no;
[29] nanso deɛ ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempopa da.”
[30] Ɔkaa saa asɛm yi ɛfiri sɛ, na wɔka sɛ, ɔwɔ hohommɔne.
[31] Ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi sɛ, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa.
[32] Saa berɛ no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.”
[33] Yesu bisaa wɔn sɛ, “Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?”
[34] Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyiaeɛ kaa sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom!
[35] Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabaa ne me maame.”