Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 9:49

[1] Da koro bi a nnipakuo bi aba Yesu nkyɛn no, aduane a wɔdi no saeɛ.

[2] Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi nnansa wɔ ha a, wɔnni aduane biara a wɔbedi bio.

[3] Sɛ megya wɔn kwan sɛ wɔnkɔ a wonnidiiɛ a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ baha wɔ kwan so, ɛfiri sɛ, wɔn mu bi firi akyirikyiri na wɔbaeɛ.”

[4] Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɛhefa na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi wɔ ɛserɛ yi so ha?”

[5] Ɔbisaa wɔn sɛ, “Brodo ahe na mowɔ?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ nson.”

[6] Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ wɔntenatena ase, wɔ serɛ no so. Afei, ɔfaa brodo nson no, na ɔhyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyɛ maa nnipa no.

[7] Na wɔwɔ atidie kakra wɔ hɔ, nti Yesu hyiraa ɛno nso so, de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn.

[8] Nnipakuo no didi meeɛ no, ɔgyaa wɔn kwan.

[9] Nnipa a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnan. Na wɔtasee aseɛ nnikaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma nson.

[10] Yei akyi no, ɔne nʼasuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu baa Dalmanuta fam.

[11] Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnne bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnne bi nna adi wɔ wem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.”

[12] Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔguu ahome, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mprɛ ahe na mopɛ sɛ meyɛ nsɛnkyerɛnne kyerɛ mo? Nsɛnkyerɛnne biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo.”

[13] Ɔsan kɔtenaa kodoɔ no mu, gyaa wɔn, twa kɔɔ asuogya dohoa.

[14] Asuafoɔ no werɛ firii sɛ wɔfa aduane bi kuta ansa na wɔakɔ. Aduane a na wɔkura wɔ kodoɔ no mu no yɛ brodo baako pɛ.

[15] Wɔretwa asuo no no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Ɔhene Herode ne Farisifoɔ mmɔka ho.”

[16] Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Asɛm a ɔreka yi ase ne sɛn?” Deɛ wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduane a wɔn werɛ firii sɛ wɔbɛfa akuta no ho asɛm.

[17] Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monte yei ase anaa? Mo koma da so pirim?

[18] Mowɔ ani nso monhunu adeɛ? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Adɛn na mommue mo asom mfa ntie asɛm? Monkae biribiara?

[19] “Mo werɛ afiri brodo num a mobubuu mu maa nnipa mpemnum no? Nnikaeɛ nkɛntɛmma ahe na motaseeɛ?” Wɔkaa sɛ, “Dumienu.”

[20] Na mesane de brodo nson maa nnipa mpemnan no nso, ahe na ɛkaeɛ? Wɔkaa sɛ, “Nkɛntɛmma nson.”

[21] Ɔbisaa wɔn bio sɛ, “Monte ase ara?”

[22] Berɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirafoɔ bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ.

[23] Yesu sɔɔ onifirafoɔ yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasuo guu onifirafoɔ no ani so, de ne nsa kataa nʼani no so. Ɔyii ne nsa no, ɔbisaa no sɛ, “Wohu adeɛ anaa?”

[24] Onifirafoɔ no twitwaa nʼani, buaa sɛ, “Aane, mehu nnipa! Nanso menhu wɔn yie; mehu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”

[25] Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifirafoɔ no buee nʼani, na berɛ a ɔrehwɛ adeɛ haa no, nʼani no yɛɛ yie a afei deɛ na ɔhu biribiara kann.

[26] Yesu maa ɔkɔɔ fie, ka kyerɛɛ no sɛ, ɔnnsan nnkɔ akuraa no ase bio.

[27] Yesu ne nʼasuafoɔ no firi Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Nnipa ka sɛ mene hwan?”

[28] Asuafoɔ no buaa sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osuboni no, na afoforɔ nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifoɔ no mu bi a wasan aba.”

[29] Na ɔbisaa wɔn sɛ, “Na mo nso mose meyɛ hwan?” Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no.”

[30] Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnka nnkyerɛ obiara.

[31] Afei, ɔfitii aseɛ kaa wɔn Onipa Ba no amane a ɔbɛhu ne mpanimfoɔ, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no po a wɔbɛpo no, na wɔaku no, na nnansa so wasɔre no ho asɛm.

[32] Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara ansie wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn, bisaa no sɛ, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte sɛyie?”

[33] Yesu danee ne ho hwɛɛ nʼasuafoɔ no, kaa Petro anim sɛ, “Firi me so, ɔbonsam! Wʼadwene yɛ deɛ ɛfiri onipa na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.”

[34] Afei, ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no ne nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛtie no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasɛnnua, na ɔdi mʼakyi.

[35] Deɛ, ɔma ne kra som no bo no, ɛbɛfiri ne nsa. Na wɔn a me ne Asɛmpa no nti, wɔbɛhwere wɔn kra no, wɔbɛgye wɔn nkwa.

[36] Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?

[37] Ɛdeɛn na ɛsom bo sene ne kra?

[38] Na obiara a saa nna bɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no aniwu, berɛ a me ne mʼabɔfoɔ kronkron no bɛsan aba wɔ mʼAgya animuonyam mu no.”

Marko Asɛmpa No — Chapters