[1] Na osee wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ de bɛkɔ akosi sɛ wobehu sɛ Nyankopɔn ahenni no de tumi aba.
[2] Na ɛno akyi nnansia no Yesu faa Petro ne Yakob ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so fa baabi. Na ɔsakrae wɔn anim,
[3] na n’atade hyerɛn fitafita a asase so ntamasifo biara ntumi nhoa no saa.
[4] Na Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, a na wɔne Yesu rekasa.
[5] Na Petro bua see Yesu sɛ: Rabi, eye sɛ yɛwɔ ha, na ma yɛmmɔ asese abiɛsa, wo de biako, Mose de biako ne Elia de biako.
[6] Na onnim asɛm a ɔnka mpo; efisɛ na wosuro yiye.
[7] Na omununkum bi bae bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba, muntie no!
[8] Na amonom hɔ ara, wototoo wɔn ani no, wɔanhu obiara sɛ Yesu nko ara ne wɔn.
[9] Na wɔresian bepɔw no, ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea wohui no nnkyerɛ obiara, gye sɛ onipa ba no asɔre afi awufo mu ansa.
[10] Na wɔmaa asɛm no kaa wɔn tirim, na wobisabisaa wɔn ho sɛ awufo mu sɔre no ne dɛn?
[11] Na wobisaa no sɛ: Adɛn nti na kyerɛwfo ka sɛ: Ɛsɛ sɛ Elia ba ansa?
[12] Na osee wɔn sɛ: Elia aba ansa, na wabesiesie nneɛma nyinaa mmom de, na nea wɔakyerɛw onipa ba no ho sɛ obehu amane pii na wɔabu no animtiaa no ɛ?
[13] Na mise mo sɛ: Elia aba dedaw, na wɔayɛ no nea wɔpɛ nyinaa sɛnea wɔakyerɛw wɔ ne ho no.
[14] Na woduu asuafo no nkyɛn no, wohuu nkurɔfokuw pii wɔ wɔn ho ne kyerɛwfo sɛ wɔne wɔn rebisabisa wɔn ho nsɛm.
[15] Na ntɛm ara a nkurɔfokuw no nyinaa huu no no, wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔde mmirika bae bekyiaa no.
[16] Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Dɛn asɛm na mo ne wɔn rebisabisa mo ho yi?
[17] Na nkurɔfokuw no mu biako buae sɛ: Kyerɛkyerɛfo, mede me babarima a ɔwɔ mumu honhom mebrɛɛ wo;
[18] na bere biara a eso no mu no, esinsen no, na n’ano po ahuru, na ɔtwɛre ne se, na ɔfɔn. Na meka mekyerɛɛ w’asuafo sɛ wontu no, wɔantumi.
[19] Na obuaa wɔn sɛ: O nnɛ mma a munni gyidi! Mentena mo nkyɛn nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mo ho nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me!
[20] Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ohuu no no, ntɛm ara na honhom no ma osinsenee, na ɔhwee ase, na obu faa so, na n’ano poo ahuru.
[21] Na obisaa n’agya sɛ: Nna ahe ni a eyi yɛɛ no? Na ɔkae sɛ: Efi ne mmofraase;
[22] na ɛtaa ka no to ogya ne nsu mu sɛ ebekum no; na sɛ wubetumi ayɛ biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!
[23] Na Yesu see no sɛ: Wuse: Sɛ wubetumi a! Nneɛma nyinaa betumi ayɛ ama nea ogye di.
[24] Na ntɛm ara, abofra no agya de nusu teɛɛm sɛ: Migye midi, boa me m'akyinnyegye mu!
[25] Na Yesu hui sɛ nkurɔfokuw no de mmirika reba no, ɔteɛteɛɛ honhom fi no sɛ: Wo honhom mum ne sotifo, mehyɛ wo sɛ, fi no mu, na nsan nkɔ ne mu bio!
[26] Na ɛteɛɛm, na ɛtwetwee no pii no, efii no mu. Na ɔyɛe sɛ owufo ma nnipa pii kae sɛ: Wawu.
[27] Na Yesu soo ne nsa maa no so, na ɔsɔree.
[28] Na oduu fie no, n’asuafo no bisaa no wɔ nkyɛn sɛ: Adɛn nti na yɛn de, yɛantumi antu no?
[29] Na Yesu see wɔn sɛ: Saa ade yi de, n’ade ban, wontumi mfa biribiara so ntu no, gye mpaebɔ [ne abuada].
[30] Na wofii hɔnom no, wokotwaam Galilea; na wampɛ sɛ obi te.
[31] Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo no, na osee wɔn sɛ: Wɔde onipa ba no bɛhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na wokum no a, ne nnansa so ɔbɛsɔre.
[32] Na wɔante asɛm no ase, na wosuroe sɛ wobebisa no.
[33] Na wɔbaa Kapernaum. Na ɔwɔ ofie no, obisaa wɔn sɛ: Dɛn na modwennwenee ho ɔkwan mu no?
[34] Na womuaa wɔn ano; efisɛ ɔkwan mu no wɔdwennwenee ho sɛ hena ne wɔn mu ɔkɛse.
[35] Na ɔtenaa ase frɛɛ dumien no, na osee wɔn sɛ: Sɛ obi pɛ kan adi a, ma onni wɔn nyinaa akyi, na ɔnyɛ wɔn nyinaa somfo.
[36] Na ɔfaa abofra bi de no gyinaa wɔn mfinimfini, na ɔyɛɛ no atuu see wɔn sɛ:
[37] Obiara a obegye saa mmofra yi mu biako me din mu no begye me; na obiara a obegye me no, ɛnyɛ me na ogye me, na nea ɔsomaa me no.
[38] Na Yohane see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛahu obi sɛ ɔde wo din retu ahonhommɔne, na onni yɛn akyi; na yɛbraa no, efisɛ onni yɛn akyi.
[39] Ɛnna Yesu kae sɛ: Mommmara no; na obi nni hɔ a ɔde me din bɛyɛ anwonwade na obetumi aka me ho asɛmmɔne ɛhɔ ara.
[40] Na nea ɔnyɛ biribi ntia yɛn no, na ɔwɔ yɛn afa.
[41] Na obiara a ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom wɔ me din mu, sɛ moyɛ Kristo dea no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.
[42] Na obiara a ɔbɛto nketewa yi a wogye me di no mu biako hintidua no, eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo kɛse sɛn ne kɔn mu, na wɔde no kɔto po mu.
[43] Na sɛ wo nsa to wo hintidua a, twa! Eye ma wo sɛ wode basasin bɛkɔ nkwa mu, sen sɛ wowɔ nsa abien na wode bɛkɔ amanehunu kurom, ogya a ennum da no mu,
[44] [nea wɔn aboaa nnwu na ogya no nnum]
[45] Na sɛ wo nan to wo hintidua a, twa! Eye ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu, sen sɛ wowɔ nan abien na wɔde wo bɛto amanehunu kurom,
[46] [nea wɔn aboaa nnwu na ogya no nnum]
[47] Na sɛ w’aniwa to wo hintidua a, tu! Eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu, sen sɛ wowɔ aniwa abien na wɔde wo bɛto amanehunu kurom,
[48] nea wɔn aboaa nwu na ogya no nnum.
[49] Na wɔde ogya bɛhyɛ nnipa nyinaa nkyene, [na wɔde nkyene bɛto afɔre nyinaa mu]
[50] Nkyene ye; na sɛ nkyene dɛ tu fi mu a, dɛn na mode bɛhyɛ no nkyene? Munnya nkyene mo ara mo mu, na mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu!