[1] Na ofii ase kyerɛkyerɛe bio mpoano; na nkurɔfokuw pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ ɔkorow mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuw no nyinaa wɔ mpoano asase no so.
[2] Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii wɔ mmebu mu, na osee wɔn wɔ ne kyerɛkyerɛ no mu sɛ:
[3] Muntie: Hwɛ, ogufo bi fii adi koguu aba.
[4] Na ɛbae sɛ ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn; na wim nnomaa bae bɛsosɔwee.
[5] Na ebi koguu abo so nea dɔte pii nni; na ntɛm ara na efifii, efisɛ dɔte no mu nnɔ ntia,
[6] na owia fii no, ekisae, esiane sɛ enni ntini nti, ewui.
[7] Na ebi koguu nsɔe mu; na nsɔe no nyinii, na emiaa no, na ansow aba.
[8] Na ebi koguu asase pa mu; na efifi kɔɔ so nyinii na ɛtrɛwee na ɛsowee, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha.
[9] Na ɔkae sɛ: Nea ɔwɔ aso betie no, ma no ntie!
[10] Na ɛkaa ɔno nko no, wɔn a wɔwɔ ne ho ne dumien no bisaa no ɛbɛ no ase.
[11] Na osee wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni ho ahintasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyiri no de, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebu mu;
[12] na ohu de, wɔahu, na wɔanhu mu, na ɔte nso wɔate, na wɔante ase, na da bi wɔansakra, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.
[13] Na osee wɔn sɛ: Munnim abɛbu yi? Na ɛbɛyɛ dɛn na mubehu mmɛbu no nyinaa?
[14] Ogufo no gu asɛm no.
[15] Na eyinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wogu asɛm no, na wonya te a, ntɛm ara Satan ba, na obeyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.
[16] Na eyinom nso ne wɔn a wogu wɔn wɔ abo so no: Wɔn na wonya te asɛm no a, ntɛm ara, wɔde anigye gye,
[17] na ennye ntini wɔn mu, wɔwɔ hɔ bere tiaa bi; na akyiri no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn hintidua.
[18] Na eyinom ne wɔn a wogu wɔn wɔ nsɔe mu no: Wɔne wɔn a wɔte asɛm no,
[19] na ɔbra yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa ne nneɛma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, emia asɛm no na ɛnsow aba.
[20] Na eyinom ne wɔn a woguu wɔn wɔ asase pa mu no: Wɔn a wɔte asɛm no, na wogye, na wɔsow aba, ebi aduasa, na ebi aduosia, na ebi ɔha.
[21] Na osee wɔn sɛ: So wɔde kanea ba sɛ wɔde bɛhyɛ kora anaa mpa ase? Ɛnyɛ sɛ wɔde besi kaneadua so?
[22] Na biribiara nni kokoam a wɔrenyi no adi, anaasɛ wɔde ahintaw a ɛrenna adi.
[23] Sɛ obi wɔ aso a ɔde betie a, ma ontie!
[24] Na osee wɔn sɛ: Monhwɛ yiye nea mote no ho! Susukora ko a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo, na wɔde bi bɛka mo ho.
[25] Na nea ɔwɔ no, wɔbɛma no bebree; na nea onni no, nea ɔwɔ po, wobegye ne nsam.
[26] Na ɔkae sɛ: Sɛnea Onyankopɔn ahenni te ni: Ɛte sɛ onipa bi gu aba wɔ fam,
[27] na ɔda na onyan anadwo ne awia, na aba no fifi, na enyin, na onnim sɛnea ɛyɛe.
[28] Na asase no ara sow aba, eyi ahaban kan, na afei ayɛ bɛtem, na afei ayɛ awi a anyin bɛtem no mu.
[29] Na sɛ aba no nyin a, ntɛm ara ɔsoma ma wɔde kantankrakyi kɔ, efisɛ twa bere no adu.
[30] Na ɔkae sɛ: Dɛn ho na yɛde Onyankopɔn ahenni bɛto? Anaasɛ ɛbɛ bɛn na yebebu wɔ ho?
[31] Ɛte sɛ sinapi aba fua a wodua no fam a ɛyɛ aba horow a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa;
[32] na wodua a, enyin na ɛyɛ kɛse sen afifide nyinaa, na eyiyi mman akɛse, na wim nnomaa tumi tena ne nwini ase.
[33] Na mmɛbu a ɛtete sɛɛ pii so na ɔnam de kaa asɛm kyerɛɛ wɔn, sɛnea wobetumi ate ase.
[34] Na wankwati abebu ankasa ankyerɛ wɔn; na ɛka wɔn nko a, ɔkyerɛ n’asuafo no ne nyinaa ase.
[35] Na da no ara, eduu anwummere no, osee wɔn sɛ: Momma yentwa nkɔ asuogya noho!
[36] Na wogyaa nkurɔfokuw no kwan no, wɔfaa no kaa wɔn ho ɔkorow no mu sɛnea ɔte no ara; na akorow bi nso ka ne ho.
[37] Na ahum kɛse tui; na asorɔkye bu beguu ɔkorow no mu a na ɛreyɛ ayɛ ma.
[38] Na ɔno de, ɔwɔ ɔkorow no to ada sumii so. Ɛnna wonyan no see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛremem yi, ɛmfa wo ho anaa?
[39] Na Yesu teɛteɛɛ mframa no, na osee po no sɛ: Mua w’ano, yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn.
[40] Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na moyɛ ahufo sɛɛ? Adɛn na munni gyidi?
[41] Na wosuroe yiye, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na mframa ne po mpo tie no yi?