[1] Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ adu no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no hwehwɛe sɛnea wɔbɛyɛ akyere no nyansam na wɔakum no.
[2] Na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na basabasa amma ɔman no mu.
[3] Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani fi. Na ɔtenaa ɔpon ho no, ɔbea bi a okura sradehuam toa, a ngo huamhuam a ne bo yɛ den wɔ mu bae, na ɔbɔɔ toa no hwie guu ne mpampam.
[4] Na ebinom wɔ hɔ a anyɛ wɔn abodwo wɔ wɔn mu, na wɔkekae sɛ: Adɛn nti na wɔsɛee ngo huamhuam yi?
[5] Anka wobetumi atɔn ngo huamhuam yi agye bɛboro denare ahasa, na wɔde ama ahiafo. Na wonwiinwii tiaa no.
[6] Na Yesu kae sɛ: Munnyaa no! Adɛn na morehaw no? Wayɛ me ho adwuma pa.
[7] Na mowɔ ahiafo mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, mutumi yɛ wɔn yiye; na me de, menni mo nkyɛn daa.
[8] Wayɛ nea obetumi; wadi kan asra me nipadua ama me sie da.
[9] Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, nea ɔbea yi ayɛ nso wɔbɛka de ayɛ no nkae.
[10] Na Yuda Iskariot, dumien no mu biako, siim kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn sɛ obeyi no ama wɔn.
[11] Na wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn anigye, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛe sɛnea obenya kwan ayi no ama bere a ɛsɛ mu.
[12] Na Apiti da a edi kan a wokum Twam guan no, n’asuafo no bisaa no sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wokodi Twam no?
[13] Na ɔsomaa n’asuafo no mu baanu, na osee wɔn sɛ: Monkɔ kurow no mu! Na onipa bi a ɔso ahina behyia mo; munni n’akyi,
[14] na baabiara a ɔbɛhyɛn no, munse ofiwura no sɛ: Kyerɛkyerɛfo no se: Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafo bedi mu Twam no wɔ?
[15] Na ɔno ara bɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔahyehyɛ mu, na wɔasiesie mu; ɛhɔ na munsiesie Twam no mma yɛn!
[16] Na asuafo no siim kɔe, na woduu kurow no mu no, wohuu sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no, na wosiesiee Twam no.
[17] Na eduu anwummere no, Yesu ne dumien no bae.
[18] Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo a mo ne me redidi yi, mo mu biako beyi me ama.
[19] Na wɔn werɛ howee, na wofii ase bisaa no mmiako mmiako sɛ: Ɛyɛ me?
[20] Na osee wɔn sɛ: Ɛyɛ dumien no mu biako a ɔne me to nsa asanka mu no a.
[21] Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no.
[22] Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo hyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Munnye! Eyi ne me honam.
[23] Na ɔfaa kuruwa no daa ase de maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi.
[24] Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam foforo no mogya a nnipa bebree nti wɔrehwie agu.
[25] Nokware mise mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio de bɛkɔ akosi da a mɛnom no foforo Onyankopɔn ahenni no mu.
[26] Na wɔtoo dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so.
[27] Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguan no abɔ apete.
[28] Na me wusɔre akyi no, medi mo anim makɔ Galilea.
[29] Na Petro see no sɛ: Sɛ ɛbɛyɛ wɔn nyinaa hintidua po a, me de, ɛrenyɛ me hintidua.
[30] Na Yesu see no sɛ: Nokware mise wo sɛ, ɛnnɛ anadwo yi, akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa.
[31] Na Petro de, ɔkasae anibere so sɛ: Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu po a, merempa wo da! Na saa ara na wɔn nyinaa nso kae.
[32] Na woduu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na osee n’asuafo no sɛ: Montena ha, na menkɔbɔ mpae ansa.
[33] Na ɔfaa Petro ne Yakob ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fii ase hiahiaa no, na ne ho yeraw no.
[34] Na osee wɔn sɛ: Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu; montena ha, na monwɛn!
[35] Na ɔkɔɔ n’anim kakra kobutuw fam, na ɔbɔɔ mpae sɛ, sɛ ebetumi a, dɔn no ntwa ne ho nkɔ.
[36] Na ɔkae sɛ: Abba, agya! Wutumi ade nyinaa yɛ; yi kuruwa yi fi me ho kɔ; nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ.
[37] Na ɔba behuu wɔn sɛ wɔadeda, na osee Petro sɛ: Simon, woada? Woantumi anwɛn dɔnhwerew biako?
[38] Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.
[39] Na osiim kɔe bio kɔbɔɔ mpae kaa asɛnkoro no ara.
[40] Na ɔsan bae behuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani pam so, na wonhu nea wɔmfa mmua no.
[41] Na ɔbae ne mprɛnsa so, na osee wɔn sɛ: Afei de, monna na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ, wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.
[42] Monsɔre mma yɛnkɔ, hwɛ, nea ɔreyi me ama no abɛn!
[43] Na amonom hɔ ara, ogu so rekasa no, Yuda, dumien no mu biako, bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyimfo ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no nkyɛn ka ne ho.
[44] Na nea oyii no mae no ama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ: Nea mefew n’ano no, ɔne no, monkyere no, na monso no mu yiye mfa no nkɔ!
[45] Na odui no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Rabi! Na ofew n’ano.
[46] Na wɔde wɔn nsa kosoo no mu kyeree no.
[47] Na wɔn a wogyina hɔ no mu biako twee ne nkrante de bɔɔ ɔsɔfo panyin akoa twaa n’aso.
[48] Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Moaba sɛnea moreba odwowtwafo so de nkrante ne mmaa rebɛkyere me?
[49] Daa mewɔ mo nkyɛn asɔrefi mekyerɛkyerɛ no, moankyere me; na sɛ kyerɛw nsɛm no bɛba mu ntia!
[50] Na wɔn nyinaa gyaw no guanee.
[51] Na aberante bi a ofura nwera de akata n’adagyaw so dii n’akyi; na wɔkyeree no;
[52] na ogyaw nwera no, fii wɔn nsa de adagyaw guanee.
[53] Na wɔde Yesu kɔɔ ɔsɔfo panyin no nkyɛn, na asɔfo mpanyimfo ne mpanyimfo ne kyerɛwfo no nyinaa behyiae.
[54] Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya.
[55] Na asɔfo mpanyimfo ne baguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adanse pɛe sɛ wokum no, nanso wɔannya bi.
[56] Na nnipa pii dii adansekurum tiaa no, nanso wɔn adanse no anhyia.
[57] Na ebinom sɔre dii adansekurum tiaa no sɛ:
[58] Yɛate sɛ ɔka sɛ: Medwiriw asɔredan a wɔde nsa ayɛ yi, na nnansa mu mɛto bi a wɔamfa nsa anyɛ.
[59] Na ɛno ho mpo wɔn adanse no anhyia.
[60] Na ɔsɔfo panyin no sɔre gyinaa mfinimfini bisaa Yesu sɛ: Wummua bi? Ɛdɛn ho na eyinom di adanse tia wo yi?
[61] Nanso omuaa n’ano, na wammua bi. Na ɔsɔfo panyin no bisaa no bio, na osee no sɛ: Wone Kristo no, nea wohyira no no ba no anaa?
[62] Na Yesu kae sɛ: Mene no; na mubehu onipa ba no sɛ ɔte tumi nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum mu.
[63] Na ɔsɔfo panyin no sunsuanee ne ntade mu kae sɛ: Ɛdɛn hia na ehia yɛn adansefo bio?
[64] Moate n’abususɛm no; mudwen ho dɛn? Na wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ ɛsɛ sɛ owu.
[65] Na ebinom fii ase hinam ntasu guu no so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wosee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotɔre.
[66] Na Petro wɔ fam adiwo hɔ no, ɔsɔfo panyin no mmaawa mu biako bae,
[67] na ohuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa kae sɛ: Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!
[68] Na ɔsanee sɛ: Minnim na mente nea woka yi ase po. Na ofii adi kɔɔ abrannaa no mu, na akokɔ bɔnee.
[69] Na abaawa no huu no bio, na ofii ase ka kyerɛɛ wɔn a wogyina hɔ no sɛ: Oyi fra wɔn mu bi.
[70] Na ɔsanee bio. Na ɛkyɛe kakra no, wɔn a wogyina hɔ no ka kyerɛɛ Petro bio sɛ: Ampa wofra wɔn mu; efisɛ woyɛ Galileani.
[71] Na ofii ase dii nsew, na ɔkekaa ntam sɛ: Minnim onipa a moreka ne ho asɛm yi.
[72] Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa. Na ne werɛ howee pii, na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so ma osui!