[1] Na wɔbɛn Yerusalem, Betfage ne Betania wɔ Ngo Bepɔw ho no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu,
[2] na osee wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase! Na mudu hɔ pɛ a, mubehu afurum ba a wɔasa no hama a onipa biara ntenaa no so da. Monsan no mfa no mmra!
[3] Na sɛ obi se mo sɛ: Adɛn na moyɛ eyi a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma wɔde no aba ha.
[4] Na wɔkɔe kohuu afurum ba no sɛ ɔsa ɔpon ano wɔ mfikyiri, abɔnten, na wɔsan no.
[5] Na wɔn a wogyina hɔ no mu bi see wɔn sɛ: Moresan afurum ba no ayɛ dɛn?
[6] Na asuafo no buaa wɔn sɛnea Yesu kae no, na wɔmaa wɔn kwan.
[7] Na wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu, na wɔde wɔn ntama guu no so; na ɔtenaa no so.
[8] Na nnipa bebree de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no so, na ebinom twitwaa nnubaa fii mfuw mu de sesɛw ɔkwan no so.
[9] Na wɔn a wodi anim ne wɔn a wodi akyiri teɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba!
[10] Nhyira ne yɛn agya Dawid ahenni a ɛreba no! Hosiana wɔ sorosoro!
[11] Na ɔhyɛn Yerusalem kɔɔ asɔrefi. Na ɔhwɛɛ nneɛma nyinaa na ade reyɛ asa no, ɔne dumien no fi kɔɔ Betania.
[12] Na ade kyee a wofi Betania reba no, ɔkɔm dee no.
[13] Na ohuu borɔdɔma bi wɔ akyiri sɛ nhaban wɔ so no, ɔkɔɔ hɔ sɛ ebia obehu biribi wɔ so anaa. Na oduu ho no, wanhu hwee sɛ ahaban nko ara; efisɛ borɔdɔma bere nnui ɛ.
[14] Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ: Obiara renni wo so aba bio da! Na n’asuafo no tee.
[15] Na woduu Yerusalem. Na ɔkɔhyɛn asɔrefi no, ofii ase pam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ ade asɔrefi hɔ; na obutuw sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua,
[16] na wamma kwan amma obiara ansoa ade amfa asɔrefi hɔ.
[17] Na ɔkyerɛkyerɛe see wɔn sɛ: Wɔnkyerɛwee sɛ wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi ama amanaman nyinaa? Na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon.
[18] Na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no tee, na wɔhwehwɛe sɛ wobekum no; nso wosuro no, efisɛ ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuw no nyinaa nwonwa.
[19] Na ade sae no, ofii kurom hɔ.
[20] Na anɔpatutu a wɔretwam no, wohui sɛ borɔdɔma no awu fi ne ntini ase.
[21] Na Petro kaee see no sɛ: Rabi, hwɛ, borɔdɔma a wodomee no no awu!
[22] Na Yesu bua see wɔn sɛ: Munnya Onyankopɔn mu gyidi!
[23] Na nokware mise mo sɛ, obiara a obese bepɔw yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe po mu na onnye akyinnye ne koma mu, na obegye adi sɛ nea ɔka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.
[24] Eyi nti mise mo sɛ: Ade biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mubenya, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.
[25] Na sɛ mugyina hɔ rebɔ mpae, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso akyɛ mo.
[26] [Na sɛ moamfa ankyɛ a, mo agya a ɔwɔ soro no nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.]
[27] Na wɔbaa Yerusalem bio. Na ɔnenam asɔrefi no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no baa ne nkyɛn,
[28] na wobisaa no sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi? Anaasɛ hena na ɔmaa wo tumi sɛ yɛ eyinom?
[29] Na Yesu see wɔn sɛ: Mebisa mo asɛm biako, na mummua me, na mɛkyerɛ mo tumi ko a mede yɛ eyinom:
[30] Yohane asubɔ no, efi soro anaasɛ efi nnipa? Mummua me!
[31] Na wɔdwennwene ho kae sɛ: Sɛ yɛka sɛ efi soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnne ɛdɛn nti na moannye no anni?
[32] Anaa yɛnka sɛ: Efi nnipa? Nanso wosuro nkurɔfokuw no; efisɛ nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifo ampa.
[33] Na wobua see Yesu sɛ: Yennim. Na Yesu see wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede yɛ eyinom menkyerɛ mo.