Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:47

[1] Na ɔsɔre fii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya noho; na nkurɔfo akuwakuw boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn bio, na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.

[2] Na Farisifo no ba bebisaa no sɛ ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ogyaa ne yere anaa? Wɔde resɔ no ahwɛ.

[3] Na obua see wɔn sɛ: Dɛn na Mose hyɛɛ mo no?

[4] Na wɔkae sɛ: Mose maa kwan sɛ ɔnkyerɛw awaregyae nhoma mma no na onnyaa no.

[5] Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mo komaden nti na ɔkyerɛw saa ahyɛde yi maa mo;

[6] na efi adebɔ mfiase no, ɔbarima ne ɔbea na Onyankopɔn bɔɔ wɔn.

[7] Eyi nti na ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho,

[8] na wɔn baanu akɔyɛ ɔhonam koro.

[9] Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu.

[10] Na ɔwɔ ofie no, n’asuafo no bisaa no asɛm no ara bio.

[11] Na osee wɔn sɛ: Obiara a obegyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforo no, na wasɛe aware ɔbea no fam,

[12] na sɛ ɔbea no nso gyaa ne kunu na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware.

[13] Na wɔde mmofra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so; na n’asuafo no kaa wɔn a wɔde wɔn bae no anim.

[14] Na Yesu hui no, anyɛ no abodwo, na osee wɔn sɛ: Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan; na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea.

[15] Nokware mise mo sɛ: Obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni sɛ abofra no, ɔrenkɔ mu koraa.

[16] Na ɔyɛɛ wɔn atuu de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.

[17] Na ofii adi kɔɔ ɔkwan so no, obi tutuu mmirika bɛkotow n’anim bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?

[18] Na Yesu see no sɛ: Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako, ɔne Nyankopɔn.

[19] Wunim mmara nsɛm no: Nni awu! Nsɛe aware! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Nsisi! Di w’agya ne wo na ni.

[20] Na osee no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, eyinom nyinaa mifi me mmofraase na midii so.

[21] Na Yesu hwɛɛ no dinn na ɔdɔɔ no, na osee no sɛ: Aka wo ade biako: Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafo, na wubenya agyapade ɔsoro; na bra bedi m’akyi.

[22] Na asɛm no nti omunae de awerɛhow kɔe; efisɛ na ɔwɔ ahonyade bebree.

[23] Ɛnna Yesu hwɛɛ ne ho hyiae see n’asuafo no sɛ: Sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu?

[24] Na ne nsɛm no yɛɛ asuafo no ahodwiriw. Na Yesu bua see wɔn bio sɛ: Mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn [a wɔde wɔn ho to ahonyade so] sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu?

[25] Ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.

[26] Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw boroo so, na wosisee wɔn ho sɛ: Ɛnne na hena na wobetumi agye no nkwa?

[27] Na Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae sɛ: Nnipa fam na entumi nyɛ, na ɛnyɛ Onyankopɔn fam, efisɛ Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ.

[28] Na Petro fii ase see no sɛ: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi.

[29] Na Yesu kae sɛ: Nokware mise mo sɛ, obi nni hɔ a wagyaw ofi, anaa nua mmarimanom, anaa nuammeanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti,

[30] na ɔrennya afi ne nuammarimanom ne nuammeanom ne ɛnanom ne mma ne nsaase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seisei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.

[31] Na adikanfo pii bɛka akyiri, na akyikafo abedi kan.

[32] Na wɔnam kwan so rekɔ Yerusalem; na Yesu di wɔn anim, na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na na wɔn a wodi n’akyi no suro. Na ɔfaa dumien no bio fii ase kaa nneɛma a ɛbɛba no so no kyerɛɛ wɔn sɛ:

[33] Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wobeyi onipa ba no ahyɛ asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo nsa, na wɔabu no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufo,

[34] na wɔagoru ne ho, na wɔatoto ntasu agu no so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa so wasɔre bio.

[35] Na Sebedeo mma Yakob ne Yohane baa ne nkyɛn besee no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ biribiara a yɛbɛsrɛ wo no, woyɛ ma yɛn.

[36] Na osee wɔn sɛ: Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo?

[37] Na wosee no sɛ: Nea yɛ ma yɛn ne sɛ: Ma yɛn mu biako ntena wo nifa, na obiako ntena wo benkum, w’anuonyam mu!

[38] Na Yesu see wɔn sɛ: Munnim nea mubisa. Mubetumi anom kuruwa a menom ano anaa mobɛma wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo?

[39] Na wosee no sɛ: Yebetumi. Na Yesu see wɔn sɛ: Kuruwa a menom ano no de, mobɛnom, na asubɔ a wɔde bɔ me no, wɔde bɛbɔ mo;

[40] na me nifa ne me benkum tena de, ɛnyɛ me de sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a wɔasiesie ama wɔn.

[41] Na edu no tee no, Yakob ne Yohane asɛm no anyɛ wɔn abodwo.

[42] Na Yesu frɛɛ wɔn bae na osee wɔn sɛ: Munim sɛ wɔn a wobu wɔn sɛ wodi wiase amanaman so no di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi.

[43] Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛse no, ɔbɛyɛ mo somfo,

[44] na obiara a ɔpɛ sɛ obedi mo kan no, ɔbɛyɛ mo nyinaa akoa.

[45] Na onipa ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.

[46] Na woduu Yeriko. Na ɔne n’asuafo no ne nkurɔfokuw bebree refi Yeriko akɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifuraefo no, te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.

[47] Na ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu Nasareni no, ofii ase teɛɛm sɛ: Dawid ba Yesu, hu me mmɔbɔ!

[48] Na nnipa pii kaa n’anim sɛ ommua n’ano; nanso ɔno de, ɔkɔɔ so teɛteɛɛm dennen sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ!

[49] Na Yesu gyina kae sɛ: Momfrɛ no! Na wɔfrɛɛ onifuraefo no see no sɛ: Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre, ɔrefrɛ wo!

[50] Na ɔtow ne ntama gui sɔre baa Yesu nkyɛn.

[51] Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na onifuraefo no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mihu ade!

[52] Na Yesu see no sɛ: Kɔ, wo gyidi agye wo! Na ntɛm ara ohuu ade, na odii n’akyi ɔkwan no so.

Asɛmpa No Sɛnea Marko Kyerɛw Mae — Chapters