[1] Na Farisifo ne kyerɛwfo no mu binom a wofi Yerusalem bae behyiaa ne nkyɛn.
[2] Na wohuu n’asuafo bi sɛ wɔde wɔn nsa fi, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohoro, redidi.
[3] (Na Farisifo ne Yudafo nyinaa, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa yiye a, wonnidi, efisɛ wokura mpanyimfo atetesɛm mu;
[4] na sɛ wofi gua so ba na wɔanhohoro wɔn ho a, wonnidi; na nneɛma pii keka ho a wogyei sɛ wobekura mu, nkuruwa ne nkuku ne kɔberesɛn ne adidii ntwerimu ho hohoro).
[5] Ɛnna Farisifo ne kyerɛwfo no bisaa no sɛ: Adɛn nti na w’asuafo no nni mpanyimfo atetesɛm so na wɔde nsa fi didi yi?
[6] Na obua see wɔn sɛ: Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfo ho nkɔm, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.
[7] Na wɔsɔre me kwa, na wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.
[8] Na moagyaw Onyankopɔn ahyɛde kura nnipa atetesɛm mu.
[9] Na osee wɔn sɛ: Moayɛ ade sɛ mokwae Onyankopɔn ahyɛde sɛ ɛbɛyɛ na mubedi mo atetesɛm so!
[10] Na Mose kae sɛ: Di w’agya ne wo na ni, ɛne: Nea ɔka n’agya anaa ne na ho asɛmmɔne no, owu na ma onwu!
[11] Na mo de, muse: Sɛ onipa bi ka kyerɛ n’agya anaa ne na sɛ: Ade a anka wode benya me ho mfaso no yɛ Korban (Ɛne sɛ, wɔde ma Onyankopɔn)
[12] ana momma ɔnyɛ biribi mma n’agya anaa ne na bio,
[13] na mode mo atetesɛm a mokyerɛ no sɛe Onyankopɔn asɛm no, na nneɛma a ɛte sɛ eyinom pii na moyɛ.
[14] Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ: Mo nyinaa muntie, na monte ase!
[15] Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ no mu a ebetumi agu ne ho fi.
[16] (Sɛ obi wɔ aso a ɔde betie a, ma ontie!)
[17] Na ofii nkurɔfokuw no nkyɛn baa fie no, n’asuafo no bisaa no ɛbɛ no ase.
[18] Na osee wɔn sɛ: Mo nso munni ntease sɛɛ? Munhu sɛ ade biara a efi onipa ho na ɛkɔ no mu no ntumi ngu ne ho fi anaa?
[19] Efisɛ ɛnkɔ ne komam, na mmom ɛkɔ ɔyafunu mu, na efi adi gu tiafi mu. (Ɔkaa eyi de tew aduan nyinaa ho).
[20] Na ɔkae sɛ: Nea efi onipa mu ba no, ɛno na egu onipa ho fi.
[21] Na nnipa mu, ne wɔn komam, na adwemmɔne fi ba: Aguamansɛm, awifosɛm, awudisɛm,
[22] ayerefasɛm, aniberesɛm, amumɔyɛ, nsisi, ahohwi, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.
[23] Nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na egu onipa ho fi.
[24] Na ɔsɔre fii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ ofi bi mu, na wampɛ sɛ obiara te; nanso wantumi anhintaw.
[25] Na amonom hɔ ara ɔbea bi a ne babea kumaa bi wɔ honhom fi tee ne nka no, ɔba bɛhwee ne nan ase;
[26] nso na ɔbea no yɛ Helani, na n’awo mu ɔyɛ Siro-Foinikeni; na ɔsrɛɛ no sɛ ontu honhommɔne no mfi ne babea no mu.
[27] Na osee no sɛ: Ma mma mmee ansa; na ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduan tow ma akraman mma.
[28] Na ɔbea no buaa see no sɛ: Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma a wɔwɔ ɔpon ase no nso di mmofra no mporoporowa no bi!
[29] Na Yesu see no sɛ: Asɛm yi nti kɔ! Honhommɔne no afi wo babea no mu.
[30] Na ɔkɔɔ ne fi no, okohui sɛ honhommɔne no afi kɔ, na ne babea no da mpa so.
[31] Na ofii Tiro ahye so nam Sidon baa Galilea po ho faa Dekapoli ahye so.
[32] Na wɔde ɔsotifo bi a ɔpo dodow brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nto no so.
[33] Na Yesu faa no fii nkurɔfokuw no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsatea hyehyɛɛ n’asom, na ɔtoo ntasu de kaa ne tɛkrɛma,
[34] na ɔhwɛɛ ɔsoro guu ahome, na osee no sɛ: Efata! Ɛne sɛ: Bue!
[35] Na n’aso buei, na ne tɛkrɛma hama no sanee ntɛm ara, na otumi kasae.
[36] Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso mpɛn dodow a ɔkɔ so bra wɔn no, na wɔkɔ so pae mu ka.
[37] Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw boroo so, na wɔkae sɛ: Wayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo te asɛm, na ɔma mumu kasa.