[1] Na woduu ɛpo no agya, Gerasafo asase so.
[2] Na ofii ɔkorow mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi fi aboda mu wɔ asiei hyiaa no;
[3] ɔno na ɔde aboda no mu ayɛ ne tenabea. Na obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn po nkyekyere no,
[4] na wɔtaa de no to mpokyerɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, nanso ɔtetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no bubu mpokyerɛ no; na obiara ntumi nnwudwo no.
[5] Na daa, anadwo ne awia, ɔwɔ aboda mu ne mmepɔw so teɛteɛm, na ɔde abo atwitwa ne ho.
[6] Na ohuu Yesu wɔ akyirikyiri no, otutuu mmirika bɛkotow no,
[7] na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Dɛn na me ne wo Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ba, wɔ yɛ? Medɔ Onyankopɔn sɛ: Nhaw me?
[8] Efisɛ wase no sɛ: Wo honhom fi, fi onipa no mu!
[9] Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na obuae sɛ: Me din de Ɛdɔm, efisɛ yɛyɛ bebree.
[10] Na ɔsrɛɛ no pii sɛ ɔmmpam no mmfi asase no so.
[11] Nso na mprakokuw pii wɔ bepɔw no ho hɔ redidi.
[12] Na ahonhommɔne no nyinaa srɛɛ no sɛ: Pam yɛn kɔ mprako no mu, na yɛnkɔhyɛn wɔn mu!
[13] Na ɔmaa wɔn kwan. Na ahonhom fi no fii adi kɔhyɛn mprako no mu, na kuw no nyinaa bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu ɛpo no mu; nso wɔbɛyɛ sɛ mpennu, na wɔn mu tetewee wuwui ɛpo no mu.
[14] Na wɔn a wɔhwɛ mprako no guanee, na wɔkɔkae kurow no mu ne nkuraa no ase. Na wofii adi sɛ wɔrekɔhwɛ nea aba no.
[15] Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu nea honhommɔne a ɔde ɛdɔm wɔ no so sɛ ɔte hɔ fura ntama, na n’adwenem atew no; wosuroe.
[16] Na wɔn a wohui no kaa nea ɛyɛɛ nea honhommɔne wɔ no so no ne mprako no ho asɛm no kyerɛɛ wɔn.
[17] Na wofii ase srɛɛ no sɛ omfi wɔn asase so nkɔ.
[18] Na osii ɔkorow no mu no, nea anka honhommɔne wɔ no so no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn.
[19] Nanso Yesu amma no kwan, na osee no sɛ: Kɔ wo fi, w’abusuafo nkyɛn, na kɔka nneɛma a Awurade ayɛ ama wo ne mmɔbɔ a wahu wo no kyerɛ wɔn!
[20] Na osiim kɔe, na okofii ase kaa nneɛma akɛse a Yesu yɛ maa no no wɔ Dekapoli; na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa.
[21] Na Yesu tenaa ɔkorow no mu twaa po no baa asuogya bio no, nkurɔfokuw pii behyiaa ne nkyɛn; na ɔwɔ mpoano.
[22] Na hyiadan mu panyin biako a wɔfrɛ no Yairo bae, na ohuu no no, ɔhwee ne nan ase;
[23] na ɔsrɛɛ no pii sɛ: Me babea rewu, na bra na fa wo nsa begu no so, na ne ho nyɛ no den, na onnya nkwa.
[24] Na ɔne no siim kɔe; na nkurɔfokuw pii dii n’akyi, na wɔkyeree no so.
[25] Na ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien,
[26] na wahu amane pii ayaresafo bebree nsam, na wahwere n’ahode nyinaa, na anyɛ no yiye biara, na mmom ɛkɔɔ so no,
[27] tee Yesu nka no, obefii n’akyi nkurɔfokuw no mu, de ne nsa bɛkaa n’atade.
[28] Na ɔkae se: Sɛ mede me nsa meka n’atade nko a, me ho bɛyɛ me den.
[29] Na ntɛm ara na mogya a etu no no twae, na ɔtee ne honam mu sɛ ne yare no agyae.
[30] Na ntɛm ara Yesu hui ne mu sɛ ahoɔden bi afi ne mu, na ɔdan ne ho nkurɔfokuw no mu kae sɛ: Ɛhena na ɔde ne ho kaa m’atade?
[31] Ɛnna n’asuafo no see no sɛ: Woahu sɛ nkurɔfokuw no kyere wo so, na wuse: Hena na ɔde ne ho kaa me?
[32] Na otwaa n’ani sɛ obehu nea ɔyɛɛ ade no.
[33] Na ɔbea no nim nea ayɛ wɔ ne mu nti, ɔde suro ne ahopopo bae bɛkotow n’anim, na ɔkaa ne nokware nyinaa kyerɛɛ no.
[34] Na osee no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo; kɔ asomdwoe mu, wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den!
[35] Ogu so rekasa no, wofi hyiadan mu panyin no fi bae bɛkae sɛ: Wo babea no awu; adɛn na woda so haw ɔkyerɛkyerɛfo no?
[36] Na Yesu tee asɛm a wɔreka no, osee hyiadan mu panyin no sɛ: Nsuro, na gye di ara!
[37] Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro ne Yakobo, ne Yakob ne nua Yohane.
[38] Na oduu hyiadan mu panyin no fi no, obehuu nnipa a wɔreyɛ gyegyeegye ne wɔn a wɔresu na wɔreyɛ hoo pii.
[39] Na ɔhyɛn hɔ no, obisaa wɔn sɛ: Adɛn na moreyɛ gyegyeegye na moresu? Abofra no nwui, wada.
[40] Na wɔserew no. Na Yesu pam wɔn nyinaa, na ɔfaa abofra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ nea abofra no da hɔ.
[41] Na osoo abofra no nsa see no sɛ: Talita, kuum! Ase ne sɛ: Abeawa, mise wo sɛ, Nyan!
[42] Na ntɛm ara abeawa no sɔree na ɔnantewee; (na wadi mfirihyia dumien). Na wɔn ho dwiriw wɔn kɛse.
[43] Na ɔhyɛɛ wɔn dennennen sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkae sɛ wɔmma no biribi nni.