[1] Na ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa adwodwo,
[2] na wɔtɛw no sɛ ɔbɛsa no yare homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.
[3] Na osee onipa a ne nsa adwodwo no sɛ: Sɔre gyina mfinimfini!
[4] Na obisaa wɔn sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa anaa bɔne homeda? Sɛ wogye obi nkwa anaasɛ wokum no? Na wɔyɛɛ komm.
[5] Na ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden nti ɛyɛɛ no yaw, na osee onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe; na ne nsa no san yɛɛ yiye.
[6] Na Farisifo no fii adi no, ntɛm ara wɔne Herodefo kotuu ne ho agyina sɛnea wobɛsɛe no.
[7] Na Yesu ne n’asuafo no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuw pii fi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wofi Yudea,
[8] Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipa kuw pii a wɔtee nneɛma a ɔyɛe no baa ne nkyɛn.
[9] Na osee n’asuafo no sɛ, nkurɔfokuw no nti ɔkorow ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere no so.
[10] Na ɔsaa nnipa pii yare nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree no so sɛ wobesuso no mu.
[11] Na ahonhom fi nso hu no a, wɔhwehwe ase n’anim, na wɔteɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no.
[12] Na ɔbraa wɔn ketee sɛ wonnyi no nkyerɛ.
[13] Na ɔkɔɔ bepɔw so; na ɔfrɛɛ wɔn a ɔno ara pɛ, na wɔbaa ne nkyɛn.
[14] Na oyii wɔn mu dumien sɛ wɔnka ne ho na ɔnsoma wɔn asɛnka,
[15] na wɔanya ahonhommɔnetu so tumi.
[16] Na oyii dumien no, na ɔtoo Simon din Petro;
[17] Sebedeo ba Yakobo, ne ne nua Yohane, na ɔtoo wɔn din Boanerges, ase ne ɔprannaa mma;
[18] ne Andrea ne Filipo ne Bartolomeo ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo ne Kanani Simon,
[19] ne Yuda Iskariot a oyii no mae no.
[20] Na ɔbaa fie. Na nkurɔfokuw behyiae bio a enti wɔantumi annidi po.
[21] Na n'abusuafo tee no, wofi bae sɛ wɔrebɛtwe no akɔ; efisɛ wɔkae sɛ: Ne tirim ka no.
[22] Na akyerɛwfo a wofi Yerusalem bae no kae sɛ: Ɔwɔ Beelsebub, na ahonhommɔne panyin so na ɔnam tu ahonhommɔne.
[23] Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebu mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan?
[24] Na sɛ ahenni bi ne ne ho di asi a, ahenni no ntumi nnyina.
[25] Na sɛ ofi bi ne ne ho di asi a, ofi no ntumi nnyina.
[26] Na sɛ Satan sɔre ɔno ara ne so, na ɔne ne ho di asi a, ɔrentumi nnyina, ɛnne na n’awiei ara nen.
[27] Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfow n’afide, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfo no kan, ansa na wafow ne fi nneɛma.
[28] Nokware mise mo sɛ, wɔde nnipa mma bɔne ne abususɛm a wɔbɛka nyinaa bekyɛ wɔn;
[29] na mmom nea ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no de, ɔrennya fakyɛ da, na daa afobu da no so.
[30] Efisɛ wɔkae sɛ: Ɔwɔ honhom fi.
[31] Ɛnna ne na ne ne nuanom ba begyinaa mfikyiri soma kɔɔ ne nkyɛn kɔfrɛɛ no.
[32] Na nkurɔfokuw tete ne ho. Na wosee no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina adihɔ rehwehwɛ wo.
[33] Na obuaa wɔn sɛ: Hena ne me na ne me nuanom?
[34] Na otwaa n’ani hwɛɛ wɔn a wɔtete ne ho no hyiae no, ɔkae sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom ni!
[35] Na obiara a ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, ɔno ara ne me nuammarima, ne me nuabea, ne me na.