Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:27

[1] Na nna bi akyi no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ ofie.

[2] Na nnipa pii behyiae a enti wɔansen abobow ano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn.

[3] Na wɔde obi a ɔyare mmubui a nnipa baanan so no brɛɛ no.

[4] Na esiane nkurɔfokuw no nti, na wontumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɔdan a ɔwɔ mu no so; na wotuu tokuru de kɛtɛ a obubuafo no da so no faa mu gyaagyaa no too mu.

[5] Na Yesu huu wɔn gyidi no, osee obubuafo no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

[6] Na kyerɛwfo a wɔtete hɔ no mu binom dwennwenee wɔn koma mu sɛ:

[7] Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hena na obetumi de bɔne akyɛ gye Onyankopɔn nko ara?

[8] Na ntɛm ara a Yesu hui ne honhom mu sɛ wɔdwennwene wɔn mu saa no, osee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwennwene eyinom mo koma mu?

[9] Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wobese obubuafo no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew.

[10] Na sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ onipa ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, osee obubuafo no sɛ:

[11] Mise wo sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi!

[12] Na ɔsɔree, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ fii wɔn nyinaa anim kɔe; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam kae sɛ: Yenhuu saa bi da!

[13] Na ofii adi bio kɔɔ mpoano; na nkurɔfo no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.

[14] Na ɔretwam no, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atowgyei, na Yesu see no sɛ: Di m’akyi! Na ɔsɔre dii n’akyi.

[15] Na ɛbae sɛ ɔte adidii ne fi no, towgyefo ne nnebɔneyɛfo bebree ne Yesu ne n’asuafo bɛtenaa adidii; na wɔn a wodi n'akyi no dɔɔso.

[16] Na kyerɛwfo a wofi Farisifo mu no hui sɛ ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi no, wobisaa n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi yi?

[17] Na Yesu tee no, osee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, enhia wɔn ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare no. Mammɛfrɛ treneefo na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.

[18] Na Yohane asuafo ne Farisifo redi mmuada; na nnipa bi bebisaa no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafo ne Farisifo asuafo di mmuada, na w’asuafo de, wonni mmuada?

[19] Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Ayeforokunu ne wɔn wɔ hɔ yi, ayeforohyia ahɔho no betumi adi mmuada anaa? Mmere dodow a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn no de, wɔrentumi nni mmuada.

[20] Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, ɛno mu na wobedi mmuada.

[21] Obi mfa ntama foforo sin ntaa atade dedaw mu; anyɛ saa a, ntaamu no tew fi mu, foforo no befi dedaw no mu, na ntetewee no ayɛ kɛse.

[22] Na obi mfa bobesa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, bobesa foforo no bɛpaepae nkotoku no, na bobesa no ahwiehwie agu, na nkotoku no nso asɛe. Na wɔde bobesa foforo gu nkotoku foforo mu.

[23] Na ɛbae sɛ ɔkɔfaa aburofuw bi mu homeda bi, na n’asuafo no rekɔ no, wofii ase pempan aburow mmɛtem no bi.

[24] Na Farisifo no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔyɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?

[25] Na osee wɔn sɛ: Monkenkan nea Dawid yɛe bere a ehiaa no na ɔkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?

[26] Sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi, ɔsɔfo panyin Abiatar bere so, na okodii kyerɛ abodoo a obiara nni ho kwan sɛ odi, gye asɔfo nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no?

[27] Na osee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ onipa.

[28] Na enti onipa ba no yɛ homeda nso wura.

Asɛmpa No Sɛnea Marko Kyerɛw Mae — Chapters