[1] Anuanom, sɛ obi yɛ bɔne na mokye no a, mo a moyɛ honhom mu nnipa no; ɛsɛ sɛ mokyerɛ onipa ko no na ɔfa ɔkwan pa no so; nanso, monhwɛ wie na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.
[2] Monsoa mo ho mo ho nnesoa abia. Sɛ moyɛ saa a, modi Kristo mmara no so.
[3] Sɛ obi fa ne ho sɛ ɔyɛ biribi, nanso ɔnse hwee a na ɔredaadaa ne ho.
[4] Yɛ wʼadwuma yie na woanya biribi agyina so de ahoahoa wo ho. Mfa wo ho ntoto afoforɔ ho;
[5] ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ obiara soa nʼadesoa.
[6] Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ wɔn Asɛmpa no tua wɔn akyerɛkyerɛfoɔ no ka.
[7] Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetweɛ. Deɛ onipa dua no, ɛno ara na ɔtwa.
[8] Sɛ modi mo akɔnɔ bɔne akyi a, ɛbɛwie mo ɔsɛeɛ, nanso sɛ mo ma Honhom no di mo so a, mobɛnya nkwa a enni awieɛ.
[9] Ne saa nti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, ɛfiri sɛ, sɛ yɛammrɛ a, berɛ bi bɛba a yɛbɛtwa nnɔbaeɛ no.
[10] Enti, mmerɛ dodoɔ a berɛ no wɔ hɔ ma yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titire no, wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidie mu no.
[11] Monhwɛ nsɛm akɛseɛ mmaako mmaako a mede mʼankasa me nsa atwerɛ abrɛ mo.
[12] Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho no ara na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma motwitwa twetia. Wɔyɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, Kristo asennua no nti wɔrentaa wɔn.
[13] Wɔn a wɔtwa twetia no mpo nni Mmara no so. Pɛ ara na wɔpɛ sɛ wɔtwa mo twetia sɛdeɛ ɛbɛyɔ a wɔbɛtumi ahoahoa wɔn ho wɔ twetiatwa no ho.
[14] Nanso, me deɛ, Awurade Yesu Kristo asɛnnua no nko ara na mede bɛhoahoa me ho; nʼasɛnnua no nti, wiase awu ama me na me nso mawu ama wiase.
[15] Sɛ obi atwa twetia anaa ɔntwaa twetia no nka hwee. Deɛ ɛho hia ne sɛ wobɛyɛ abɔdeɛ foforɔ.
[16] Wɔn a wɔdi saa mmara yi so wɔ wɔn asetena mu no, asomdwoeɛ ne mmɔborɔhunu nka wɔn; ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa.
[17] Asɛm a mede rewie ne sɛ: Obiara nha mʼadwene bio ɛfiri sɛ, atwã a ɛwɔ me honam ani no kyerɛ sɛ, meyɛ Yesu somfoɔ.
[18] Me nuanom, Awurade Yesu Kristo adom no nka mo nyinaa. Amen.