[1] Saa krataa yi firi Ɔsomafoɔ Paulo nkyɛn. Ɛnyɛ onipa biara na ɔpaa me sɛ ɔsomafoɔ, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no, na wɔpaa me sɛ ɔsomafoɔ.
[2] Me ne anuanom a wɔwɔ ha nyinaa, de kɔma Galati asafo ahodoɔ no nyinaa:
[3] Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
[4] Yɛn bɔne nti, Kristo yɛɛ ɔsetie maa yɛn Agya Nyankopɔn nam so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee yɛn firii bɔne a yɛwɔ mu nnɛ yi mu.
[5] Animuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen.
[6] Mo ho yɛ me nwanwa! Ɛnkyɛɛ koraa, morepa deɛ ɔnam Kristo adom so frɛɛ mo no akɔ asɛmpa foforɔ ho.
[7] Nokorɛm, asɛmpa foforɔ biara nni baabi, nanso meka ɛfiri sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a wɔredane mo adwene pɛ sɛ wɔsesa Kristo Asɛmpa no.
[8] Na sɛ yɛn, anaa ɔbɔfoɔ firi soro bɛka asɛmpa a nsonoeɛ da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.
[9] Yɛaka dada na mereti mu bio sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye atom no bɔ abira no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.
[10] Deɛ nnipa pene so na mereyɔ yi anaa? Dabi! Mepɛ deɛ Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɔ deɛ ɛsɔ nnipa ani? Sɛ megu so yɛ saa deɛ a, na menyɛ Kristo somfoɔ.
[11] Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfiri onipa hɔ.
[12] Me nsa anka amfiri onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.
[13] Moate sɛ na mesɛe mʼadagyeɛ nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei, moate nso sɛ na mede atirimuɔden taa Onyankopɔn akyidifoɔ na mefaa ɛkwan biara a mɛtumi so pɛɛ sɛ metɔre wɔn ase.
[14] Mʼafɛfoɔ Yudafoɔ no deɛ, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sene wɔn nyinaa. Na mekuta yɛn nananom amanneɛ nso mu dendeenden.
[15] Nanso, Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na berɛ no soo
[16] sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ Amanamanmufoɔ no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo;
[17] saa ara nso na mankɔ Yerusalem mankɔhunu asomafoɔ a na wɔdi mʼanim kan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ ɛnna mesane mʼakyi baa Damasko.
[18] Mfenhyia mmiɛnsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kɔdii nkɔmmɔ. Medii ne nkyɛn da du nna num.
[19] Manhunu ɔsomafoɔ biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho.
[20] Meka kyerɛ mo, Onyankopɔn anim sɛ deɛ meretwerɛ yi yɛ nokorɛ trodoo.
[21] Ɛno akyi, mebaa Siria ne Kilikia.
[22] Saa berɛ no na Kristo asafo hodoɔ a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me.
[23] Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei deɛ ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidie a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.”
[24] Na me nti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.