Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:52

[1] Ahofadie nti na Kristo ama yɛde yɛn ho no. Monnyina pintinn. Mommma ho kwan mma wɔmmfa mo nnyɛ nkoa bio.

[2] Montie! Me Paulo, meka mekyerɛ mo sɛ, sɛ moma ho kwan ma wɔtwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo ho amma mfasoɔ biara amma mo koraa.

[3] Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho kwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ ɔdi Mmara no nyinaa so.

[4] Mo a mopɛ sɛ wɔde Mmara no bu mo ben wɔ Onyankopɔn anim no ate mo ho afiri Kristo ho. Onyankopɔn adom no nni mo so bio.

[5] Nanso Honhom no ma yɛgye to mu sɛ, gyidie a yɛ wɔ wɔ Kristo mu nti Onyankopɔn bɛgye yɛn ato mu.

[6] Sɛ yɛne Kristo Yesu yɛ baako a, nsonoeɛ biara nna twetiatwa ne momonotoyɛ ntam. Deɛ ɛho hia ne gyidie a ɛnam ɔdɔ so di dwuma.

[7] Na anka moretu mmirika no yie! Na hwan na ɔmaa mogyaee nokorɛ no tie? Ɛkwan bɛn so na ɔfa daadaa mo?

[8] Saa nnaadaa no mfiri Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no.

[9] Wɔka sɛ, “Mmɔka kakraa bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu.”

[10] Meda so wɔ mo mu anidasoɔ. Bata a yɛde yɛn ho abata Awurade no, ma mehunu sɛ mobɛyɛ deɛ meka, na ɛnyɛ deɛ obi bɛka sɛ monyɛ. Obiara a ɔde ɔhaw bɛba mo so no, wɔbɛtwe nʼaso.

[11] Anuanom, sɛ megu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn nti na wɔda so taa me? Na sɛ ɛno na ɛyɛ nokorɛ a, anka mʼasɛm a meka fa Kristo asɛnnua ho no nkɔfa ɔhaw mma.

[12] Sɛ ɛkaa me nko a, anka wɔn a wɔha mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho.

[13] Me nuanom, mo deɛ, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso, mommma saa ahofadie yi nnyɛ anoyie a ɛbɛma mo nipadua no adi mo so, Mmom, momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho.

[14] Ɛfiri sɛ, Mmara no nyinaa tiawatwa kyerɛ sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”

[15] Na sɛ mokeka na mopirapira mo ho mo ho a, ɛnneɛ monhwɛ yie na moansɛesɛe mo ho mo ho.

[16] Asɛm a meka ne sɛ, momma Honhom no nni mo abrabɔ so, Mommma honam akɔnnɔ nnni mo so.

[17] Ɛfiri sɛ, deɛ honam pɛ no tia deɛ Honhom no pɛ; saa ara nso na deɛ Honhom no pɛ no, honam no tia. Wɔn baanu no yɛ atamfoɔ. Yei kyerɛ sɛ worentumi nyɔ deɛ wopɛ sɛ woyɔ.

[18] Sɛ Honhom no kyerɛ wo kwan a, na wonhyɛ Mmara ase.

[19] Dwuma a bɔne su di no da adi pefee. Yeinom ne adwamammɔ, ɛfi, ahohwie,

[20] abosonsom, adutoɔ, ɔtan, akayɛ ahoɔyea, abufuo, aperepereɛ, kunsumkunsum, mpaapaemu,

[21] nitan, nsaborɔ, agobɔne, ne nnoɔma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛdeɛ mabɔ mo bi dada no sɛ, wɔn a wɔtena ase saa no, renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.

[22] Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyerɛ, ayamyɛ, papayɛ, gyidie,

[23] ɔdwoɔ, anidahɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom.

[24] Na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asɛnnua mu.

[25] Onyankopɔn Honhom no ama yɛn nkwa, enti ɛsɛ sɛ yɛtie no.

[26] Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahantan, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuo anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho.

Galatifoɔ — Chapters