Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:16

[1] Mo Galatifoɔ adwenemherɛfoɔ! Hwan na ɔdanee mo adwene saa? Mo ara mo anim na wɔkyerɛkyerɛɛ bɔ a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam no kyerɛɛ mo.

[2] Mommua me saa asɛm yi: Moyɛɛ deɛ Mmara no hwehwɛ sɛ monyɔ ansa na Onyankopɔn Honhom no reba mo so? Anaasɛ motiee Asɛmpa no, gye diiɛ ansa?

[3] Saa na mo adwene mu yɛ herɛ? Mode Onyankopɔn Honhom firii aseɛ; afei mopɛ sɛ mode mo ara mo tumi wie?

[4] Mo suahunu yi nyinaa ho amma mfasoɔ biara? Mennye nni saa.

[5] Onyankopɔn de ne Honhom no ma mo na ɔyɛ anwanwadeɛ wɔ mo mu. Ɛyɛ mmara a modi so nti, anaasɛ te a moate Kristo ho asɛm na moagye no adi nti?

[6] Atwerɛsɛm no kaa Abraham ho asɛm sɛ, “Ɔgyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie nti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa tenenee.”

[7] Enti ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, nnipa a wɔwɔ gyidie no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo.

[8] Atwerɛsɛm no dii kan hunuu sɛ Onyankopɔn nam gyidie so bɛma Amanamanmufoɔ adane aba ne nkyɛn. Yei nti, Atwerɛsɛm no dii kan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam wo so Onyankopɔn bɛhyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”

[9] Abraham gye diiɛ, na wɔhyiraa no, na wɔn a wɔgye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛdeɛ wɔhyiraa no no.

[10] Wɔadome obiara a ɔpɛsɛ wɔgye no to mu na enti ɔdi mmara no so no.

[11] Afei, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ obiara mfa mmara no so die nsɔ Onyankopɔn ani. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wɔn a wɔn gyidie nti Onyankopɔn gye wɔn to mu no bɛtena ase.”

[12] Nanso, Mmara no nnyina gyidie so; ɛde nkwa hyɛ nnipa a wɔdt ne nhyehyɛeɛ so no bɔ.

[13] Nanso, Kristo agye yɛn afiri nnome a Mmara no de brɛɛ yɛn no mu, ɛfiri sɛ, wayɛ nnome ama yɛn sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a wɔbɛsɛn no dua so no hyɛ Onyankopɔn nnome ase.”

[14] Kristo gyee yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, nhyira a wɔhyiraa Abraham no nam Kristo so bɛba Amanamanmufoɔ so na yɛnam gyidie so anya bɔ a Honhom no ahyɛ yɛn no.

[15] Anuanom, mede yɛn asetena mu asɛm bi bɛyɛ nhwɛsoɔ: Sɛ nnipa baanu bi pene asɛm bi so na wɔyɛ ho apam a, obiara rentumi mmu apam no so na wɔrentumi mfa biribi nka ho.

[16] Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼaseni bɔ. Atwerɛsɛm no nka sɛ, “Wo ne wʼasefoɔ” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka sɛ, “Wo ne wʼaseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no.

[17] Mekyerɛ sɛ: Onyankopɔn yɛɛ apam na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛdi so. Mmara no ntumi nsesa anaa ɛrentumi ntwa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ mfenhyia ahanan ne aduasa ansa na wɔhyɛɛ Mmara no mu.

[18] Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de ma no gyina Mmara so a, ɛnneɛ na ɛmfiri ne bɔhyɛ no bio. Na ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no nti na ɔde maa Abraham no.

[19] Ɛnneɛ na Mmara no ho mfasoɔ ne sɛn? Wɔde maa akyire yi de kyerɛɛ sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ. Abɔfoɔ no de Mmara no maa Mose na ɔno nso de maa nnipa no

[20] Afei, ntamgyinafoɔ ho hia ma nnipa baanu anaa deɛ ɛboro saa, nanso Onyankopɔn amfa bɔhyɛ no amfa obiara so.

[21] Yei kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no anaa? Dabida! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a ɛtumi ma nnipa nkwa a, ɛnneɛ na onipa nam mmara so bɛtumi aka ne ho abata Onyankopɔn.

[22] Nanso, Atwerɛsɛm no aka sɛ, wiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase sɛdeɛ ɛbɛyɔ a akyɛdeɛ a wɔnam Yesu Kristo so hyɛɛ ho bɔ no, wɔde bɛma wɔn a wɔgye di no.

[23] Ansa na gyidie no reba no, Mmara no too yɛn mpɔkyerɛ kɔsii sɛ wɔbɛdaa gyidie no adi.

[24] Enti, Mmara no na ɛhyɛɛ yɛn so kɔsii sɛ Kristo baeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, wɔnam gyidie so bɛka yɛn abata Onyankopɔn ho.

[25] Afei a berɛ aduru sɛ yɛgye Kristo di no, Mmara no nni yɛn so tumi bio.

[26] Ɛnam gyidie so nti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abom no.

[27] Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu nti, moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so.

[28] Nsonoeɛ nna Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ, ne nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho, ne mmarima ne mmaa ntam. Kristo mu gyidie ma nyinaa yɛ pɛ.

[29] Enti sɛ moyɛ Kristo dea a, na moyɛ Abraham asefoɔ na mo nsa bɛka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no.

Galatifoɔ — Chapters